< Ezekiel 3 >

1 He said to me, "Son of man, eat that which you find. Eat this scroll, and go, speak to the house of Israel."
Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, di deɛ wohunu wɔ wʼanim no, di saa nwoma mmobɔeɛ yi, na afei kɔ na kɔkasa kyerɛ Israelfoɔ.”
2 So I opened my mouth, and he caused me to eat the scroll.
Enti mebuee mʼanom na ɔde nwoma mmobɔeɛ no maa me diiɛ.
3 He said to me, "Son of man, cause your belly to eat, and fill your belly with this scroll that I give you." Then I ate it; and it was as sweet as honey in my mouth.
Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, di saa nwoma mmobɔeɛ a mede rema wo yi. Fa hyɛ wo yafunu ma.” Enti mediiɛ, na na ɛyɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ mʼanom.
4 He said to me, "Son of man, go to the house of Israel, and speak my words to them.
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, afei kɔ Israelfoɔ hɔ kɔka me nsɛm kyerɛ wɔn.
5 For you are not sent to a people of a strange speech and of a hard language, but to the house of Israel;
Ɛnyɛ nnipa bi a wɔn kasa mu nte anaa ɛyɛ dene nkyɛn na meresoma woɔ, mmom meresoma wo Israelfoɔ hɔ.
6 not to many peoples of a strange speech and of a hard language, whose words you can not understand. Surely, if I sent you to them, they would listen to you.
Ɛnyɛ nnipa bebree a wɔn kasa mu nteɛ na ɛyɛ den. Ɛnyɛ wɔn a wonte wɔn kasa ase nkyɛn. Ampa, sɛ mesomaa wo nnipa a wɔnte wo kasa a, anka wɔtiee wo.
7 But the house of Israel will not listen to you; for they will not listen to me: for all the house of Israel are obstinate and hard-hearted.
Nanso Israelfoɔ mpɛ sɛ wɔtie wo, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtie me. Israel nyinaa ayɛ akoma pirim ne asoɔden.
8 Look, I have made your face hard against their faces, and your forehead hard against their foreheads.
Ɛno enti, mɛma woayɛ asoɔden ne akomapirim te sɛ wɔn.
9 As an adamant harder than flint have I made your forehead. Do not be afraid of them, nor be dismayed at their looks, though they are a rebellious house."
Mɛyɛ wo aniɔden te sɛ ɛboɔ, deɛ ɛyɛ den sene twerɛboɔ. Nsuro wɔn, na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwom sɛ wɔyɛ atuatefoɔ deɛ.”
10 Moreover he said to me, "Son of man, all my words that I shall speak to you receive in your heart, and hear with your ears.
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, tie me nsɛm a meka kyerɛ wo no yie na dwene ho wɔ wʼakoma mu.
11 And go to the exiles, to the children of your people, and speak to them, and tell them, 'Thus says YHWH'; whether they will hear, or whether they will forbear.
Afei, kɔ wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nnommumfa mu na kasa kyerɛ wɔn. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ,’ sɛ wɔbɛtie oo, sɛ wɔrentie oo.”
12 Then the Spirit lifted me up, and I heard behind me the voice of a great rushing, saying, "Blessed be the glory of YHWH from his place."
Na Honhom no pagyaa me kɔɔ soro na metee sɛ nnyegyeeɛ denden bi reworo so wɔ mʼakyi sɛ, Nhyira nka Awurade animuonyam wɔ deɛ ɔteɛ hɔ!
13 I heard the noise of the wings of the living creatures as they touched one another, and the noise of the wheels beside them, even the noise of a great rushing.
Na ɛyɛ nnyegyeeɛ a ɛfiri ateasefoɔ no ntaban a ɛtwitwi ho ne ntwahonan a ɛwowɔ wɔn ho no. Nnyegyeɛ denden a ɛworo soɔ.
14 So the Spirit lifted me up, and took me away; and I went in bitterness, in the anger of my spirit; and the hand of YHWH was strong on me.
Honhom no pagyaa me kɔɔ soro de me kɔɔ baabi. Mekɔɔ no nwononwono mu ne honhom mu abufuo so, a na Awurade tumi yɛ kɛse wɔ me so.
15 Then I came to them of the exiles at Tel Aviv, that lived by the river Chebar, and to where they lived; and I sat there overwhelmed among them seven days.
