< 1 Samuel 2 >

1 And she said, "My heart rejoices in the LORD. My strength rises up in my God. My mouth boasts over my enemies, because I rejoice in your salvation.
Na Hana bɔɔ mpae se, “Me koma di ahurusi wɔ Awurade mu! Awurade mu na wɔma mʼabɛn so. Afei, manya mmuae ama mʼatamfo, na mʼani gye wɔ wo gye no ho.
2 Truly, there is no one as holy as the LORD. Truly, there is no one besides you, nor is there any rock like our God.
“Obiara nyɛ kronkron sɛ Awurade! Obi bi nnka wo ho; Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.
3 Do not speak boastfully or let arrogance come out of your mouth, for the LORD is a God of knowledge. By him actions are weighed.
“Nkɔ so nkasa ahomaso so anaa nka ahantan kasa, efisɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a onim, na wɔfa ne so kari nneyɛe.
4 The bows of the mighty men are broken. Those who stumbled are armed with strength.
“Wɔabubu akofo mpeaw, na wɔama wɔn a wohintihintiw no ahoɔden. Afei, wɔayɛ den.
5 Those who were full have hired themselves out for bread. Those who were hungry are satisfied. Even the barren has borne seven, and she who has many children languishes.
Wɔn a na wodidi mee pintinn no afei, ɔkɔm rekum wɔn. Na wɔn a ɔkɔm rekum wɔn no nso afei, wɔamee pintinn. Afei, obonin wɔ mma baason. Na ɔbea a na ɔwɔ mma pii no, mma bɛbɔ no.
6 The LORD kills, and makes alive. He brings down to Sheol, and brings up. (Sheol h7585)
“Awurade de nkwa ne owu nyinaa ba; Ɔka bi hyɛ ɔda mu, na onyan ebinom. (Sheol h7585)
7 The LORD makes poor, and makes rich. He brings low, he also lifts up.
Awurade yɛ obi ohiani na wayɛ obi ɔdefo; ɔbrɛ obi ase na wapagyaw obi.
8 He raises up the poor out of the dust. He lifts up the needy from the dunghill, To make them sit with princes, and inherit the throne of glory. For the pillars of the earth are the LORD's. He has set the world on them.
Ɔpagyaw ohiani fi mfutuma mu Yiw, oyi no fi nsosiw mu! Ɔyɛ wɔn sɛ mmapɔmma, de wɔn tena anuonyam ahengua so. “Efisɛ asase fapem yɛ Awurade de, na watoto wiase sɛnea ɛsɛ.
9 He will guard the feet of his faithful ones, but the wicked will be put to silence in darkness. For no man will prevail by strength.
Ɔbɛbɔ onyamesurofo ho ban, na amumɔyɛfo bɛyera esum mu. “Sɛ ahoɔden mu nko de a, obiara renni nkonim.
10 The LORD will shatter his adversaries. He will thunder against them in the sky. "The LORD will judge the farthest parts of the earth. He will give strength to his king, and exalt the horn of his anointed."
Wɔn a wɔko tia Awurade no, ɔbɛdwerɛw wɔn. Ɔpae aprannaa fi wim gu wɔn so; Awurade bu atɛn wɔ asase so baabiara. “Ɔma ne hempɔn ahoɔden kɛse; nea wasra no no, ɔhyɛ nʼahoɔden mu den.”
11 And she went to Ramah, while the child served the LORD before Eli the priest.
Afei, Elkana ne Hana gyaw Samuel hɔ ma wɔkɔɔ fie wɔ Rama. Na abarimaa no bɛyɛɛ Awurade somfo wɔ ɔsɔfo Eli nan ase.
12 Now the sons of Eli were worthless men; they did not know the LORD.
Na Eli mmabarima no yɛ asansafo a wɔmfɛre Awurade,
13 The custom of the priests with the people was that when any man offered sacrifice, the priest's servant came, while the flesh was boiling, with a fork of three teeth in his hand;
anaa wɔn asɔfodwuma. Bere biara a obi bɛba abɛbɔ afɔre na wɔrenoa nam no, Eli mma no soma ɔsomfo de adinam a ɛwɔ ano abiɛsa ba. Bere a nam no si gya so no,
14 and he struck it into the pan, or kettle, or caldron, or pot; all that the fork brought up the priest took therewith. So they did in Shiloh to all the Israelites who came there.
