< Isaiah 66 >

1 Thus says YHWH, "Heaven is my throne, and earth is the footstool of my feet. Where then is the house you could build for me? And where then is the place of my rest?
Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Ɔsoro yɛ mʼahennwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ. Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me? Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me?
2 For all these things has my hand made, and so all these things came to be," says YHWH: "but to this man will I look, to him who is humble and of a contrite spirit, and who trembles at my word.
Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa, ɛna enti ɛbaa mu anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Obi a mʼani sɔ no nie: deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ ne ahonu honhom, na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho.
3 He who slaughters an ox is like one who strikes down a man; he who sacrifices a lamb, as he who breaks a dog's neck; he who offers an offering, as he who offers pig's blood; he who burns frankincense, as he who blesses an idol. Yes, they have chosen their own ways, and their soul delights in their abominations:
Nanso, obi a ɔde nantwinini bɔ afɔdeɛ no saa ɔnipa no afɔdeɛ te sɛ onipa a wɔakum no de no abɔ afɔdeɛ, na deɛ ɔde odwammaa ba no, saa onipa no afɔdeɛ te sɛ ɔkraman a wɔakum no de no abɔ afɔdeɛ; deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no saa onipa no afɔdeɛ te sɛ prako mogya a wɔde bɔ afɔdeɛ, deɛ ɔhye nnuhwam a ɛwɔ din no saa onipa no afɔdeɛ no te sɛ deɛ wɔde som ɔbosom. Wɔafa wɔn ankasa akwan na wɔn ɔkra ani gye wɔn akyiwadeɛ ho;
4 I also will choose their delusions, and will bring their fears on them; because when I called, no one answered; when I spoke, they did not listen; but they did that which was evil in my eyes, and chose that in which I did not delight."
enti me nso mɛpɛ aniɛyaadeɛ ayɛ wɔn na mede deɛ wɔsuro bɛba wɔn so. Ɛfiri sɛ mefrɛeɛ no, obiara annye so, mekasaeɛ no, obiara antie. Wɔyɛɛ bɔne wɔ mʼani so na wɔyɛɛ deɛ mempɛ.”
5 Hear the word of YHWH, you who tremble at his word: "Your brothers who hate you, who cast you out for my name's sake, have said, 'Let YHWH be glorified, that we may see your joy;' but it is those who shall be disappointed.
Montie Awurade asɛm, mo a mote nʼasɛm a mo ho popo: “Mo nuanom mmarimma a me din enti wɔtane mo na wɔatwa mo agya no, wɔka sɛ, ‘Monhyɛ Awurade animuonyam, na yɛahunu mo anigyeɛ!’ Nanso wɔn anim bɛgu ase.
6 A voice of tumult from the city, a voice from the temple, a voice of YHWH that renders recompense to his enemies.
Montie hooyɛ a ɛfiri kuropɔn no mu, montie gyegyeegye a ɛfiri asɔredan no mu! Ɛyɛ Awurade nnyegyeeɛ a ɔde retua nʼatamfoɔ ka sɛdeɛ ɛfata wɔn.
7 "Before she travailed, she brought forth; before her pain came, she delivered a son.
“Ansa na ɔbaa bɛkyem no, ɔwo; ansa na ɔbɛte awoɔyaa no, ɔwo ɔbabarima.
8 Who has heard such a thing? Who has seen such things? Shall a land be born in one day? Shall a nation be brought forth at once? For as soon as Zion travailed, she brought forth her children.
Hwan na wate biribi sei ho asɛm pɛn? Hwan na wahunu biribi sei pɛn? Wɔbɛtumi de da koro akyekyere ɔmansin anaa wɔbɛtumi akyekyere ɔman ɛberɛ sin bi mu? Nanso awoɔ ka Sion ara pɛ a ɔwo ne mma.
9 Shall I bring to the birth, and not cause to bring forth?" says YHWH: "shall I who cause to bring forth shut the womb?" says your God.
Mede obi bɛduru awokoɔ ano a memma no nwo anaa?” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mesi awotwaa ano ɛberɛ a awoɔ aduru so anaa?” Wo Onyankopɔn na ɔseɛ.
10 "Rejoice with Jerusalem, and be glad for her, all you who love her: rejoice for joy with her, all you who mourn over her;
Mo ne Yerusalem ani nnye na monni ahurisie mma no, mo a modɔ no nyinaa; mo ne no nsɛpɛ mo ho yie, mo a modi ne ho awerɛhoɔ nyinaa.
11 that you may nurse and be satisfied at the comforting breasts; that you may drink deeply, and be delighted with the abundance of her glory."
Mobɛnum nʼawerɛkyekyerɛ nufoɔ no amee; mobɛnom aboro so na mo ani bɛgye deɛ abu so atra so no ho.
12 For thus says YHWH, "Look, I will extend peace to her like a river, and the glory of the nations like an overflowing stream: and you will nurse. You will be carried on her side, and will be dandled on her knees.
Na yei ne deɛ Awurade seɛ: “Mede asomdwoeɛ bɛma no sɛ asubɔnten, ne amanaman no ahonya nso sɛ asutene a ayiri. Mobɛnum na waturu mo wɔ ne basa so na ɔbɛgye mo agorɔ wɔ nʼanankoroma so.
