< Ezekiel 16 >

1 Again the word of YHWH came to me, saying,
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 "Son of man, cause Jerusalem to know her abominations;
“Onipa ba, fa akyiwadeɛ a Yerusalem yɛ no si nʼanim
3 and say, 'Thus says YHWH to Jerusalem: Your birth and your birth is of the land of the Canaanite; the Amorite was your father, and your mother was a Hethite.
na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Yerusalem: Wo nananom ne wʼawoɔ firi Kanaanfoɔ asase so; na wʼagya yɛ Amorini ɛnna wo maame nso yɛ Hetini.
4 As for your birth, in the day you were born your navel was not cut, neither were you washed in water to cleanse you; you weren't salted at all, nor swaddled at all.
Ɛda a wɔwoo wo no, wɔantwa wo funuma, na wɔamfa nsuo annware wo sɛ wo ho bɛte nso, wɔamfa nkyene ansra wo, na wɔamfa ntoma ankyekyere wo ho.
5 No eye pitied you, to do any of these things to you, to have compassion on you; but you were cast out in the open field, for that your person was abhorred, in the day that you were born.
Obiara anhunu wo mmɔbɔ, na obiara yam anhyehye no sɛ ɔbɛyɛ yeinom biara ama wo. Mmom wɔtoo wo twenee wiram, ɛfiri sɛ ɛda a wɔwoo woɔ no, wɔbuu wo animtiaa.
6 "'And I passed by you and saw you wallowing in your blood, and I said to you in your blood: 'Live.'
“‘Mebɛpuee wo so, na mehunuu sɛ worewɔ wo nan na woda mogya mu, na sɛdeɛ na woda hɔ no, meka kyerɛɛ wo sɛ, “Nya nkwa!”
7 I caused you to multiply as that which grows in the field, and you increased and grew great, and you attained to excellent ornament; your breasts were fashioned, and your hair was grown; yet you were naked and bare.
Mehwɛɛ wo ma wonyiniiɛ sɛ afifideɛ. Wonyiniiɛ, wofɛeɛ bɛyɛɛ abohemaa mu deɛ ne ho fɛ pa ara. Wo nufu bobɔeɛ na wo ho nwi fuiɛ, wo a na anka woda adagya.
8 "'Now when I passed by you, and looked at you, look, your time was the time of love; and I spread my skirt over you, and covered your nakedness: yes, I swore to you, and entered into a covenant with you,' says YHWH, 'and you became mine.
“‘Akyire yi mebɛpuee wo so, na mehwɛɛ woɔ na mehunuu sɛ woaso awadeɛ no, mede mʼatadeɛ fa bi kataa wʼadagya so. Mesuae kyerɛɛ wo na mene wo yɛɛ apam na wobɛyɛɛ me dea, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.
9 "'Then I washed you with water; yes, I thoroughly washed away your blood from you, and I anointed you with oil.
“‘Mede nsuo dwaree wo, na mehohoroo wo ho mogya na mede sradeɛ ahodoɔ srasraa wo.
10 I clothed you also with embroidered work, and shod you with sealskin, and I dressed you about with fine linen, and covered you with silk.
Mede atadeɛ a wɔanwono ano hyɛɛ wo, na mehyɛɛ wo mmoa wedeɛ mpaboa. Mede nwera papa firaa wo na mede ntadeɛ aboɔden guguu so.
11 I decked you with ornaments, and I put bracelets on your hands, and a chain on your neck.
Mede agudeɛ siesiee wo. Mede nkapo guu wʼabakɔn, mede kɔnmuadeɛ too wo kɔn mu,
12 I put a ring on your nose, and earrings in your ears, and a beautiful crown on your head.
na mede kawa hyɛɛ wo hwene mu, ɛnna mede asomuadeɛ hyɛɛ wʼasom na mebɔɔ wo abotire a ɛyɛ fɛ.
13 Thus you were decked with gold and silver; and your clothing was of fine linen, and silk, and embroidered work; you ate fine flour, and honey, and oil; and you were exceeding beautiful, and you prospered to royal estate.
Enti wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ siesiee wo. Wʼaduradeɛ yɛɛ nwera papa ne ntoma a ne boɔ yɛ den ne deɛ wɔadi mu adwini. Wʼaduane yɛɛ esiam papa, ɛwoɔ ne ngo. Wo ho yɛɛ fɛ na wobɛyɛɛ ɔhemmaa.
