< Genesis 9 >

1 God blessed Noah and his sons, and said to them, "Be fruitful, and multiply, and fill the earth.
Afei, Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mmammarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monwo, na monyɛ bebree nhyɛ asase so ma.
2 And the fear of you and the dread of you will be on every wild animal of the earth, and on every tame animal of the earth, and on every flying creature of the sky, and on everything that crawls on the ground, and on all the fish of the sea; into your power they are given.
Mo ho hu ne mo ho suro bɛtɔ mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa ne abɔdeɛ biara a wɔnam asase so ne nsuo mu mpataa nyinaa so. Wɔn nyinaa hyɛ mo nsa.
3 Every moving thing that lives will be food for you. As I gave the green plants, I now give you everything.
Biribiara a nkwa wɔ mu, na ɛkeka ne ho no bɛyɛ mo aduane. Sɛdeɛ mede nhahammono hyɛɛ mo nsa no, afei deɛ, mede biribiara ma mo.
4 But flesh with its life, its blood, you shall not eat.
“Nanso, ɛnsɛ sɛ mowe aboa a wɔntwaa ne mene mmaa ne mogya no nguiɛ no ɛnam.
5 And surely I will require a reckoning for your lifeblood; from every animal I will require it, and from humans. From every human being I will require it for the life of his fellow human being.
Wo nkwa deɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, mɛbisa ho akontabuo. Onipa a ɔkum ne yɔnko onipa no, mɛbisa no ho asɛm. Mpo, aboa biara a ɔbɛkum onipa no, mewɔ saa aboa no nso asɛmmisa. Mɛbisa onipa kra ho asɛm.
6 Whoever takes a human life, by a human will his life be taken, for God made humankind in his own image.
“Obiara a ɔhwie onipa mogya guo no, onipa so na wɔnam bɛhwie ɔno nso mogya aguo, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn no ara sɛso na ɔbɔɔ onipa.
7 And as for you, be fruitful and multiply, and increase abundantly on the earth, and subdue it."
Mo deɛ, monwo, na monyɛ bebree. Mo ase mfɛe asase so, na monnɔɔso.”
8 God spoke to Noah and to his sons with him, saying,
Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mmammarima a wɔka ne ho no sɛ,
9 "And as for me, look, I establish my covenant with you, and with your offspring after you,
“Ɛnnɛ, me ne mo ne mo asefoɔ a wɔbɛwo wɔn no
10 and with every living creature that is with you: the flying creatures, and the tame animals, and every wild animal of the earth with you, of all that go out of the ship.
ne abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a na wɔwɔ mo nkyɛn wɔ adaka no mu yɛ apam: nnomaa, nyɛmmoa ne wiram mmoa a wɔne mo firi adaka no mu no baeɛ nyinaa, ne abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ asase so.
11 I will establish my covenant with you; and all flesh will never again be cut off by the waters of the flood, neither will there ever again be a flood to destroy the earth."
Me ne mo yɛ mʼapam sɛ: Meremfa nsuyire nsɛe abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so. Saa ara nso na meremfa nsuyire nsɛe asase bio da.”
12 God said, "This is the sign of the covenant which I make between me and you and every living creature that is with you, for perpetual generations:
Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Yei ne apam a me, Onyankopɔn, ne mo ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu biara a wɔka mo ho no ne nkyirimma nyinaa reyɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ.
13 I set my rainbow in the cloud, and it will be a sign of the covenant between me and the earth.
Mato me nyankontɔn wɔ omununkum mu. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛbɛda me ne asase ntam.
14 It will happen, when I bring a cloud over the earth, that the rainbow will be seen in the cloud,
Ɛberɛ biara a mede omununkum bɛba asase ani, na sɛ nyankontɔn pue wɔ omununkum no mu a,
15 and I will remember my covenant, which is between me and you and every living creature of all flesh, and the waters will no more become a flood to destroy all flesh.
mɛkae mʼapam a ɛda me ne mo ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ahodoɔ no nyinaa ntam. Nsuyire a ɛbɛsɛe abɔdeɛ a nkwa wɔ mu no nyinaa remma da biara da bio.
16 The rainbow will be in the cloud. I will look at it, that I may remember the everlasting covenant between me and every living creature of all flesh that is on the earth."
Ɛberɛ biara a nyankontɔn bɛto wɔ omununkum mu no, mɛhunu, na makae apam a ɛwɔ hɔ daa a ɛda me, Onyankopɔn, ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ahodoɔ nyinaa a wɔwɔ asase yi so ntam no.”
17 God said to Noah, "This is the sign of the covenant which I have established between me and all flesh that is on the earth."
Enti, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ, “Yei ne apam a me ne abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a, wɔwɔ asase yi so ayɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ.”
18 The sons of Noah who came out of the ship were Shem, Ham, and Japheth. Ham is the father of Canaan.
Yeinom ne Noa mmammarima a wɔfiri adaka no mu baeɛ: Sem, Ham ne Yafet. Ham na ɔwoo Kanaan.
19 These were the three sons of Noah, and from them the whole earth was populated.
Yeinom ne Noa mmammarima. Wɔn mu na nnipa a, wɔahwete wɔ asase so nyinaa firi baeɛ.
20 Noah, a farmer, was the first to plant a vineyard.
Noa yɛ okuafoɔ a ɔdii ɛkan. Ɔyɛɛ bobefuo.
21 He drank of the wine and got drunk. He was uncovered within his tent.
Ɛda bi, ɔnom bobesa no bi boroeɛ, ma ɔdaa ne ntomadan mu adagya.
22 And Ham, the father of Canaan, saw his father naked and told his two brothers outside.
Ham a ɔwoo Kanaan no kɔtoo nʼagya Noa sɛ ɔda adagya. Ɔfirii hɔ no, ɔkɔbɔɔ ne nuammarima baanu no amaneɛ.
23 Shem and Japheth took a garment, and laid it on both their shoulders, went in backwards, and covered the nakedness of their father. Their faces were turned the other way, and they did not see their father's nakedness.
Enti, Sem ne Yafet faa atadeɛ de guu wɔn mmati so, kɔɔ nkyirinkyire de kɔkataa wɔn agya adagya so. Na wɔn ani nkyerɛ wɔn agya enti, wɔanhunu nʼadagya mu.
24 Noah awoke from his wine, and knew what his youngest son had done to him.
Ɛberɛ a Noa ani so tetee no, na ɔhunuu deɛ ne kaakyire no ayɛ no,
25 He said, "Canaan is cursed. He will be servant of servants to his brothers."
ɔkaa sɛ, “Nnome nka Ham asefoɔ a wɔyɛ Kanaanfoɔ. Wɔbɛyɛ wɔn nuanom mu nkoa mu nkoa.”
26 He said, "Blessed be the God of Shem. Let Canaan be his servant.
Noa kaa bio sɛ, “Me nhyira a ɛfiri Awurade, me Onyankopɔn, nkyɛn no nka Sem! Kanaan nyɛ Sem akoa.
27 May God enlarge Japheth. Let him dwell in the tents of Shem. Let Canaan be his servant."
Onyankopɔn ntrɛ Yafet ase ne nʼasase mu. Yafet ntena Sem ntomadan mu, na Kanaan nyɛ nʼakoa.”
28 Noah lived three hundred fifty years after the flood.
Nsuyire no akyiri no, Noa tenaa ase mfeɛ ahasa ne aduonum.
29 All the days of Noah were nine hundred and fifty years, then he died.
Noa dii mfeɛ aha nkron ne aduonum, ansa na ɔrewu.

< Genesis 9 >