< Acts 20 >

1 After the uproar had ceased, Paul sent for the disciples and, after encouraging them, took leave of them, and departed to go into Macedonia.
Basabasayɛ yi akyi no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no kaa nsɛm de hyɛɛ wɔn nkuran, kraa wɔn firii hɔ kɔɔ Makedonia.
2 When he had gone through those parts, and had encouraged them with many words, he came into Greece.
Ɔkyinkyini faa amantam no mu, tuu asuafoɔ no fo de hyɛɛ wɔn nkuran. Afei, ɔbɛduruu Hela. Ɔdii hɔ abosome mmiɛnsa.
3 When he had spent three months there, and a plot was made against him by Jews as he was about to set sail for Syria, he determined to return through Macedonia.
Ɛberɛ a ɔresiesie ne ho akɔ Siria no, ɔtee sɛ Yudafoɔ no abɔ ne ho pɔ; enti ɔsane nʼakyi kɔfaa Makedonia kɔeɛ.
4 He was accompanied by Sopater son of Pyrrhus of Beroea; Aristarchus and Secundus of the Thessalonians; Gaius of Derbe; Timothy; and Tychicus and Trophimus of Asia.
Piro a ɔfiri Beroia no ba Sopater ne Paulo na ɛkɔeɛ. Wɔn a wɔka ne ho kɔeɛ no nso bi ne Aristarko ne Sekundo a wɔfiri Tesalonika ne Gaio a ɔfiri Derbe ne Timoteo ne Tihiko ne Trofimo a wɔfiri Asiaman mu no.
5 But these had gone ahead, and were waiting for us at Troas.
Saa nnipa yi dii ɛkan kɔtwɛnee yɛn wɔ Troa.
6 We sailed away from Philippi after the days of Unleavened Bread, and came to them at Troas in five days, where we stayed seven days.
Yɛdii Apiti Afahyɛ no wieeɛ no, yɛfirii Filipi, na nnanum akyi no, yɛkɔtoo wɔn wɔ Troa, dii nnawɔtwe wɔ hɔ.
7 On the first day of the week, when we were gathered together to break bread, Paul talked with them, intending to depart on the next day, and continued his speech until midnight.
Nnawɔtwe no mu da a ɛdi ɛkan no, yɛhyiaam sɛ anuanom didiiɛ. Esiane sɛ na adeɛ kye a Paulo bɛfiri kuro no mu no enti, ɔkasa kyerɛɛ anuanom no kɔsii ɔdasuom.
8 There were many lights in the upper chamber where we were gathered together.
Na nkanea pii wɔ abansoro dan a yɛahyia wɔ hɔ no mu.
9 A certain young man named Eutychus sat in the window, weighed down with deep sleep. As Paul spoke still longer, being weighed down by his sleep, he fell down from the third story, and was taken up dead.
Ɛberɛ a Paulo rekasa no, na aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere ano retɔ nko. Ɔdaa hatee maa ɔfiri abansoro dan a ɛtɔ so mmiɛnsa no so bɛhwee fam. Wɔmaa ne so no, na wawu.
10 Paul went down, and fell upon him, and embracing him said, "Do not be troubled, for his life is in him."
Paulo siane baa fam, kɔbutuu ne so, maa ne so kaa sɛ, “Monnsuro, ɛfiri sɛ, ɔnwuiɛ!”
11 When he had gone up, and had broken bread, and eaten, and had talked with them a long while, even until break of day, he departed.
Afei, ɔsane foro kɔɔ abansoro no so kɔbubuu burodo ne asuafoɔ no diiɛ. Paulo toaa ne kasa no so kɔsii adekyeɛ ansa na ɔregya wɔn hɔ.
12 They brought the boy in alive, and were greatly comforted.
Anuanom no de anigyeɛ de aberanteɛ a wɔnyanee no no kɔɔ efie.
13 But we who went ahead to the ship set sail for Assos, intending to take Paul aboard there, for he had so arranged, intending himself to go by land.
Yɛde ɛhyɛn dii ɛkan kɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paulo wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, na waka akyerɛ yɛn sɛ ɔrefa fam akɔ hɔ.
14 When he met us at Assos, we took him aboard, and came to Mitylene.
Ɔbɛkaa yɛn ho wɔ Aso na yɛne no toaa so kɔɔ Mitilene.
15 Sailing from there, we came the following day opposite Chios. The next day we landed at Samos, and the day after we came to Miletus.
Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Kio. Ne nnanu so no, yɛbɛduruu Samo; na nʼadekyeeɛ no, yɛbɛduruu Mileto.
16 For Paul had determined to sail past Ephesus, that he might not have to spend time in Asia; for he was hastening, if it were possible for him, to be in Jerusalem on the day of Pentecost.
Esiane sɛ na Paulo ho pere no sɛ, sɛ ɛbɛtumi a ɔbɛduru Yerusalem akɔdi Pentekoste Afahyɛ no wɔ hɔ no enti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrennyina Efeso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrenkyɛ wɔ Asia.
17 From Miletus he sent to Ephesus, and called to himself the elders of the church.
Paulo soma firii Mileto kɔɔ Efeso kɔka kyerɛɛ asafo mpanimfoɔ no sɛ wɔnhyia no.
18 When they had come to him, he said to them, "You yourselves know, from the first day that I set foot in Asia, how I was with you all the time,
Wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a mebaa Asia no, monim ɛkwan a mefaa so ne mo tenaeɛ.