Mebaa nnommumfoɔ a wɔtete Tel Abib a ɛbɛn Asubɔnten Kebar no nkyɛn. Na ɛhɔ, me ne wɔn tenaa nnanson, na me ho dwirii me.
16 It happened at the end of seven days, that the word of YHWH came to me, saying,
Nnanson akyi no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
17 "Son of man, I have made you a watchman to the house of Israel: therefore hear the word from my mouth, and give them warning from me.
“Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfoɔ ama Israel; ɛno enti tie asɛm a meka no, na bɔ wɔn kɔkɔ a ɛfiri me.
18 When I tell the wicked, 'You shall surely die'; and you give him no warning, nor speak to warn the wicked from his wicked way, to save his life; that wicked man shall die in his iniquity; but his blood will I require at your hand.
Sɛ meka kyerɛ omumuyɛfoɔ sɛ, ‘Ampa ara wobɛwu’ na sɛ woammɔ no kɔkɔ anaasɛ woankasa ankyerɛ no amma wantwe ne ho amfiri nʼakwammɔne ho annya nkwa a, saa omumuyɛfoɔ no bɛwu wɔ ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akonta.
19 Yet if you warn the wicked, and he doesn't turn from his wickedness, nor from his wicked way, he shall die in his iniquity; but you have delivered your soul.
Nanso sɛ wobɔ omumuyɛfoɔ no kɔkɔ na sɛ wansakyera amfiri nʼamumuyɛ anaa nʼakwammɔne ho a, ɔbɛwu wɔ ne bɔne mu, nanso na woagye wo ho nkwa.
20 "Again, when a righteous man does turn from his righteousness, and commit iniquity, and I lay a stumbling block before him, he shall die: because you have not given him warning, he shall die in his sin, and his righteous deeds which he has done shall not be remembered; but his blood will I require at your hand.
“Bio, sɛ ɔteneneeni dane firi tenenee ho kɔyɛ bɔne a, mede suntidua bɛto nʼanim ama no ahwe ase, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ enti, ɔbɛwu wɔ ne bɔne mu. Adetenenee ahodoɔ a ɔyɛeɛ no, wɔrenkae, na mɛma woabu ne mogya ho akonta.
21 Nevertheless if you warn the righteous man, that the righteous not sin, and he does not sin, he shall surely live, because he took warning; and you have delivered your soul."
Nanso sɛ wobɔ ɔteneneeni no kɔkɔ sɛ ɔnnyae bɔneyɛ na ɔgyae a, ɔbɛnya nkwa, ɛfiri sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ, na wo nso wobɛgye wo ho nkwa.”
22 The hand of YHWH was there on me; and he said to me, "Arise, go forth into the plain, and I will there talk with you."
Na Awurade tumi baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre na kɔ ɛserɛ no so, na ɛhɔ na mɛkasa akyerɛ wo.”
23 Then I arose, and went forth into the plain: and look, the glory of YHWH stood there, as the glory which I saw by the river Chebar; and I fell on my face.
Enti mesɔre kɔɔ ɛserɛ no so. Na Awurade animuonyam te sɛ deɛ mehunuu wɔ Asubɔnten Kebar ho no gyina hɔ, na mede mʼanim butuu fam.
24 Then the Spirit entered into me, and set me on my feet; and he spoke with me, and said to me, "Go, shut yourself inside your house.
Afei, Honhom no bɛhyɛɛ me mu na ɔpagyaa me gyinaa me nan so. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ na kɔto wo ho ɛpono mu wɔ wo efie.
25 But you, son of man, look, they shall lay bands on you, and shall bind you with them, and you shall not go out among them:
Na wo, onipa ba, wɔde ntampehoma bɛkyekyere wo sɛdeɛ worentumi mpue nkɔ nnipa no mu.
26 and I will make your tongue stick to the roof of your mouth, that you shall be mute, and shall not be to them a reprover; for they are a rebellious house.
Na mɛma wo tɛkrɛma atare wʼanomu sɛdeɛ wobɛmua wʼano a worentumi nka wɔn anim, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ
27 But when I speak with you, I will open your mouth, and you shall tell them, 'Thus says the Lord YHWH': He who hears, let him hear; and he who forbears, let him forbear: for they are a rebellious house.
Nanso sɛ mekasa kyerɛ wo a, mɛbue wʼano ama waka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie!’ Deɛ ɔbɛtie no, ma no ntie, na deɛ ɔmpɛ sɛ ɔtie no, mma no nntie; na wɔyɛ atuatefoɔ.

< Ezekiel 3 >