< John 16 >
1 "I have said all these things to you so that you may be kept from stumbling.
“Mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo na moatumi agyina hɔ pintinn.
2 They will put you out of the synagogues, but an hour is coming when whoever kills you will think that he is offering a service to God.
Wɔbɛpam mo afiri wɔn asɔredan mu. Na ɛberɛ bi bɛba a obiara a ɔbɛkum mo no bɛsusu sɛ, sɛ ɔyɛ saa a, na ɔresom Onyankopɔn.
3 They will do these things because they have not known the Father or me.
Wɔde saa nneɛma yi bɛyɛ mo, ɛfiri sɛ, wɔnnim Agya no na me nso wɔnnim me.
4 But I have told you these things, so that when their hour comes, you may remember that I told you about them. I did not tell you these things from the beginning, because I was with you.
Nanso, mereka yei akyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ ɛberɛ no duru a, mobɛkae deɛ meka kyerɛɛ mo no. Ahyɛaseɛ no, manka yei ankyerɛ mo, ɛfiri sɛ na meka mo ho.”
5 But now I am going to him who sent me, and none of you asks me, 'Where are you going?'
“Afei deɛ merekɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn. Nanso, mo mu biara mmisaa me sɛ, ‘Ɛhe na worekɔ?’
6 But because I have told you these things, sorrow has filled your heart.
Deɛ maka akyerɛ mo yi ama mo werɛ aho.
7 Nevertheless I tell you the truth: It is to your advantage that I go away, for if I do not go away, the Helper won't come to you. But if I go, I will send him to you.
Nanso, meka nokorɛ kyerɛ mo; ɛyɛ ma mo sɛ mɛkɔ, ɛfiri sɛ, sɛ mankɔ a, ɔboafoɔ no remma mo nkyɛn.
8 When he has come, he will convict the world about sin, and about righteousness, and about judgment;
Nanso, sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na sɛ ɔba a, ɔbɛma ewiasefoɔ ahunu wɔn bɔne ne deɛ ɛyɛ tenenee ne Onyankopɔn atemmuo.
9 about sin, because they do not believe in me;
Deɛ wɔka fa bɔne ho no nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, wɔnnye me nni.
10 about righteousness, because I am going to the Father, and you won't see me any more;
Deɛ wɔka fa tenenee ho no nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn na morenhunu me bio.
11 about judgment, because the prince of this world has been judged.
Saa ara na deɛ wɔka fa atemmuo ho no nso nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, wɔabu ewiase yi ɔtemmufoɔ no atɛn dada.
12 "I have yet many things to tell you, but you cannot bear them now.
“Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso seesei deɛ, morentumi nte aseɛ.
13 However when he, the Spirit of truth, has come, he will guide you into all truth, for he will not speak on his own; but whatever he hears he will speak, and he will declare to you things that are coming.
Sɛ nokorɛ Honhom no ba a, ɔbɛma moahunu nokorɛ no nyinaa. Ɔrenkasa mma ne ho, na mmom, deɛ ɔte no na ɔbɛka, na ɔbɛka nneɛma a ɛbɛba no ho nsɛm akyerɛ mo.
14 He will glorify me, for he will take from what is mine, and will declare it to you.
Ɔbɛhyɛ me animuonyam, ɛfiri sɛ, ɔbɛtie asɛm biara a meka no na wabɛka akyerɛ mo.
15 All things that the Father has are mine; that is why I said that he takes of mine, and will declare it to you.
Biribiara a mʼAgya wɔ no yɛ me dea. Ɛno enti na mekaa sɛ, Honhom no bɛtie biribiara a meka kyerɛ no, na wabɛka akyerɛ mo no.”
16 A little while, and you will no longer see me. Again a little while, and you will see me."
“Aka kakra bi morenhunu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa, mobɛhunu me bio.”
17 Some of his disciples therefore said to one another, "What is this that he says to us, 'A little while, and you won't see me, and again a little while, and you will see me;' and, 'Because I go to the Father?'"
Asuafoɔ no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Yei ase ne sɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Aka kakra bi morenhunu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa na moasane ahunu me.’ Ɔsane kaa bio sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.’”
18 So they kept asking, "What is this that he says, 'A little while?' We do not know what he is saying."
Wɔsane bisaa bio sɛ, “Saa asɛm, ‘aka kakra’ yi aseɛ ne sɛn? Yɛnte deɛ ɔreka yi ase.”
19 Jesus knew that they wanted to ask him, so he said to them, "Do you inquire among yourselves concerning this, that I said, 'A little while, and you won't see me, and again a little while, and you will see me?'
