< Ruth 3 >

1 Naomi her mother-in-law said to her, "My daughter, shall I not seek rest for you, that it may be well with you?
Ɛda bi Naomi ka kyerɛɛ Rut sɛ, “Me babaa, ɛberɛ aduru sɛ mehwehwɛ fie a wobɛtena mu na wobɛnya deɛ ɛhia wo biara.
2 Now isn't Boaz our kinsman, with whose maidens you were? Look, he winnows barley tonight at the threshing floor.
Boas yɛ yɛn busuani pɛɛ na wayɛ adɔeɛ mmorosoɔ sɛ wama wo ne nʼadwumayɛfoɔ aboaboa atokoɔ ano. Anadwo yi, ɔbɛhuhu atokoɔ so wɔ ayuporobea hɔ.
3 Therefore wash yourself, anoint yourself, and put on your clothes, and go down to the threshing floor, but do not make yourself known to the man until he has finished eating and drinking.
Enti, yɛ deɛ merekyerɛ wo yi. Dware na tutu aduhwam gu wo ho na fa wo ntadeɛ pa bi hyɛ. Afei, kɔ ayuporobea hɔ, nanso mma Boas nhunu wo kɔsi sɛ ɔbɛdidi awie.
4 It shall be, when he lies down, that you shall notice the place where he lies, and you shall go in, and uncover his feet, and lie down; then he will tell you what you shall do."
Hwɛ na hunu baabi a ɔda hɔ yie, afei, kɔ na kɔyi ne nan ho akatasoɔ na da hɔ. Ɔbɛka deɛ ɔpɛ sɛ woyɛ akyerɛ wo.”
5 She said to her, "All that you say I will do."
Rut kaa sɛ, “Biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.”
6 She went down to the threshing floor, and did according to all that her mother-in-law told her.
Enti, ɔkɔɔ ayuporobea hɔ anadwo no, na ɔdii akwankyerɛ a nʼase de maa no no so.
7 When Boaz had eaten and drank, and his heart was merry, he went to lie down at the end of the heap of grain. She came quietly, uncovered his feet, and lay down.
Boas didi wieeɛ no a ne honhom aba ne ho no, ɔkyeaa ne ho too atokoɔ mmoano no ho, na ɔfaa mu daeɛ. Rut yɛɛ nwaa kɔyii ne nan ho akatasoɔ na ɔdaa hɔ.
8 It happened at midnight, that the man was startled and turned over; and look, a woman lay at his feet.
Anadwo dasuo mu no, Boas bɔɔ pitiri danee ne ho. Ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔhunuu sɛ ɔbaa da ne nan ase.
9 He said, "Who are you?" She answered, "I am Ruth your handmaid. Therefore spread the corner of your garment over your handmaid; for you are a redeeming kinsman."
Ɔbisaa sɛ, “Na hwan nie?” Ɔbuaa sɛ, “Ɛyɛ me wo ɔsomfoɔ Rut. Trɛ wo nkatasoɔ no mu kakra gu me so na woyɛ mʼabusua gyefoɔ.”
10 He said, "Blessed are you by YHWH, my daughter. You have shown more kindness in the latter end than at the beginning, inasmuch as you didn't follow young men, whether poor or rich.
Na Boas kaa sɛ, “Awurade nhyira wo, me babaa! Worekyerɛ abusua dɔ a ebi mmaa da sɛ woankɔdi aberantewaa bi akyi, sɛ ɔwɔ sika anaa ɔyɛ ohiani.
11 Now, my daughter, do not be afraid; I will do to you all that you say; for all the city of my people does know that you are a worthy woman.
Afei, me babaa, mma hwee nha wo. Mɛyɛ deɛ ɛho hia, ɛfiri sɛ, obiara a ɔwɔ kuro yi mu nim sɛ woyɛ ɔbaa a wodi wo ho ni.
12 Now it is true that I am a redeeming kinsman; however there is a redeemer closer than I am.
Nanso, akwansideɛ baako wɔ hɔ. Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ meyɛ mo abusua agyefoɔ mu baako deɛ, nanso, ɔbarima foforɔ bi wɔ hɔ a ɔyɛ obusuani nimpɔn sene me.
13 Stay this night, and it shall be in the morning, that if he will perform for you the part of a redeemer, well; let him do the redeemer's part. But if he will not do the part of a redeemer for you, then I will do the part of a redeemer for you, as YHWH lives. Lie down until the morning."
Tena ha anadwo yi na sɛ adeɛ kye a, me ne no bɛkasa. Sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛgye wo a, ɛnneɛ ma ho kwan na ɔnware wo. Na sɛ ɛnyɛ ne pɛ nso a, ɛnneɛ, ɛkwan biara so, sɛ Awurade te ase yi, mɛware wo! Enti da ha ma adeɛ nkye.”
14 She lay at his feet until the morning. She rose up before one could discern another. For he said, "Let it not be known that the woman came to the threshing floor."
Enti, Rut daa ne nan ho kɔsii adekyeeɛ nanso ɔsɔree ɛberɛ a na anim ayɛ hwanihwani no. Na Boas ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ obi hunu sɛ ɔbaa bi bɛdaa ayuporeeɛ ha.”
15 He said, "Bring the cloak that is on you, and hold it." She held it; and he measured six measures of barley, and laid it on her; and he went into the city.
Boas toaa so kaa sɛ, “Fa wʼatadeɛ ngugusoɔ no bra na trɛ mu.” Ɔsesaa atokoɔ no susukora nsia guu mu na ɔboaa no maa ɔde hyɛɛ nʼakyi. Na Boas sane kɔɔ kuro no mu.
16 When she came to her mother-in-law, she said, "How did it go, my daughter?" She told her all that the man had done to her.
Rut baa nʼase Naomi nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ, “Me babaa, ɛkɔsii sɛn?” Rut kaa biribiara a Boas yɛ maa no kyerɛɛ Naomi,
17 She said, "He gave me these six measures of barley; for he said to me, 'Do not go empty-handed to your mother-in-law.'"
na ɔtoaa so sɛ, “Ɔmaa me atokoɔ susukora nsia kaa sɛ, ‘Mfa nsapan nkɔ wʼase nkyɛn.’”
18 Then she said, "Wait, my daughter, until you know how the matter will fall; for the man will not rest, until he has finished the thing this day."
Afei, Naomi kaa sɛ, “Me ba, twɛn kɔsi sɛ wobɛhunu deɛ ɛbɛsi. Ɔbarima no renna so kɔsi sɛ ɔbɛwie dwumadie no. Ɔbɛma asi ɛnnɛ dua yi ara.”

< Ruth 3 >