14 Your renown went forth among the nations for your beauty; for it was perfect, through my majesty which I had put on you,' says YHWH.
Na wʼahoɔfɛ enti, wo din hyetaa wɔ amanaman mu, ɛfiri sɛ animuonyam a mahyɛ wo no ma wʼahoɔfɛ no di mu, Awurade asɛm nie.
15 "'But you trusted in your beauty, and played the prostitute because of your renown, and poured out your prostitution on everyone who passed by; his it was.
“‘Nanso wʼahoɔfɛ enti, wogyee wo ho diiɛ na wode wo din a ahyeta no bɔɔ adwaman. Wogyaa wo ho maa obiara a ɔretwam na woyɛɛ wɔn adɔeɛ.
16 You took of your garments, and made for yourselves high places decked with various colors, and played the prostitute on them: the like things shall not come, neither shall it be so.
Wode wo ntadeɛ no bi kɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea hɔ hyirenn, ɛhɔ na wokɔbɔɔ adwaman. Ɛnsɛ sɛ nneɛma a ɛtete sei sisi koraa, na ɛnsɛ sɛ ɛba nso.
17 You also took your beautiful jewels of my gold and of my silver, which I had given you, and made for yourself images of men, and played the prostitute with them;
Afei wode wo nnwinneɛ fɛfɛ a mede maa wo no, deɛ mede sikakɔkɔɔ ne dwetɛ yɛeɛ no yɛɛ ahoni maa wo ho na wo ne wɔn bɔɔ adwaman.
18 and you took your embroidered garments, and covered them, and set my oil and my incense before them.
Wode wo ntadeɛ a wɔadi mu adwini hyehyɛɛ wɔn na wode me ngo ne nnuhwam brɛɛ wɔn.
19 My bread also which I gave you, fine flour, and oil, and honey, with which I fed you, you even set it before them for a pleasant aroma; and thus it was,' says YHWH.
Bio, aduane a mede maa woɔ no, esiam papa, ɛwoɔ ne ngo a mede maa wo sɛ di no, wode brɛɛ wɔn sɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyi hwa. Saa na ɛsiiɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
20 "'Moreover you have taken your sons and your daughters, whom you have borne to me, and you have sacrificed these to them to be devoured. Was your prostitution a small matter,
“‘Wofaa wo mmammarima ne wo mmammaa, a me ne wo woo wɔn no kɔbɔɔ afɔdeɛ sɛ aduane maa ahoni. Wʼadwamammɔ no nnɔɔso anaa?
21 that you have slain my children, and delivered them up, in causing them to pass through the fire to them?
Wokumm me mma de wɔn bɔɔ afɔdeɛ maa ahoni no.
22 In all your abominations and your prostitution you have not remembered the days of your youth, when you were naked and bare, and were wallowing in your blood.
Akyiwadeɛ a woyɛeɛ ne wʼadwamammɔ akyi no, woankae wo mmabunu ɛberɛ a na wo ho da hɔ na worewowɔ wo nan wɔ mogya mu no.
23 "'It has happened after all your wickedness, ("Woe, woe to you." says YHWH),
“‘Nnome! Nnome nka wo, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. Wʼamumuyɛ nyinaa akyi no,
24 that you have built for yourselves a vaulted place, and have made yourselves a lofty place in every street.
wosii banbɔ pie maa wo ho, na woyɛɛ abosonnan tentene wɔ adwabɔeɛ biara.
25 You have built your lofty place at the head of every way, and have made your beauty an abomination, and have opened your feet to everyone who passed by, and multiplied your prostitution.
Borɔno so baabiara wosisii abosonnan atentene, na wosɛee wʼahoɔfɛ ɛfiri sɛ honam akɔnnɔ bɔne enti wode wo ho maa obiara a ɔretwam.
26 You have also committed sexual immorality with the Egyptians, your neighbors, great of flesh; and have multiplied your prostitution, to provoke me to anger.
Wo ne Misraimfoɔ a honam akɔnnɔ ayɛ wɔn ma no bɔɔ adwaman, na wode honam akɔnnɔ bɔne hyɛɛ me abufuo.