Yesu hunuu sɛ wɔpɛ sɛ wɔbisa no asɛm a ɔkaeɛ no ase no enti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mekaa sɛ, ‘aka kakra bi morenhunu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa mobɛhunu me bio’. Yei ne asɛm a monte aseɛ a enti morebisabisa mo ho mo ho yi?
20 Truly, truly, I tell you, that you will weep and lament, but the world will rejoice. You will be sorrowful, but your sorrow will be turned into joy.
Mereka nokorɛ akyerɛ mo; mo werɛ bɛho na moasu, nanso ewiasefoɔ ani bɛgye. Mobɛdi awerɛhoɔ nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ.
21 A woman, when she gives birth, has pain, because her time has come. But when she has delivered the child, she does not remember the anguish any more, for the joy that a human being is born into the world.
Sɛ ɔbaa rebɛwo a, ne werɛ ho, ɛfiri sɛ, nʼamanehunuberɛ aduru so. Nanso, sɛ ɔnya wo a, ne werɛ firi ne yea, ɛfiri sɛ, nʼani gye sɛ wawo onipa aba ewiase.
22 Therefore you have sorrow now, but I will see you again, and your heart will rejoice, and no one will take your joy away from you.
Saa ara na ɛte wɔ mo ho. Seesei deɛ, mo werɛ aho. Nanso, mɛhunu mo bio ama mo ani agye na obi rentumi nnye saa anigyeɛ no mfiri mo nsam.
23 "And in that day you will ask nothing of me. Truly, truly I tell you, whatever you may ask of the Father in my name, he will give it to you.
Sɛ saa da no duru a, moremmisa me biribiara. Mereka nokorɛ akyerɛ mo, Agya no de biribiara a mode me din bɛbisa no bɛma mo.
24 Until now, you have asked nothing in my name. Ask, and you will receive, that your joy may be made full.
Ɛbɛsi saa ɛberɛ yi, momfaa me din mmisaa biribiara da. Mommisa na wɔde bɛma mo na mo anigyeɛ awie pɛyɛ.
25 I have spoken these things to you in figures of speech. The hour is coming when I will no more speak to you in figures of speech, but will tell you plainly about the Father.
“Menam abɛbuo mu na maka yeinom akyerɛ mo. Nanso, ɛberɛ bi bɛba a merenkasa abɛbuo mu bio, na mmom, mɛka biribiara a ɛfa Agya no ho no pefee akyerɛ mo.
26 In that day you will ask in my name, and I am not saying to you that I will ask the Father on your behalf,
Sɛ saa da no duru a, mode me din bɛbisa no biribiara a ɛho hia mo. Menka sɛ me na mɛbisa Agya no ama mo,
27 for the Father himself loves you, because you have loved me, and have believed that I came forth from God.
ɛfiri sɛ, Agya no ankasa dɔ mo. Ɔdɔ mo, ɛfiri sɛ, modɔ me na moagye adi sɛ mefiri Onyankopɔn nkyɛn na mebaeɛ.
28 I came forth from the Father and have come into the world. Again, I leave the world, and go to the Father."
Mefiri Agya no nkyɛn na mebaa ewiase; na afei merefiri ewiase akɔ Agya no nkyɛn.”
29 His disciples said to him, "Look, now you are speaking plainly and not in any figure of speech.
Nʼasuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Afei deɛ, wokasa pefee ma yɛte wo aseɛ.
30 Now we know that you know all things and do not need anyone to question you. By this we believe that you came forth from God."
Yɛahunu sɛ wonim biribiara; ɛho nhia sɛ obi bisa wo nsɛm. Yei ama yɛagye adi sɛ wofiri Onyankopɔn nkyɛn.”
31 Jesus answered them, "Do you now believe?
Yesu buaa wɔn sɛ. “Afei deɛ, mogye di?
32 Look, the time is coming, and has come, that you will be scattered, everyone to his own place, and you will leave me alone. But I am not alone, because the Father is with me.
Ɛberɛ bi rebɛduru, na mpo aduru dada a mo nyinaa bɛbɔ ahwete na obiara akɔ ne fie na aka me nko. Nanso, ɛrenka me nko ɛfiri sɛ, Agya no ka me ho.
33 I have told you these things, that in me you may have peace. In the world you have oppression; but cheer up. I have overcome the world."
“Maka yeinom akyerɛ mo na moanya asomdwoeɛ wɔ me mu. Mobɛhunu amane wɔ ewiase. Nanso, monnyina pintinn! Madi ewiase so nkonim!”