< 1 Samuel 9 >

1 Now there was a man of Benjamin, whose name was Kish, the son of Abiel, the son of Zeror, the son of Becorath, the son of Aphiah, a Benjaminite, a mighty man of valor.
Ɔbarima ɔdefoɔ bi a ɔdi mu tenaa ase a na ne din de Kis na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Na ɔyɛ Abiel babarima, na ne nana ne Seror a ɔfiri Bekorat fie ne Afia abusua mu.
2 He had a son, whose name was Saul, a handsome young man; and there was no one among the children of Israel more handsome than he was. From his shoulders and upward he was taller than any of the people.
Na ne babarima Saulo ho yɛ fɛ yie sene obiara wɔ Israel. Na ɔware sene obiara firi nʼabati kɔsi ne tiri so wɔ asase no so.
3 Now the donkeys of Kish, Saul's father, were lost. And Kish said to Saul his son, "Take now one of the servants with you, and arise, go and look for the donkeys." So Saul got up and took one of the servants of his father with him and went to look for the donkeys of his father Kish.
Ɛda bi Kis mfunumu yeraeɛ, na ɔka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Fa asomfoɔ no mu baako, na wone no nkɔhwehwɛ mfunumu no.”
4 He passed through the hill country of Ephraim and passed through the land of Shalishah, but they did not find them. Then they passed through the land of Shaalim, but they weren't there. Then he passed through the land of the Jaminites, but they did not find them.
Enti, Saulo faa asomfoɔ no mu baako. Wɔkɔfaa Efraim bepɔ asase, Salisa asase, Saalim fam ne Benyamin asase nyinaa so, nanso wɔanhunu mfunumu no baabiara.
5 When they had come to Zuph, Saul said to his servant who was with him, "Come, and let us return, lest my father stop caring about the donkeys, and be anxious for us."
Na wɔduruu Suf mansini mu no, Saulo ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a ɔka ne ho no sɛ, “Bra, ma yɛnsane nkɔ baabi a yɛfiri baeɛ, na ebia, mʼagya agyae mfunumu no ho dwene, ɛredwene yɛn ho mmom.”
6 He said to him, "See now, there is in this city a man of God, and he is a man who is held in honor. All that he says surely comes to pass. Now let us go there. Perhaps he can tell us concerning our journey on which we have set out."
Nanso, ɔsomfoɔ no buaa sɛ, “Manya adwene bi, Onyame onipa bi te kuro yi mu a wɔbu no yie. Na asɛm biara a ɔbɛka nso ba mu. Ma yɛnkɔ ne hɔ seesei ara, ebia ɔbɛtumi akyerɛ yɛn baabi a ɛsɛ sɛ yɛfa.”
7 Then Saul said to his servant, "But look, if we go, what shall we bring the man? For the bread is gone in our vessels, and there is no gift to bring to the man of God. What do we have?"
Saulo buaa no sɛ, “Yɛnni hwee a yɛbɛtumi de akyɛ saa ɔbarima no, yɛn nnuane mpo asa, yɛnni biribiara a yɛde bɛma no.”
8 The servant answered Saul again, and said, "Look, I have in my hand the fourth part of a shekel of silver. You shall give that to the man of God, to tell us about our journey."
Ɔsomfoɔ no buaa no bio sɛ, “Hwɛ! Mewɔ dwetɛ gram mmiɛnsa. Yɛbɛtumi de ama no, na yɛahwɛ deɛ ɛbɛsie.”
9 (In earlier times in Israel, whenever someone went to inquire of God, he would say, "Come, and let us go to the seer"; for he who is now called a prophet was formerly called a seer.)
(Saa ɛberɛ no, sɛ nnipa rekɔbisa Onyankopɔn hɔ adeɛ a, wɔka sɛ, “Momma yɛnkɔbisa ademuhununi” ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na wɔfrɛ adiyifoɔ ademuhunufoɔ.)
10 Then Saul said to his servant, "Well said. Come, let us go." So they went to the city where the man of God was.
Saulo penee so ka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ no sɛ, “Ɛyɛ, ma yɛnsɔ nhwɛ!” Enti, wɔsii mu kɔɔ kuro a Onyame onipa wɔ mu no so.
11 As they went up the ascent to the city, they found young maidens going out to draw water, and said to them, "Is the seer here?"
Wɔreforo bepɔ bi akɔ kuro no mu no, wɔhyiaa mmabaawa bi a wɔrekɔsa nsuo. Enti, Saulo ne ne ɔsomfoɔ no bisaa wɔn sɛ “Ademuhununi no wɔ ha ɛnnɛ?”
12 And they answered them, and said, "He is. Look, he is ahead of you. Just now he has come to the city since the people have a sacrifice today on the high place.
Wɔbuaa sɛ, “Aane. Momfa ɛkwan yi so tee, na mobɛhunu sɛ ɔte kuro no apono ano hɔ. Ɔrebɛduru ha ara nie, na ɔno nso rebɛbɔ ɔmanfoɔ afɔdeɛ no bi wɔ bepɔ no so hɔ.
13 As soon as you have come into the city, you shall immediately find him, before he goes up to the high place to eat; for the people will not eat until he comes, because he must bless the sacrifice, and afterwards those who are invited may eat. Now therefore go up for you shall find him right now."
Monka mo ho nkɔto no, ansa na waforo akɔ bepɔ no so akɔdidi. Nnipa no mfiri aseɛ nnidi kɔsi sɛ ɔbɛhyira aduane no so.”
14 They went up to the city. As they came within the city, look, Samuel came out toward them, to go up to the high place.