ɔsomfo no de adinam no wɔ dadesɛn no mu. Na wɔhyɛ sɛ nea adinam no bɛwɔ mu no nyinaa yɛ Eli mma no de. Wɔde Israelfo a wɔba Silo hɔ nyinaa faa saa ɔkwan yi so.
15 Yes, before they burnt the fat, the priest's servant came, and said to the man who sacrificed, "Give meat to roast for the priest; for he will not accept boiled meat from you, but raw."
Ɛtɔ da bi a, ansa na wɔbɛhyew srade no, ɔsɔfo no somfo ba bɛka kyerɛ onipa a ɔrebɔ afɔre no se, “Ma ɔsɔfo no nam no bi, na ɔntoto. Ɔmpɛ wo nam a woanoa, na mmom, nam amono nko ara.”
16 If the man said to him, "Let the fat be burned first, and then take all of it which your soul desires"; then he would say, "No, but you shall give it to me now; and if not, I will take it by force."
Onipa a ɔrebɔ afɔre no ka se, “Fa dodow biara a wopɛ, nanso srade no de, ɛsɛ sɛ wɔhyew ansa.” Ɛhɔ na ɔsomfo no bɛka se, “Dabi da, fa ma me mprempren ara, anyɛ saa a, mede me tumi bɛfa.”
17 The sin of the young men was very great before the LORD; for they despised the offering of the LORD.
Na saa bɔne a mmerante yi yɛ yi yɛ akyiwade wɔ Awurade anim, efisɛ na wobu Awurade afɔrebɔ no animtiaa.
18 But Samuel ministered before the LORD, being a child, clothed with a linen ephod.
Samuel de, ɛwɔ mu sɛ na ɔyɛ abarimaa de, nanso na ɔyɛ Awurade somfo a wɔde nwera asɔfotade ahyɛ no te sɛ ɔsɔfo.
19 Moreover his mother made him a little robe, and brought it to him from year to year, when she came up with her husband to offer the yearly sacrifice.
Afe biara a ne na ne ne kunu rekɔbɔ afirihyia afɔre no, na ne na pam batakari ketewaa bi de kɔma no.
20 And Eli would bless Elkanah and his wife, and said, "May the LORD repay you with offspring by this woman for the gift which she made to the LORD." And the man returned to his home.
Ansa na wɔbɛsan akɔ fie no, Eli hyira Elkana ne ne yere ka se, “Awurade mma ɔbea yi nwo mma, na ommesi nea ɔbɔɔ ne ho mpae nyae a ɔde no maa Awurade no anan mu.”
21 The LORD visited Hannah, and she bore more children, three sons and two daughters. The child Samuel grew before the LORD.
Na Awurade maa Hana woo mmabarima baasa ne mmabea baanu. Na Samuel nyinii wɔ Awurade anim.
22 Now Eli was very old; and he heard what his sons did to the children of Israel (and how that they lay with the women who served at the door of the Tent of Meeting).
Afei, Eli bɔɔ akwakoraa, nanso na onim nea ne mmabarima no de reyɛ Israelfo. Nhwɛso bi ne sɛ, na onim sɛ ne mmabarima no fa mmabaa a wɔboa ntamadan no ano adwumayɛ no.
23 And he said to them, "Why do you do such things as these that I hear being said of you from the mouth of the people of the LORD?
Eli ka kyerɛɛ wɔn se, “Metete mo ho nsɛm fi ɔmanfo nkyɛn a ɛfa amumɔyɛsɛm a mudi no ho. Adɛn nti na mokɔ so yɛ bɔne?
24 No, my sons, do not do this. For it is not a good report that I hear the people of the LORD spreading.
Me mma, ɛsɛ sɛ mugyae! Mo ho nsɛm a metete fi Awurade nkurɔfo nkyɛn no nye.
25 If one man sins against another, he shall appeal to the LORD; but if a man sins against the LORD, who shall entreat for him?" But, they did not listen to the voice of their father, because the LORD intended to kill them.
Sɛ obi yɛ bɔne tia ɔfoforo a, Onyankopɔn tumi gyina mu ma ɔfɔdifo no. Nanso sɛ obi yɛ bɔne tia Awurade a, hena na obetumi agyina mu?” Eli mma no antie wɔn agya afotu no, na Awurade nso reyɛ nʼadwene sɛ obekum wɔn.
26 The child Samuel grew on, and increased in favor both with the LORD, and also with men.
Na abofra Samuel nyinii, na ɔkɔɔ so nyaa adom fii Awurade ne ɔmanfo nkyɛn.
