< 1 Peter 3 >
1 In like manner, wives, be in subjection to your own husbands; so that, even if any do not obey the word, they may be won by the behavior of their wives without a word;
Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ sɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. Ɛho nhia sɛ mobɛka biribi,
2 seeing your pure behavior in fear.
ɛfiri sɛ wɔbɛhunu obuo ne anidie a mode ma Onyankopɔn wɔ mo suban mu.
3 Let your beauty be not just the outward adorning of braiding the hair, and of wearing jewels of gold, or of putting on fine clothing;
Mommma ɔhonam mu asiesie nnyɛ mo dadwene; sɛ ɛyɛ ɛkwan a mofa so kyekyere mo ti, anaa adwinneɛ a mode siesie mo ho, anaa ntoma a mofira.
4 but in the hidden person of the heart, in the incorruptible adornment of a gentle and quiet spirit, which is in the sight of God very precious.
Momfa ɔdwoɔ ne ahobrɛaseɛ nkyerɛ mo ahoɔfɛ a ɛyɛ akomamuteɛ no. Saa ahoɔfɛ yi kyɛre na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
5 For this is how the holy women before, who hoped in God also adorned themselves, being in subjection to their own husbands:
Saa ɛkwan yi so na mmaa agyidifoɔ a wɔtenaa ase tete no a na wɔwɔ anidasoɔ wɔ Onyankopɔn mu no nam brɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom, de kyerɛɛ wɔn ahoɔfɛ.
6 as Sarah obeyed Abraham, calling him lord, whose children you now are, if you do well, and are not put in fear by any terror.
Sara yɛɛ saa ara. Ɔtiee Abraham asɛm frɛɛ no “Me wura.” Seesei sɛ moyɛ papa na monsuro hwee a, moyɛ ne mmammaa.
7 You husbands, in like manner, live with your wives according to knowledge, giving honor to the woman, as to the weaker vessel, as being also joint heirs of the grace of life; that your prayers may not be hindered.
Mo okununom nso, saa ara na ɛsɛ sɛ modwene mo yerenom ho wɔ mo asetena mu. Momfa anidie mma wɔn na monhunu mmerɛ a wɔyɛ na monhunu sɛ wɔne mo yɛ adedifoɔ, na biribi ansi mo mpaeɛbɔ ɛkwan.
8 Finally, be all like-minded, compassionate, loving as brothers, tenderhearted, humble,
Deɛ ɛtwa toɔ, Mo nyinaa montena ase asomdwoeɛ mu. Monnya ɔtema mma mo ho mo ho. Monnodɔ mo ho mo ho, na monyɛ ahummɔborɔ, na mommrɛ mo ho ase.
9 not rendering evil for evil, or reviling for reviling; but instead blessing; because to this were you called, that you may inherit a blessing.
Mommfa bɔne ntua bɔne so ka, na mommfa ɔyea nso ntua ɔyea so ka. Na mmom, daa, monhyirahyira, ɛfiri sɛ, ɛno enti na wɔfrɛɛ mo na moanya nhyira.
10 For, "He who would love life, and see good days, let him keep his tongue from evil, and his lips from speaking deceit.
Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔtena ase yie na ɔhunu nna pa no, ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ɔgyae atorɔtwa.
11 Let him turn away from evil, and do good. Let him seek peace, and pursue it.
Ɛsɛ sɛ ɔte ne ho firi bɔne ho na ɔyɛ papa na ɔti asomdwoeɛ akyi na ɔdi akyire.
12 For the eyes of the Lord are on the righteous, and his ears open to their prayer; but the face of the Lord is against those who do evil."
Ɛfiri sɛ, Awurade ani wɔ ateneneefoɔ so na ɔtie wɔn mpaeɛbɔ na ɔtia wɔn a wɔyɛ bɔne.”
13 Now who is he who will harm you, if you become zealous of that which is good?
Sɛ wopere sɛ wopɛ sɛ woyɛ deɛ ɛtene a, hwan na ɔbɛha wo?
14 But even if you should suffer for righteousness' sake, you are blessed. "And do not fear what they fear, nor be troubled."
Na sɛ ɛba mpo sɛ woyɛ deɛ ɛtene na wohunu ho amane a, wʼani gye. Monnsuro nnipa, na mommma hwee nha mo.
15 But sanctify in your hearts Messiah as Lord; and always be ready to give an answer to everyone who asks you a reason concerning the hope that is in you, yet with humility and fear:
Momfa anidie mma Kristo wɔ mo akoma mu, na momma ɔnyɛ mo Awurade. Ɛberɛ biara a obi bɛbisa mo gyidie a mowɔ wɔ mo mu ho asɛm no, monkyerɛ no aseɛ.
16 having a good conscience; so that when they speak evil against you, they may be put to shame who slander your good manner of life in Messiah.
Momfa obuo ne anidie mma saa mmuaeɛ no. Momma mo adwene mu nna hɔ sɛdeɛ wɔn a wɔsopa mo suban pa wɔ Kristo mu no anim bɛgu ase wɔ wɔn nsekuro no ho.
17 For it is better, if it is God's will, that you suffer for doing well than for doing evil.
Ɛfiri sɛ, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ mobɛhunu amane a, ɛyɛ sɛ mobɛhunu ade tenenee a moyɛeɛ ho amane sene sɛ mobɛyɛ bɔne.
18 Because Messiah also suffered for sins once, the righteous for the unrighteous, that he might bring you to God; being put to death in the flesh, but made alive in the spirit;
Ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa wu maa mo. Ɔwuu pɛnkorɔ maa mo bɔne sɛdeɛ ɛbɛma moatumi akɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, nanso ɔsɔree honhom mu,
19 in which he also went and made a proclamation to the spirits in prison,
na ɔnam honhom no so kɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ ahonhom a wɔda afiase no.
20 who before were disobedient, when God waited patiently in the days of Noah, while the box-shaped ship was being built. In it, few, that is, eight souls, were saved by means of water.
Ahonhom yi yɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn ɛberɛ a Noa resene ne hyɛn no, nanso Onyankopɔn too ne bo ase maa wɔn. Onyankopɔn nam nsuo no so gyee nnipa baawɔtwe nkwa.
21 This is a symbol of baptism, which now saves you—not the removal of dirt from the body, but an appeal to God for a good conscience, through the resurrection of Jesus (the) Messiah,
Ɛno na afei ne sɛso ne asubɔ a ɛgye mo nkwa seesei no. Ɛnyɛ honam ani efi hohoro, na mmom, ɛyɛ bɔ a wɔfiri ahonim pa mu hyɛ Onyankopɔn. Ɛnam Yesu Kristo wusɔreɛ so gye mo nkwa.
22 who is at the right hand of God, having gone into heaven, angels and authorities and powers being made subject to him.
Kristo kɔ ɔsoro afei, na ɔte Onyankopɔn nifa so na ɔdi ɔhene wɔ abɔfoɔ nyinaa ne ewiem atumfoɔ so.