13 As one whom his mother comforts, so will I comfort you; and you will be comforted in Jerusalem."
Sɛdeɛ ɔbaa kyekye ne ba werɛ no saa ara na mɛkyekye mo werɛ; na mobɛnya awerɛkyekyerɛ wɔ Yerusalem.”
14 You will see it, and your heart shall rejoice, and your bones shall flourish like the tender grass: and the hand of YHWH shall be known toward his servants; and he will have indignation against his enemies.
Sɛ mohunu yei a, mo akoma ani bɛgye na mobɛyɛ frɔmm sɛ ɛserɛ; wɔbɛhunu Awurade nsa wɔ ne nkoa so, nanso wɔbɛhunu nʼabufuhyeɛ wɔ nʼatamfoɔ so.
15 For, look, YHWH will come with fire, and his chariots shall be like the whirlwind; to render his anger with fierceness, and his rebuke with flames of fire.
Hwɛ, Awurade de ogya reba, na ne nteaseɛnam te sɛ ntwahoframa; ɔde nʼabufuo bɛba wɔ anibereɛ so, na ɔde gyadɛreeɛ ayɛ nʼanimka.
16 For by fire will YHWH execute judgment, and by his sword, on all flesh; and the slain of YHWH shall be many.
Ogya ne nʼakofena na Awurade de bɛbu nnipa nyinaa atɛn, na wɔn a wɔbɛtotɔ wɔ Awurade nsa ano bɛyɛ bebree.
17 "Those who sanctify themselves and purify themselves to go to the gardens, behind one in the midst, eating pig's flesh, and the abomination, and the mouse, they shall come to an end together," says YHWH.
“Wɔn a wɔte wɔn ho na wɔdwira wɔn ho de kɔ nturo mu kɔsom abosom no, na wɔwe prakonam ne akusie ne nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ no, wɔn nyinaa bɛhunu wɔn awieeɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
18 "For I know their works and their thoughts. I am coming to gather all nations and languages; and they will come and see my glory.
“Esiane wɔn nneyɛɛ ne wɔn nsusuiɛ enti, me, mereba abɛboaboa amanaman ne kasa ahodoɔ ano, na wɔbɛba abɛhunu mʼanimuonyam.
19 "I will set a sign among them, and I will send such as escape of them to the nations, to Tarshish, Pul, and Lud, who draw the bow, to Tubal and Javan, to the islands afar off, who have not heard my fame, neither have seen my glory; and they shall declare my glory among the nations.
“Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi wɔ wɔn mu, na mede nkaeɛfoɔ no mu bi bɛkɔ amanaman no mu: Tarsis, Libiafoɔ ne Lidiafoɔ (wɔn a wɔagye edin wɔ agyantoɔ mu), Tubal ne Helafoɔ, ne nsupɔ a ɛwɔ akyirikyiri a wɔntee me din a ahyeta na wɔnhunuu mʼanimuonyam. Wɔbɛpae mu aka mʼanimuonyam wɔ amanaman mu.
20 They shall bring all your brothers out of all the nations for an offering to YHWH, on horses, and in chariots, and in litters, and on mules, and on dromedaries, to my holy mountain Jerusalem, says YHWH, as the children of Israel bring their offering in a clean vessel into the house of YHWH.
Na wɔde mo nuammarimanom nyinaa bɛfiri amanaman nyinaa so bɛba me bepɔ kronkron a ɛwɔ Yerusalem no so sɛ afɔrebɔdeɛ ama Awurade. Wɔtete apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfunumpɔnkɔ ne nyoma so bɛba,” sei na Awurade seɛ. “Wɔde wɔn bɛba sɛdeɛ Israelfoɔ de wɔn aduane afɔdeɛ kɔ Awurade asɔredan mu, wɔ afahyɛ nkuruwa a ɛho teɛ mu.
21 And I will also take some of them for myself as priests and Levites," says YHWH.
Na mɛyi wɔn mu bi ayɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ,” Awurade, na ɔseɛ!
22 "For as the new heavens and the new earth, which I will make, shall remain before me," says YHWH, "so your descendants and your name shall remain.
“Sɛdeɛ ɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ bɛtena hɔ no, saa ara na mo din ne mo asefoɔ bɛtena hɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
23 It shall happen, that from one new moon to another, and from one Sabbath to another, shall all flesh come to worship before me," says YHWH.
“Ɛfiri Ɔsrane Foforɔ baako kɔpem foforɔ, ɛfiri Homeda baako kɔsi foforɔ no, adasamma nyinaa bɛba abɛkoto me,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
24 "They shall go forth, and look on the dead bodies of the men who have transgressed against me: for their worm shall not die, neither shall their fire be quenched; and they will be loathsome to all mankind."
“Na wɔbɛfiri adi akɔhunu wɔn a wɔtee atua tiaa me no afunu; wɔn asonsono renwu, na wɔn ogya nso rennum, na wɔn ho bɛyɛ adasamma nyinaa nwunu.”

< Isaiah 66 >