27 See therefore, I have stretched out my hand over you, and have diminished your ordinary food, and delivered you to the will of those who hate you, the daughters of the Philistines, who are ashamed of your lewd way.
Enti metenee me nsa wɔ wo so na metee wʼahyeɛ so. Mede wo maa wʼatamfoɔ aniberefoɔ, Filistifoɔ mmammaa a wʼahohwi bra no yɛɛ wɔn nwanwa.
28 You have played the prostitute also with the Assyrians, because you were insatiable; yes, you have played the prostitute with them, and yet you weren't satisfied.
Wo ne Asiriafoɔ nso bɔɔ adwaman, ɛfiri sɛ biribiara mmee wo. Na ɛno akyi koraa woammee ara.
29 You have moreover multiplied your prostitution to the land of merchants, to Chaldea; and yet you weren't satisfied with this.
Afei wotoaa wo honam akɔnnɔ bɔne no so de Babilonia, a ɛyɛ adwadifoɔ asase kaa ho, nanso yei ammee wo ara.
30 "'How weak is your heart, says YHWH, since you do all these things, the work of an impudent prostitute;
“‘Wonni ahohyɛsoɔ koraa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, sɛ wotumi yɛ saa nneɛma yi nyinaa te sɛ odwamanfoɔ a nʼani nwu hwee.
31 in that you build your vaulted place at the head of every way, and make your lofty place in every street, and have not been as a prostitute, in that you scorn pay.
Wosisii banbɔ pie wɔ mmorɔno so na wosisii abosonnan atentene wɔ adwaberem biara, na wonsɛ odwamanfoɔ, ɛfiri sɛ wopoo akatua.
32 "'A wife who commits adultery, who takes strangers instead of her husband.
“‘Wo, ɔyere waresɛefoɔ, wopɛ ahɔhoɔ sene wo ara wo kunu!
33 They give gifts to all prostitutes; but you give your gifts to all your lovers, and bribe them, that they may come to you on every side for your prostitution.
Odwamanfoɔ biara gye akatua, nanso wodeɛ, wode nneɛma kyekyɛ wʼadɔfoɔ nyinaa de hyɛ wɔn afono mu sɛ, wɔmfiri baabiara mmra wo nkyɛn.
34 You are different from other women in your prostitution, in that no one follows you to play the prostitute; and whereas you give hire, and no hire is given to you, therefore you are different.'
Enti wʼadwamammɔ mu no wonte sɛ afoforɔ; obiara mma wo hɔ sɛ yɛ no adɔeɛ. Wo ne wɔn bɔ abira koraa, ɛfiri sɛ wotua ka na obiara mma wo hwee.
35 "Therefore, prostitute, hear the word of YHWH:
“‘Enti, wo odwamanfoɔ, tie Awurade asɛm!
36 Thus says YHWH, 'Because your filthiness was poured out, and your nakedness uncovered through your prostitution with your lovers; and because of all the idols of your abominations, and for the blood of your children, that you gave to them;
Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ. Esiane sɛ wohwie wʼahonya guiɛ na wodaa wʼadagya adi, wo ho a woma ɛyɛɛ wo dɛ dodo wɔ wo ne wʼadɔfoɔ nhyiamu, wʼahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ na afei wo mma mogya a wode maa wɔn no enti,
37 therefore see, I will gather all your lovers, with whom you have taken pleasure, and all those who you have loved, with all those who you have hated; I will even gather them against you on every side, and will uncover your nakedness to them, that they may see all your nakedness.
merebɛboaboa wʼadɔfoɔ a wode wɔn gyee wʼani nyinaa ano; wɔn a wodɔɔ wɔn ne wɔn a woampɛ wɔn. Mɛboaboa wɔn nyinaa ano atia wo afiri wo ho baabiara, na mɛpa wo ho wɔ wɔn anim, na wɔbɛhunu wʼadagya nyinaa.
38 I will judge you, as women who break wedlock and shed blood are judged; and I will bring on you the blood of wrath and jealousy.
Mede asotwe a wɔde ma mmaa awaresɛefoɔ ne mogya hwiegufoɔ bɛyɛ wʼatemmuo. Mede me mogya aweretɔ a ɛfiri mʼabufuhyeɛ ne me ninkunutweɛ abufuo mu bɛba wo so.
39 I will also give you into their hand, and they shall throw down your vaulted place, and break down your lofty places; and they shall strip you of your clothes, and take your beautiful jewels; and they shall leave you naked and bare.
