< Psalms 99 >

1 YHWH reigns. Let the peoples tremble. He sits enthroned among the cherubim; the earth shakes.
Awurade di ɔhene, momma amanaman no ho mpopo; ɔte nʼahennwa so wɔ Kerubim ntam, ma asase nwoso.
2 YHWH is great in Zion. He is high above all the peoples.
Awurade a ɔwɔ Sion yɛ kɛseɛ; wɔama ne so wɔ amanaman nyinaa mu.
3 Let them praise your great and awesome name. He is Holy.
Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwanwa no. Ɔyɛ kronkron.
4 The King's strength also loves justice. You do establish equity. You execute justice and righteousness in Jacob.
Ɔhene no yɛ kɛseɛ, ɔdɔ atɛntenenee, woama pɛpɛyɛ atim; wayɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene wɔ Yakob mu.
5 Exalt YHWH our God. Worship at his footstool. He is Holy.
Momma Awurade, yɛn Onyankopɔn so na monsɔre no wɔ ne nan ntiasoɔ anim; ɔyɛ kronkron.
6 Moses and Aaron were among his priests, Samuel among those who call on his name; they called on YHWH, and he answered them.
Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfoɔ no ho, na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho; wɔfrɛɛ Awurade, na ɔgyee wɔn so.
7 He spoke to them in the pillar of cloud. They kept his testimonies, the statute that he gave them.
Ɔfiri omununkum dum mu kasa kyerɛɛ wɔn; wɔdii mmara ne ahyɛdeɛ a ɔmaa wɔn no so.
8 You answered them, YHWH our God. You are a God who forgave them, although you took vengeance for their doings.
Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn, wogyee wɔn so; woyɛɛ bɔnefakyɛ Onyankopɔn maa Israel, nanso wɔtwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho.
9 Exalt YHWH, our God. Worship at his holy mountain, for YHWH, our God, is holy.
Momma Awurade yɛn Onyankopɔn so na monsɔre no wɔ ne bepɔ kronkron no so, na Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ kronkron.

< Psalms 99 >