27 A man of God came to Eli, and said, "Thus says the LORD, I plainly revealed myself to the house of your father, when they were slaves in Egypt to the house of Pharaoh.
Da koro bi Onyankopɔn nipa bi baa Eli nkyɛn bɛkae se, “Sɛɛ na Awurade se, ‘Manna me ho adi pefee ankyerɛ wʼagya fi bere a na wɔyɛ nkoa wɔ Misraim no ana?
28 And I chose him out of all the tribes of Israel to be my priest, to go up to my altar, to burn incense, and to wear an ephod. And I gave to the house of your father all the offerings by fire of the children of Israel as food.
Israel mmusuakuw no nyinaa mu no, Aaron na miyii no sɛ, ɔnyɛ me sɔfo a ɔbɛkɔ afɔremuka anim akɔhyew aduhuam, na wɔahyɛ asɔfotade wɔ mʼanim. Na mede afɔre a wɔbɔɔ no ogya so no nyinaa maa mo asɔfo no.
29 Then why do you look at my sacrifice and my offering with a selfish eye, and honor your sons more than me in letting them eat from the first part of every offering of Israel before me?'
Adɛn nti na mutiatia me kum afɔre ne mʼaduan afɔre so? Adɛn nti na mubu mo mmabarima sen me? Moawe afɔrebɔde a me nkurɔfo Israelfo bɔ no mu kyɛfa a eye no, na monam so ayeyɛ akɛse!’
30 "Therefore the LORD, the God of Israel, says, 'I said indeed that your house, and the house of your father, should walk before me forever.' But now the LORD says, 'Be it far from me; for those who honor me I will honor, and those who despise me shall be lightly esteemed.
“Enti asɛm a Awurade, Israel Nyankopɔn ka ara ni: ‘Meremma nneɛma bɔne a moreyɛ yi nkɔ so! Mehyɛɛ bɔ sɛ wo Lewi abusuafo no bɛyɛ mʼasɔfo, nanso wɔn a wodi me ni no, medi wɔn ni; na wɔn a wobu me animtiaa no, mɛbɔ wɔn ahohora.
31 Look, the days come, that I will cut off your descendants, and the descendants of your father's house, that there shall not be an old man in your house.
Mɛma mo fifo agyae mʼasɔfodi som no. Mpatuwu rempa mo fi da na mo mu biara rentena ase nni mfe mmee,
32 And you will see distress in the dwelling place, in all that he does good with Israel. And there will not be an old man in your house all the days.
na mubehu awerɛhow wɔ me tenabea. Ɛwɔ mu, trenee bɛba Israel so, nanso obiara nni mo abusua mu a obenyin abɔ akwakoraa.
33 And the man of yours I do not cut off from my altar will be to cause his eyes to fail and to grieve his soul, and all the increase of your house will die by the sword of men.
Wɔn a wɔbɛka no bɛtena ase awerɛhow ne ahoɔmmerɛw mu. Na mo asefo bɛtetew abun awuwu.
34 "'This shall be the sign to you, that shall come on your two sons, on Hophni and Phinehas: in one day they shall both die.
“‘Na sɛnea ɛbɛyɛ na wubehu sɛ nea maka no bɛba mu saa no nti, mɛma wo mmabarima baanu no, Hofni ne Pinehas no awuwu da koro mu.
35 I will raise me up a faithful priest, that shall do according to that which is in my heart and in my mind. I will build him a sure house; and he shall walk before my anointed forever.
Ɛno akyi masi ɔsɔfo foforo a ɔyɛ ɔnokwafo a ɔbɛsom me, na wayɛ nea mɛkyerɛ no sɛ ɔnyɛ biara. Mehyira nʼasefo, na ne fifo bɛyɛ ahene a mɛsra wɔn ngo no asefo akosi daa.
36 It shall happen, that everyone who is left in your house shall come and bow down to him for a piece of silver and a loaf of bread, and shall say, "Please put me into one of the priests' offices, that I may eat a morsel of bread."'"
Na wʼasefo nyinaa bɛkotow nʼasefo, asrɛsrɛ wɔn sika ne aduan. Wɔbɛka se, “Mesrɛ mo, momma yɛn nnwuma bi nyɛ wɔ asɔfo no mu sɛnea ɛbɛma yɛanya aduan adi amee.”’”

< 1 Samuel 2 >