< Esther 6 >

1 On that night, the king couldn't sleep. He commanded the book of records of the chronicles to be brought, and they were read to the king.
Saa anadwo no, ɔhene no antumi anna, enti ɔmaa ɔsomfoɔ bi kɔfaa nʼahemman mu abakɔsɛm nkrataa baeɛ sɛ wɔnkenkan nkyerɛ no.
2 It was found written that Mordecai had told of Bigthana and Teresh, two of the king's eunuchs, who were doorkeepers, who had tried to lay hands on the King Achashyerosh.
Ɔhunuu sɛdeɛ Mordekai kɔdaa atirisopam bi adi, deɛ Bigtana ne Teres a na wɔyɛ apiafoɔ baanu a na wɔwɛn ɔhene no apono ano no pamee wɔ nkrataa no mu. Wɔpamm ɔhene no tiri so sɛ wɔbɛkum no.
3 The king said, "What honor and dignity has been bestowed on Mordecai for this?" Then the king's servants who attended him said, "Nothing has been done for him."
Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn akatua anaa nkaeɛ adeɛ bɛn na wɔde ama Mordekai wɔ yei ho?” Asomfoɔ no buaa sɛ, “Wɔnyɛɛ hwee mmaa no.”
4 The king said, "Who is in the court?" Now Haman had come into the outer court of the king's house, to speak to the king about hanging Mordecai on the gallows that he had prepared for him.
Ɔhene no bisaa sɛ, “Hwan na ɔhyɛ akyire hɔ adihɔ hɔ no?” Ɛbaa sɛ, na afei na Haman abɛduru ahemfie adihɔ a ɛwɔ akyire hɔ no a ɔrebɛka akyerɛ ɔhene no, na wasɛn Mordekai wɔ dua a wasi no so.
5 The king's servants said to him, "Look, Haman stands in the court." The king said, "Let him come in."
Nʼasomfoɔ no buaa ɔhene no sɛ, “Haman na ɔhyɛ hɔ.” Ɔhene no kaa sɛ, “Momfa no mmra mu.”
6 So Haman came in. The king said to him, "What shall be done to the man whom the king delights to honor?" Now Haman said in his heart, "Who would the king delight to honor more than myself?"
Enti, Haman kɔɔ mu, maa ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ mfa nhyɛ ɔbarima a nokorɛm, ɔsɔ mʼani no animuonyam?” Haman bisaa ne ho sɛ, “Hwan na ɔfata sɛ ɔhene hyɛ no animuonyam sene me?”
7 Haman said to the king, "For the man whom the king delights to honor,
Enti, ɔbuaa sɛ, “Sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ obi animuonyam a,
8 let royal clothing be brought which the king uses to wear, and the horse that the king rides on, and on the head of which a crown royal is set.
ɛsɛ sɛ ɔde nʼankasa ahentadeɛ mu baako ne nʼankasa pɔnkɔ a adehyeɛ nsɛnkyerɛnneɛ bɔ ne moma so ba.
9 And let the clothing and the horse be delivered to the hand of one of the king's most noble officials, and let him clothe the man whom the king delights to honor with them, and have him ride on horseback through the city square, and proclaim before him, 'Thus shall it be done to the man whom the king delights to honor.'"
Ka kyerɛ mmapɔmma no mu baako a ɔdi mu yie, na ɔmfa ahentadeɛ nhyɛ no, na ɔnni nʼanim mfa no mmra adwaberem hɔ a ɔte ɔhene no ankasa pɔnkɔ so. Ɛsɛ sɛ mmapɔmma no gye no akurum sɛ, ‘Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no!’”
10 Then the king said to Haman, "Hurry and take the clothing and the horse, as you have said, and do this for Mordecai the Jew, who sits at the King's Gate. Let nothing fail of all that you have spoken."
Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman sɛ, “Ɛyɛ koraa! Ka wo ho kɔfa ahentadeɛ no ne me pɔnkɔ no, na yɛ sɛdeɛ wopɛ sɛ woyɛ no ma Yudani Mordekai a ɔte ahemfie ɛpono ano no. Mma wo werɛ mfiri sɛ wobɛyɛ biribiara a woaka ho asɛm no.”
11 Then Haman took the clothing and the horse, and arrayed Mordecai, and had him ride through the city square, and proclaimed before him, "Thus shall it be done to the man whom the king delights to honor."
Enti, Haman faa ahentadeɛ no de hyɛɛ Mordekai, de no tenaa Ɔhene no ankasa pɔnkɔ so, de no kɔɔ kuro no adwaberem hɔ a na ɔpae di nʼanim sɛ, “Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no.”
12 Mordecai came back to the King's Gate, but Haman hurried to his house, mourning and having his head covered.
Akyire yi, Mordekai sane kɔɔ ahemfie hɔ ɛpono no ano, na Haman de ɔyea a ano yɛ den ne aniwuo yɛɛ ntɛm kɔɔ efie.
13 Haman recounted to Zeresh his wife and all his friends everything that had happened to him. Then his wise men and Zeresh his wife said to him, "If Mordecai, before whom you have begun to fall, is of Jewish descent, you will not prevail against him, but you will surely fall before him."
Ɛberɛ a Haman bɔɔ ne yere Seres ne ne nnamfonom nyinaa amaneɛ no, wɔkaa sɛ, “Esiane sɛ Mordekai a ɔguu wʼanim ase yi yɛ Yudani enti, nhyehyɛeɛ biara a wobɛyɛ atia no no renyɛ yie. Sɛ wotoa so tia no a, ɛbɛkɔ no bɔne ama wo.”
14 While they were yet talking with him, the king's eunuchs came, and hurried to bring Haman to the banquet that Esther had prepared.
Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, ɔhene apiafoɔ no baeɛ sɛ, wɔrebɛfa Haman akɔ Ɛster apontoɔ a wasiesie no ase.

< Esther 6 >