Afei, mede wo bɛma wʼadɔfoɔ na wɔbɛbubu banbɔ pie a woahɔre, asɛe abosonnan atentene no. Wɔbɛpa wo ho ntoma. Wɔbɛfa wo nnwinneɛ fɛfɛ no, na wagya wo hɔ adagya mu.
40 They shall also bring up a company against you, and they shall stone you with stones, and thrust you through with their swords.
Wɔde nnipadɔm a wɔbɛsi wo aboɔ na wɔde wɔn akofena atwitwa wo mu nketenkete bɛba wo so.
41 They shall burn your houses with fire, and execute judgments on you in the sight of many women; and I will cause you to cease from playing the prostitute, and you shall also give no hire any more.
Wɔbɛhyehye wʼafie na wɔatwe wʼaso wɔ mmaa bebree anim. Mɛtwa wʼadwamammɔ no so na woagyae akatua a wotua wʼadɔfoɔ no.
42 So will I cause my wrath toward you to rest, and my jealousy shall depart from you, and I will be quiet, and will be no more angry.
Afei mʼabufuhyeɛ ano bɛdwo na me ninkunutweɛ abufuo no bɛfiri wo so. Mɛyɛ bɔkɔɔ na mebo remfu bio.
43 "'Because you have not remembered the days of your youth, but have raged against me in all these things; therefore, look, I also will bring your way on your head,' says YHWH: 'and you shall not commit this lewdness with all your abominations.
“‘Sɛ woankae wo mmabunu nna, na wode yeinom nyinaa hyɛɛ me abufuo enti, ɛkwan biara so mɛma deɛ woayɛ no abɔ wo tiri so, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. Woanyɛ nneɛma fi anka akyiwadeɛ no ho anaa?
44 "'Look, everyone who uses proverbs shall use this proverb against you, saying, "As is the mother, so is her daughter."
“‘Obiara a ɔbu bɛ no bɛbu saa bɛ yi afa wo ho: “Sɛdeɛ ɛna teɛ no saa ara na ne babaa teɛ.”
45 You are the daughter of your mother, who loathes her husband and her children; and you are the sister of your sisters, who loathed their husbands and their children: your mother was a Hethite, and your father an Amorite.
Wo maame sopaa ne kunu ne ne mma. Wo nso saa ara na woteɛ. Wote te sɛ wo nuanom mmaa a wɔsopaa wɔn kununom ne wɔn mma. Wo maame yɛ Hetini ɛnna wʼagya yɛ Amorini.
46 Your elder sister is Samaria, who dwells at your left hand, she and her daughters; and your younger sister, who dwells at your right hand, is Sodom and her daughters.
Na wo nuabaa panin ne Samaria a na ɔne ne mmammaa te wʼatifi fam, ɛnna wo nuabaa kumaa a ɔne ne mmammaa te wʼanafoɔ fam yɛ Sodom.
47 Yet have you not walked in their ways, nor done after their abominations; but, as if that were a very little thing, you were more corrupt than they in all your ways.
Woannante wɔn akwan mu, ansuasua wɔn akyiwadeɛ nko, na mmom, akwan nyinaa mu, wobɛyɛɛ porɔeɛ sene wɔn.
48 As I live,' says YHWH, 'Sodom your sister has not done, she nor her daughters, as you have done, you and your daughters.
Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, wo nuabaa Sodom ne ne mmammaa anyɛ deɛ wo ne wo mmammaa ayɛ no da.
49 "'Look, this was the iniquity of your sister Sodom: pride, fullness of bread, and prosperous ease was in her and in her daughters; neither did she strengthen the hand of the poor and needy.
“‘Yei ne bɔne a wo nuabaa Sodom yɛeɛ: Ɔno ne mmammaa yɛɛ ahantan. Wɔdidi traa so na hwee amfa wɔn ho, wɔammoa ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ.
50 They were haughty, and committed abomination before me. So I took them away, as you have seen.
Wɔyɛɛ ahomasoɔ ne akyiwadeɛ wɔ mʼanim. Ɛno enti meyii wɔn sii nkyɛn sɛdeɛ woahunu no.
51 Neither has Samaria committed half of your sins; but you have multiplied your abominations more than they, and have justified your sisters by all your abominations which you have done.
