< Psalms 33 >

1 Rejoice in the LORD, you righteous. Praise is fitting for the upright.
Momfa ahurusi nto dwom mma Awurade, mo atreneefo, ɛfata sɛ wɔn a wɔteɛ no yi no ayɛ.
2 Give thanks to the LORD with the lyre. Sing praises to him with the harp of ten strings.
Momfa sanku nkamfo Awurade; monto dwom mma no wɔ sankuten so.
3 Sing to him a new song. Play skillfully with a shout of joy.
Monto dwom foforo mma no. Momfa nimdeɛ mmɔ sanku no na monteɛ mu ahurusi so!
4 For the word of the LORD is right. All his work is done in faithfulness.
Awurade asɛm teɛ na ɛyɛ nokware odi nokware wɔ nea ɔyɛ nyinaa mu.
5 He loves righteousness and justice. The earth is full of the loving kindness of the LORD.
Awurade dɔ treneeyɛ ne atɛntrenee. Nʼadɔe a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma.
6 By the word of the LORD the heavens were made; and all their host by the breath of his mouth.
Awurade asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro, nʼanom home so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo.
7 He gathers the waters of the sea together as a heap. He lays up the deeps in storehouses.
Ɔka po nsu boa ano kuw; na ɔde bun sie nea hɔ dɔ.
8 Let all the earth fear the LORD. Let all the inhabitants of the world stand in awe of him.
Momma asase sofo nyinaa nsuro Awurade; na wiasefo nyinaa mfa nidi mma no.
9 For he spoke, and it was done. He commanded, and it stood firm.
Ɔno na ɔkasa ma ɛbaa mu na ɔhyɛ ma egyinaa pintinn.
10 The LORD nullifies the counsel of the nations. He makes the thoughts of the peoples to be of no effect.
Awurade sɛe amanaman no nhyehyɛe; ɔma adesamma nsusuwii yɛ ɔkwa.
11 The counsel of the LORD stands fast forever, the thoughts of his heart to all generations.
Nanso Awurade nhyehyɛe tim hɔ daa, ne koma mu botae wɔ hɔ ma awo ntoatoaso.
12 Blessed is the nation whose God is the LORD, the people whom he has chosen for his own inheritance.
Nhyira ne ɔman a ne Nyankopɔn ne Awurade, nnipa a oyii wɔn sɛ nʼagyapade no.
13 The LORD looks from heaven. He sees all the descendants of Adam.
Awurade hwɛ adesamma nyinaa fi ɔsoro.
14 From the place of his habitation he looks out on all the inhabitants of the earth,
Ofi nʼatenae hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa.
15 he who fashions all of their hearts; and he considers all of their works.
Ɔno ne nea ɔbɔɔ wɔn nyinaa koma, na osusuw nea wɔyɛ nyinaa ho.
16 There is no king saved by the multitude of an army. A mighty man is not delivered by great strength.
Ɛnyɛ ɔhene asraafo dɔm kɛse na ebegye no; ɔkofo biara nni hɔ a ofi nʼahoɔden mu guan.
17 A horse is a vain thing for safety, neither does he deliver any by his great power.
Ɔpɔnkɔ mu ahotoso yɛ ɔkwa wɔ nkwagye mu; nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa.
18 Look, the LORD's eye is on those who fear him, on those who hope in his loving kindness;
Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wosuro no no so, wɔn a wɔwɔ anidaso wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu,
19 to deliver their soul from death, to keep them alive in famine.
sɛ obegye wɔn afi owu mu na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɔkɔm bere mu.
20 Our soul waits for the LORD. He is our help and our shield.
Yɛde anidaso twɛn Awurade; ɔyɛ yɛn boafo ne yɛn nkatabo.
21 For our heart rejoices in him, because we have trusted in his holy name.
Ne mu na yɛn koma di ahurusi, efisɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so.
22 Let your loving kindness be on us, LORD, since we have hoped in you.
Ma wʼadɔe a ɛnsa da no ntena yɛn so, Awurade, sɛnea anidaso a yɛwɔ wɔ mu no te.

< Psalms 33 >