< Galatians 2 >

1 Then after a period of fourteen years I went up again to Jerusalem with Barnabas, taking Titus also with me.
Me ne Barnaba san kɔɔ Yerusalem Mfe dunan akyi. Mede Tito nso kaa me ho.
2 I went up by revelation, and I explained to them the Good News which I preach among those who are not Jewish, but privately before those who were respected, for fear that I might be running, or had run, in vain.
Mekɔe, efisɛ Onyankopɔn na ɔdaa no adi kyerɛɛ me se menkɔ. Me ne mpanyimfo no yɛɛ nhyiamu wɔ kokoa mu kyerɛkyerɛɛ asɛmpa a meka kyerɛɛ amanamanmufo no kyerɛɛ wɔn. Na mempɛ sɛ mʼadwuma a mayɛ dedaw ne nea migu so reyɛ no yɛ ɔkwa.
3 But not even Titus, who was with me, being a Greek, was compelled to be circumcised.
Ɛwɔ mu sɛ me boafo Tito yɛ Helani de, nanso wɔanhyɛ no sɛ ontwa twetia.
4 This was because of the false brothers secretly brought in, who stole in to spy out our liberty which we have in Christ Jesus, that they might bring us into bondage;
Asɛm yi sii, efisɛ na anuanom bi a wɔnyɛ nokwafo awia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔrehwehwɛ ahofadi a yɛwɔ wɔ Kristo Yesu mu, na wɔde yɛn ayɛ nkoa.
5 to whom we gave no place in the way of subjection, not for an hour, that the truth of the Good News might continue with you.
Yɛamma wɔn mu kwan koraa, esiane pɛ a na yɛpɛ sɛ nokware a ɛwɔ Asɛmpa no mu no bɛtena mo mu no nti.
6 But from those who were reputed to be important (whatever they were, it makes no difference to me; God shows no favoritism between people)—they, I say, who were respected imparted nothing to me,
Sɛnea wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔyɛ atitiriw no te biara no, meka se minhu wɔn ntam nsonoe biara. Onyankopɔn nhwɛ nnipa ho mmu atɛn; saa mpanyimfo no mfaa adwene foforo biara mmɛkaa mʼasɛm no ho.
7 but to the contrary, when they saw that I had been entrusted with the Good News for the uncircumcision, even as Peter with the Good News for the circumcision
Na mmom wohuu sɛ Onyankopɔn de adwuma no ahyɛ me nsa sɛ menka Asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufo sɛnea ɔde adwuma no hyɛɛ Petro nsa sɛ ɔnka Asɛmpa no nkyerɛ Yudafo no ara pɛ.
8 (for he who appointed Peter to be an apostle of the circumcision appointed me also to the non-Jews);
Na Onyankopɔn a ɔnam Petro so yɛ adwuma sɛ Yudafo mu somafo no ara na ɔnam me so yɛ adwuma wɔ amanamanmufo mu, sɛnea Petro yɛ Yudafo mu adwuma no pɛ.
9 and when they perceived the grace that was given to me, James and Cephas and John, they who were reputed to be pillars, gave to me and Barnabas the right hand of fellowship, that we should go to the non-Jews, and they to the circumcised.
Yakobo, Petro ne Yohane a na wɔfa no sɛ wɔyɛ mpanyimfo no gye too mu se, Onyankopɔn ama me adwuma sononko bi sɛ minni, enti wokyiaa me ne Barnaba. Wɔpenee so se yɛnyɛ adwuma wɔ amanamanmufo no mu na wɔn nso wɔnyɛ adwuma wɔ Yudafo no mu.
10 They only asked us to remember the poor—which very thing I was also zealous to do.
Nea wɔkae ara ne sɛ yɛnkae ahiafo wɔ wɔn kuw no mu sɛnea mepɛ sɛ meyɛ no.
11 But when Cephas came to Antioch, I resisted him to his face, because he stood condemned.
Bere a Petro baa Antiokia no, mesɔre tiaa nea ɔreyɛ no mu wɔ bagua mu, efisɛ na ɔreyɛ mfomso.
12 For before some people came from James, he ate with those who were not Jewish. But when they came, he drew back and separated himself, fearing those who were of the circumcision.
Ansa na mmarima bi a Yakobo somaa wɔn no beduu hɔ no, na Petro ne anuanom amanamanmufo no to nsa didi. Nanso akyiri a nnipa no bedui no, ɔtwee ne ho a ɔne wɔn annidi bio, efisɛ na osuro wɔn a wɔpɛ sɛ wotwa amanamanmufo twetia no.
13 And the rest of the Jewish believers joined him in his hypocrisy; so that even Barnabas was carried away with their hypocrisy.
Anuanom Yudafo a wɔaka no yɛɛ sɛ ahufo de wɔn ho bɔɔ Petro maa Barnaba nso de ne ho kɔbataa wɔn.
14 But when I saw that they did not walk uprightly according to the truth of the Good News, I said to Cephas before them all, "If you, being a Jew, live as the non-Jews do, and not as the Jews do, how can you compel the non-Jews to live as the Jews do?
Mihuu sɛ nea wɔreyɛ no ne Asɛmpa no bɔ abira no, mekaa wɔ Petro ne bagua no anim se, “Woyɛ Yudani a mprempren wunni Yudafo amanne so bio. Adɛn nti na wohyɛ amanamanmufo sɛ wonni Yudafo amanne so?
15 "We, being Jews by birth, and not non-Jewish sinners,
“Yɛn a yɛyɛ Yudafo fi yɛn awo mu a yɛnyɛ amanamanmufo nnebɔneyɛfo no
16 yet knowing that no one is justified by the works of the law but through faith in Jesus Christ, even we believed in Christ Jesus, that we might be justified by faith in Christ, and not by the works of the law, because no flesh will be justified by the works of the law.
nim sɛ ansa na obi bedi bem wɔ Onyankopɔn anim no, na gye sɛ wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ nea mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛnea yɛnam so bedi bem wɔ Onyankopɔn anim; efisɛ ɛnam gyidi so na wobebu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara no apɛde a yɛyɛ no so.
17 But if, while we sought to be justified in Christ, we ourselves also were found sinners, is Christ a servant of sin? Certainly not.
“Sɛ yɛpɛ sɛ wobu yɛn bem wɔ Kristo mu na sɛ ɛda adi sɛ yɛn nso yɛyɛ nnebɔneyɛfo a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo pene bɔne so? Ɛnte saa koraa.
18 For if I build up again those things which I destroyed, I prove myself a law-breaker.
Na sɛ mifi ase yɛ nea magyae a, na ɛkyerɛ sɛ meyɛ mmaratofo.
19 For I, through the law, died to the law, that I might live to God.
“Efisɛ mpɛn dodow a mepɛɛ sɛ medi mmara no so no, mmara no buu me fɔ. Mmara no ankasa akum me. Ɛno nti minni mmara no tumi ase bio, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛtena ase ama Onyankopɔn mmom. Wɔabɔ me ne Kristo asennua mu,
20 I have been crucified with Christ, and it is no longer I that live, but Christ living in me. That life which I now live in the flesh, I live by faith in the Son of God, who loved me, and gave himself up for me.
enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu mprempren yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidi mu.
21 I do not make void the grace of God. For if righteousness is through the law, then Christ died for nothing."
Mempo Onyankopɔn adom no. Sɛ onipa nam Mmara so fata Onyankopɔn anim a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo wu a owui no yɛ ɔkwa.”

< Galatians 2 >