< Acts 1 >
1 The first account I wrote, Theophilus, concerned all that Jesus began both to do and to teach,
Mʼadamfo pa Teofilo, me nwoma a ɛdi ɛkan a metwerɛɛ wo no mu no, mekaa Yesu nnwuma a ɔyɛeɛ ne ne nkyerɛkyerɛ
2 until the day in which he was received up, after he had given commandment through the Holy Spirit to the apostles whom he had chosen.
kɔsi ɛberɛ a Onyankopɔn bɛfaa no kɔɔ ɔsoro no ho asɛm. Ansa na wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro no, ɔnam Honhom Kronkron tumi so kyerɛkyerɛɛ nʼasuafoɔ no.
3 To these he also showed himself alive after he suffered, by many proofs, appearing to them over a period of forty days, and speaking about God's Kingdom.
Ne wusɔreɛ akyi, ɔtenaa asase so adaduanan, yii ne ho adi mpɛn pii kyerɛɛ nʼasuafoɔ no de kyerɛɛ wɔn sɛ, ampa, ɔte ase. Ɔkaa Onyankopɔn Ahennie ho asɛm nso kyerɛɛ wɔn.
4 Being assembled together with them, he commanded them, "Do not depart from Jerusalem, but wait for the promise of the Father, which you heard from me.
Ɛda bi a ɔne wɔn redidi no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Mommfiri Yerusalem, na montwɛn akyɛdeɛ a mʼAgya ahyɛ mo ho bɔ a maka ho asɛm akyerɛ mo no.
5 For John indeed baptized in water, but you will be baptized in the Holy Spirit not many days from now."
Yohane de, ɔde nsuo na ɛbɔɔ asu, nanso mo de ɛrenkyɛre, wɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ mo asu.”
6 Therefore, when they had come together, they asked him, "Lord, are you now restoring the kingdom to Israel?"
Asuafoɔ no nyinaa ne Yesu hyiaa mu no, wɔbisaa no sɛ, “Awurade, berɛ yi mu na wode ahennie no bɛba Israel anaa?”
7 He said to them, "It is not for you to know times or seasons which the Father has set within his own authority.
Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛho nhia sɛ mobɛhunu ɛberɛ a Agya no nam ne tumi so ahyehyɛ ato hɔ no.
8 But you will receive power when the Holy Spirit has come upon you. You will be my witnesses in Jerusalem, in all Judea and Samaria, and to the farthest part of the earth."
Na sɛ Honhom Kronkron no ba mo so a, mobɛnya tumi na moayɛ mʼadansefoɔ wɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria kɔsi asase ano.”
9 When he had said these things, as they were looking, he was taken up, and a cloud took him out of their sight.
Ɔkasa wieeɛ no, asuafoɔ no hunuu no sɛ ɔnam omununkum mu rekɔ ɔsoro na wɔanhunu no bio.
10 While they were looking steadfastly into the sky as he went, look, two men stood by them in white clothing,
Wɔgu so rehwɛ ewiem no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa bɛgyinaa wɔn nkyɛn,
11 who also said, "You men of Galilee, why do you stand looking into the sky? This Jesus, who was received up from you into the sky will come back in the same way as you saw him going into the sky."
kaa sɛ, “Mo mmarima a mofiri Galilea, adɛn enti na mogyina ha rehwɛ ewiem? Yesu a wɔafa no afiri mo nkyɛn kɔ ɔsoro no, sɛdeɛ ɔsi kɔɔ ɔsoro no, saa ara na ɔbɛsane aba bio.”
12 Then they returned to Jerusalem from the mountain called Olivet, which is near Jerusalem, a Sabbath day's journey away.
Yei akyi no, asuafoɔ no firii Ngo Bepɔ no so baa Yerusalem. Ɛfiri Ngo Bepɔ no so ba Yerusalem no bɛyɛ kilomita baako ne fa.
13 When they had come in, they went up into the upper room, where they were staying; that is Peter, John, James, Andrew, Philip, Thomas, Bartholomew, Matthew, James the son of Alphaeus, Simon the Zealot, and Judas the son of James.
Wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ ɛdan bi a na ɛwɔ aborɔsan a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ no ne: Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea; Filipo, Toma, Bartolomeo, Mateo, Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda.
14 All these with one accord continued steadfastly in prayer, along with the women, and Mary the mother of Jesus, and with his brothers.
Na saa asuafoɔ yi nyinaa taa ne mmaa bi te sɛ Yesu maame Maria ne Yesu nnua mmarimanom hyia bɔ mpaeɛ.
15 In these days, Peter stood up in the midst of the brothers (and the number of names was about one hundred twenty), and said,
Nna kakra bi akyi no, agyidifoɔ no a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ ɔha aduonu no hyiaeɛ na Petro sɔre kasaa sɛ:
16 "Brothers, it was necessary that this Scripture should be fulfilled, which the Holy Spirit spoke before by the mouth of David concerning Judas, who was guide to those who took Jesus.
Me nuanom, ɛsɛ sɛ nkɔm a Honhom Kronkron no nam Dawid so hyɛ faa Yuda ho sɛ ɛnam ne so na wɔbɛkyere Yesu no ba mu.
17 For he was numbered with us, and received his portion in this ministry.
Yɛn a Yesu yii yɛn no, na Yuda nso ka yɛn ho wɔ ɔsom no mu.
18 Now this man obtained a field with the reward for his wickedness, and falling headfirst his body burst open, and all his intestines gushed out.
(Sika a Yuda nya firii ade bɔne a ɔyɛeɛ no mu no, wɔde tɔɔ asase wɔ faako a ɔwuiɛ hɔ. Ɔte bɛhwee fam maa ne mu paeeɛ maa nʼayamdeɛ tu guu so.
19 It became known to everyone who lived in Jerusalem that in their language that field was called 'Hakel-Dema,' that is, 'The field of blood.'
Nnipa a na wɔte Yerusalem nyinaa tee saa asɛm yi no, wɔtoo asase no din wɔ wɔn ankasa kasa mu sɛ Hekeldama a asekyerɛ ne sɛ, Mogya Asase.)
20 For it is written in the scroll of Psalms, 'Let his habitation be made desolate, and let no one dwell in it;' and, 'Let another take his office.'
Petro toaa so kaa sɛ, “Wɔatwerɛ wɔ Dawid nnwom mu sɛ, “‘Ne efie nna mpan, na ne som adwuma no, obi mfa.’
21 "Of the men therefore who have accompanied us all the time that the Lord Jesus went in and out among us,
Enti ɛsɛ sɛ yɛyi nnipa a yɛne wɔn nantee ɛberɛ a na Yesu ne yɛn dii akɔneaba no nyinaa,
22 beginning from the baptism of John, to the day that he was received up from us, of these one must become a witness with us of his resurrection."
firi Yohane asubɔ adwuma no so de kɔsi ɛberɛ a wɔfaa Yesu firii yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ saa nnipa no mu baako bɛka yɛn ho ne yɛn di Yesu wusɔreɛ no ho adanseɛ.”
23 They put forward two, Joseph called Barsabbas, who was surnamed Justus, and Matthias.
Wɔyii nnipa baanu. Ɔbaako din de Yosef a na wɔfrɛ no Barsaba, na wɔtaa nso frɛ no Yusto. Deɛ na ɔka ho no nso din de Matia.
24 They prayed, and said, "You, Lord, who know the hearts of all people, show which one of these two you have chosen
Afei, asuafoɔ no bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade, wonim obiara akoma mu. Ɛno enti, kyerɛ yɛn nnipa baanu yi mu deɛ woayi no,
25 to take part in this ministry and office of apostle from which Judas turned away to go to his own place."
sɛ ɔmmɛsi Yuda a wanya ne baabi kɔ no ananmu mmɛyɛ asomafodwuma no.”
26 They drew lots for them, and the lot fell on Matthias, and he was numbered with the eleven apostles.
Afei, asuafoɔ no bɔɔ wɔn so ntonto maa ɛsii Matia. Enti wɔfaa no kaa asomafoɔ dubaako no ho.