19 serving the Lord with all humility, with many tears, and with trials which happened to me by the plots of the Jews;
Ɛwom sɛ ɛnam Yudafoɔ no pɔbɔ so maa mehunuu amane bebree de, nanso mede ahobrɛaseɛ ne nisuo yɛɛ mʼadwuma sɛ Awurade ɔsomfoɔ.
20 how I did not hold back from declaring to you anything that was profitable, and teaching you publicly and from house to house,
Monim sɛ ɛberɛ a na merekyerɛkyerɛ mo wɔ dwam ne afie mu no, mamfa biribiara a ɛho bɛba mo mfasoɔ no anhinta mo.
21 testifying both to Jews and to Greeks repentance toward God, and faith toward our Lord Jesus.
Mebɔɔ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri wɔn bɔne ho, mfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wɔnnye Yesu Kristo nni.
22 And now, look, compelled by the Spirit, I am going to Jerusalem, not knowing what will happen to me there;
“Afei, ɛsiane sɛ Honhom Kronkron ahyɛ me no enti, merekɔ Yerusalem a mennim asɛm a ɛbɛto me wɔ hɔ.
23 except that the Holy Spirit testifies in every city, saying that bonds and afflictions wait for me.
Deɛ menim ara ne sɛ kuropɔn biara a mɛkɔ so no, Honhom Kronkron bɔ me kɔkɔ sɛ wɔde me bɛto afiase na mahunu amane.
24 But I make my life an account of nothing precious to myself, so that I may finish my race, and the ministry which I received from the Lord Jesus, to fully testify to the Good News of the grace of God.
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi maduru botaeɛ a ɛsi mʼanim no ho na mawie dwuma a Awurade Yesu de maa me sɛ menka Onyankopɔn dom ho asɛmpa no enti, mammu me kra sɛ adeɛ a ɛsom bo.
25 "And now, look, I know that you all, among whom I went about proclaiming the Kingdom, will see my face no more.
“Menim sɛ mo a maka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm akyerɛ mo no mu biara renhunu me bio.
26 Therefore I testify to you today that I am innocent of everyone's blood,
Ɛno enti, ɛnnɛ, mereka makyerɛ mo sɛ, sɛ ɛba sɛ mo mu bi yera a, na ɛmfiri me.
27 for I did not hold back from declaring to you the whole plan of God.
Ɛfiri sɛ, mamfa Onyankopɔn asɛm no mu biribiara anhinta mo.
28 Watch out for yourselves and to all the flock, in which the Holy Spirit has made you overseers, to shepherd the church of God which he purchased with his own blood.
Monhwɛ mo ho so ne nnwankuo a Honhom Kronkron de wɔn ahyɛ mo nsa sɛ ahwɛfoɔ no yie. Monhwɛ wɔn yie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ne Ba no mogya na agye wɔn.
29 For I know that after my departure, vicious wolves will enter in among you, not sparing the flock.
Menim sɛ me kɔ akyi no, atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔn ho yɛ hu sɛ mpataku bɛwura mo mu abɛsɛe mo.
30 Men will arise from among your own selves, speaking perverse things, to draw away the disciples after them.
Ɛberɛ bi bɛba a, mo mu binom bɛsɔre, nam atorɔ so atwe asuafoɔ no mu bi adi wɔn akyi.
31 Therefore watch, remembering that for a period of three years I did not cease to admonish everyone night and day with tears.
Ɛno enti, monna mo ho so! Monkae sɛ, mfirinhyia mmiɛnsa a medii wɔ mo nkyɛn no, menam amanehunu ne yea mu tuu mo fo awia ne anadwo.
32 Now I entrust you to God, and to the word of his grace, which is able to build up, and to give you the inheritance among all those who are sanctified.
“Afei, mede mo hyɛ Onyankopɔn ne ne dom nsɛm a ɛtumi hyɛ mo gyidie den na ɛma monya nʼagyapadeɛ a wasiesie ama ahotefoɔ no nsa.
33 I coveted no one's silver, or gold, or clothing.
Mʼani ammere obi dwetɛ anaa sika anaa ntoma.
34 You yourselves know that these hands served my necessities, and those who were with me.
Mo ara modi adanseɛ sɛ, me nsa ano adwuma so na menam mehwɛɛ me ho ne wɔn a wɔka me ho no.
35 In all things I gave you an example, that so laboring you ought to help the weak, and to remember the words of the Lord Jesus, that he himself said, 'It is more blessed to give than to receive.'"
Mede mʼabrabɔ ayɛ nhwɛsoɔ akyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma de boa ahiafoɔ na yɛkae sɛ, Awurade Yesu ankasa kaa sɛ, ‘Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.’”
36 When he had spoken these things, he knelt down and prayed with them all.
Paulo kasa wieeɛ no ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ.
37 They all wept a lot, and fell on Paul's neck and kissed him,
Wɔn nyinaa suiɛ, bam no, maa no nanteyie.
38 sorrowing most of all because of the word which he had spoken, that they should see his face no more. And they accompanied him to the ship.
Deɛ ɛyɛɛ wɔn awerɛhoɔ koraa ne asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔrenhunu no bio no. Afei, wɔn nyinaa kɔgyaa no ɛhyɛn no mu.

< Acts 20 >