Enti, wɔkɔɔ kuro no mu. Na wɔrewura apono no mu no, na Samuel ani kyerɛ wɔn so a ɔrekɔforo bepɔ no.
15 Now YHWH had revealed to Samuel a day before Saul came, saying,
Na Awurade aka akyerɛ Samuel, ɛda a atwam no sɛ,
16 "Tomorrow about this time I will send you a man from Benjamin, and you shall anoint him to be prince over my people Israel; and he shall save my people out of the hand of the Philistines; for I have seen the suffering of my people, because their cry has come to me."
“Ɔkyena sɛsɛɛ, mɛsoma obi afiri Benyamin asase so. Sra no ngo, na ɔmmɛyɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ kannifoɔ. Ɔbɛgye wɔn afiri Filistifoɔ nsam. Mede ahummɔborɔ ahwɛ me nkurɔfoɔ, na mate wɔn sufrɛ.”
17 When Samuel saw Saul, YHWH said to him, "Look, the man of whom I spoke to you. This one shall have authority over my people."
Ɛberɛ a Samuel hunuu Saulo ara pɛ, Awurade kaa sɛ, “Yei ne ɔbarima a mekaa ne ho asɛm kyerɛɛ wo no. Ɔno na ɔbɛdi me nkurɔfoɔ so no.”
18 Then Saul drew near to Samuel in the city, and said, "Tell me where is the house of the seer?"
Ɛhɔ ara, Saulo kɔɔ Samuel nkyɛn wɔ abɔntenpono no ano kɔbisaa no sɛ, “Wobɛtumi akyerɛ me baabi a ademuhununi no fie wɔ anaa?”
19 And Samuel answered Saul, and said, "I am he. Go up before me to the high place, for you will eat with me today. In the morning I will let you go, and will tell you all that is in your heart.
Samuel buaa sɛ, “Mene adehunumuni no. Di mʼanim ɛkan wɔ bepɔ no so, kɔ baabi a wɔbɔ afɔdeɛ hɔ, na yɛn nyinaa bɛdidi wɔ hɔ. Anɔpa, mɛkyerɛ wo deɛ wopɛ sɛ wohunu, na magya wo ɛkwan.
20 As for your donkeys who were lost three days ago, do not set your mind on them; for they have been found. And for whom does all Israel desire? Is it not for you, and for the house of your father?"
Na mfunumu a wɔyeraeɛ nnansa ne ɛnnɛ no, mma wɔn ho asɛm nha wo koraa, ɛfiri sɛ, wɔahunu wɔn. Na mepɛ sɛ meka kyerɛ wo sɛ, Israel anidasoɔ nyinaa yɛ wo ne wo fiefoɔ.”
21 Saul answered, "Am I not a Benjaminite, of the smallest of the tribes of Israel? And my family the least of all the families of the tribe of Benjamin? Why then do you speak to me like this?"
Saulo buaa sɛ, “Mefiri Benyamin a ɛyɛ abusua ketewa koraa wɔ mmusuakuo no mu. Na me fie nso yɛ ketewa koraa wɔ Benyamin mmusua no nyinaa mu. Na adɛn enti na woka yei kyerɛ me?”
22 Samuel took Saul and his servant, and brought them into the guest room, and made them sit in the best place among those who were invited, who were about thirty persons.
Enti, Samuel de Saulo ne ne ɔsomfoɔ no baa asa so hɔ. Ɔmaa wɔtenaa wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no ɛpono ti, de hyɛɛ wɔn animuonyam wɔ nnipa dodoɔ bɛyɛ sɛ aduasa no anim.
23 And Samuel said to the cook, "Bring the portion which I gave you, of which I told you to set aside."
Samuel ka kyerɛɛ osoodoni no sɛ, “Fa ɛnam sini a mede maa wo no bra, deɛ wɔde asie ama deɛ wɔrehyɛ no animuonyam no.”
24 The cook picked up the leg, and that which was attached to it, and set it before Saul. And he said, "Look, here is what has been kept for you. Set it before you and eat, because it was kept especially for you until the right time; because I said, 'I have invited the people.'" So Saul ate with Samuel that day.
Enti, osoodoni no de ba bɛtoo Saulo anim. Samuel kaa sɛ, “Di deɛ wɔde asi wʼanim no. Mede sie maa wo ansa na mereto nsa afrɛ afoforɔ yi.” Enti Saulo ne Samuel didiiɛ.
25 When they had come down from the high place into the city, they prepared a bed for Saul on the roof,
Apontoɔ no akyi a wɔsane baa kuro no mu no, Samuel de Saulo kɔɔ atifi dan mu kɔsiesie daberɛ maa no.
26 and he slept. And it happened about daybreak that Samuel called to Saul on the roof, saying, "Get up, that I may send you away." So Saul got up, and he and Samuel went outside.
Adeɛ kyee anɔpa no, Samuel kɔɔ Saulo nkyɛn kɔfrɛɛ no sɛ, “Sɔre! Anka ɛsɛ sɛ saa ɛberɛ yi wonam ɛkwan so.” Enti, Saulo siesiee ne ho na ɔne Samuel nyinaa bɔɔ mu firii efie hɔ.
27 As they were going down to the edge of the city, Samuel said to Saul, "Tell the servant to go on ahead of us. But you remain here awhile, so that I may make known to you the word of God."
Wɔduruu kurotia no, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ ɔnsoma ne ɔsomfoɔ no nni wɔn ɛkan. Ɔsomfoɔ no kɔeɛ no, Samuel kaa sɛ, “Tena ha, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de nkra sononko bi ama me a, ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo.”

< 1 Samuel 9 >