Samaria anyɛ bɔne a woyɛeɛ no mu fa. Woayɛ akyiwadeɛ a ɛboro deɛ wo nuammaanom no yɛeɛ no so koraa, na woama ayɛ sɛ wo nuammaa no tene, ɛsiane saa nneɛma a woayɛ no enti.
52 You also, bear you your own shame, in that you have given judgment for your sisters; through your sins that you have committed more abominable than they, they are more righteous that you: yes, be also confounded, and bear your shame, in that you have justified your sisters.
Gye wʼanimguaseɛ, ɛfiri sɛ woama wo nnuammaa adi bem. Wo bɔne mu yɛ duru sene wɔn deɛ, enti ayɛ sɛ wɔtene sene wo. Ɛnneɛ afei gye wʼanimguaseɛ na wama ayɛ sɛ wo nnuammaa tene.
53 "'I will turn again their captivity, the captivity of Sodom and her daughters, and the captivity of Samaria and her daughters, and the captivity of your captives in their midst;
“‘Nanso, mede Sodom siadeɛ ne ne mmammaa, Samaria siadeɛ ne ne mmammaa bɛma wɔn, na mede wo siadeɛ bɛka ho,
54 that you may bear your own shame, and may be ashamed because of all that you have done, in that you are a comfort to them.
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛgye wʼanimguaseɛ na wʼani bɛwu wɔ deɛ woayɛ de ama wɔn ahotɔ nyinaa ho.
55 Your sisters, Sodom and her daughters, shall return to their former estate; and Samaria and her daughters shall return to their former estate; and you and your daughters shall return to your former estate.
Na wo nuammaa Sodom ne ne mmammaa, Samaria ne ne mmammaa bɛsane akɔ wɔn tebea dada mu, na wo ne wo mmammaa nso bɛsane akɔ mo dada mu.
56 For your sister Sodom was not mentioned by your mouth in the day of your pride,
Anka woremmɔ wo nuabaa Sodom din wɔ wʼahohoahoa ɛda,
57 before your wickedness was uncovered, as at the time of the reproach of the daughters of Aram, and of all who are around her, the daughters of the Philistines, who do despite to you all around.
kɔsi sɛ wʼamumuyɛ ho daa hɔ. Ɛbɛsi ɛnnɛ Edom mmammaa bɔ wo ahohora, wɔne wɔn a atwa wɔn ho ahyia ne Filistifoɔ mmammaa, ɛne wɔn a atwa wo ho ahyia a wɔbɔ wo ahohora nyinaa.
58 You have borne your lewdness and your abominations, says YHWH.'
Deɛ ɛbɛfiri nneɛma fi a woyɛ ne wʼakyiwadeɛ mu aba no bɛda wo so, Awurade asɛm nie.
59 "For thus says YHWH: 'I will also deal with you as you have done, who have despised the oath in breaking the covenant.
“‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo bɛdi no sɛdeɛ ɛfata, ɛfiri sɛ woasɛe mʼapam de abu me ntam animtiaa.
60 Nevertheless I will remember my covenant with you in the days of your youth, and I will establish to you an everlasting covenant.
Nanso mɛkae apam a me ne wo yɛɛ wo mmabunu berɛ mu, na me ne wo bɛyɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.
61 Then you shall remember your ways, and be ashamed, when you receive your older and your younger sisters; and I will give them to you as daughters, but not by your covenant.
Afei wobɛkae wʼakwan na wʼani awu ɛberɛ a wo nsa aka wo nuammaa; wɔn a wɔanyini sene woɔ ne nkumaa nyinaa. Mede wɔn bɛma wo sɛ wo mmammaa, nanso ɛrennyina apam a me ne wo ayɛ no so.
62 I will establish my covenant with you; and you shall know that I am YHWH;
Enti me ne wo bɛyɛ apam na wobɛhunu sɛ mene Awurade.
63 that you may remember, and be confounded, and never open your mouth any more, because of your shame, when I have forgiven you all that you have done, says YHWH.'"
Afei sɛ meyɛ mpata ma wo wɔ deɛ woayɛ nyinaa ho a, wobɛkae na wʼani bɛwu na woremmue wʼano bio wɔ brɛ a wɔabrɛ wo ase enti, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’”

< Ezekiel 16 >