< Psalms 31 >

1 [For the Chief Musician. A Psalm by David.] In you, Jehovah, I take refuge. Let me never be disappointed. Deliver me in your righteousness.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Wo mu, Ao Awurade, na manya hintabea; mma mʼanim ngu ase; firi wo tenenee mu gye me.
2 Bow down your ear to me. Deliver me speedily. Be to me a strong rock, a house of defense to save me.
Yɛ aso ma me, bra ntɛm bɛgye me; yɛ me banbɔ botan, aban a mʼatamfoɔ nsa renka me.
3 For you are my rock and my fortress, therefore for your name's sake lead me and guide me.
Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban enti, wo din enti, di mʼanim na kyerɛ me ɛkwan.
4 Pluck me out of the net that they have laid secretly for me, for you are my stronghold.
Gye me firi afidie a wɔasum me no mu, ɛfiri sɛ wo ne me dwanekɔbea.
5 Into your hands I commit my spirit. You redeem me, Jehovah, God of truth.
Wo nsam na mede me kra hyɛ; gye me bio, Ao Awurade, Onyankopɔn nokwafoɔ.
6 I hate those who regard lying vanities, but I trust in Jehovah.
Mekyiri wɔn a wɔsom abosom huhuo; mede me ho to Awurade so.
7 I will be glad and rejoice in your loving kindness, for you have seen my affliction. You have known my soul in adversities.
Mʼani bɛgye na madi ahurisie wɔ wo dɔ mu, ɛfiri sɛ wohunu mʼamanehunu na wonim me kra mu haw.
8 You have not shut me up into the hand of the enemy. You have set my feet in a large place.
Woamfa me amma ɔtamfoɔ no mmom wode me nan asisi petee mu.
9 Have mercy on me, Jehovah, for I am in distress. My eye, my soul, and my body waste away with grief.
Hu me mmɔbɔ, Ao Awurade, ɛfiri sɛ me ho yera me; awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu ɛyea ama me kra ne me honam ayɛ mmerɛ.
10 For my life is spent with sorrow, my years with sighing. My strength fails because of my affliction, and my bones waste away.
Ateeteeɛ rete me nkwa so na abooboo te me mfeɛ so; ɔhaw enti mʼahoɔden kɔ fam na me nnompe nso ahodwo.
11 Because of all my adversaries I have become utterly contemptible to my neighbors, A fear to my acquaintances. Those who saw me on the street fled from me.
Mʼatamfoɔ nyinaa enti, mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu; nnipa a wɔnim me suro me, na wɔn a wɔhunu me mmɔntene so dwane.
12 I am forgotten from their hearts like a dead man. I am like broken pottery.
Obiara werɛ afiri me te sɛ deɛ mawuo; mayɛ sɛ kukuo a abɔ.
13 For I have heard the slander of many, terror on every side, while they conspire together against me, they plot to take away my life.
Mete dodoɔ no nsekuro. Ahunahuna atwa me ho ahyia. Wɔrepam me tiri so na wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛkum me.
14 But I trust in you, Jehovah. I said, "You are my God."
Nanso, mede me ho ato wo so, Ao Awurade; meka sɛ, “Woyɛ me Onyankopɔn.”
15 My times are in your hand. Deliver me from the hand of my enemies, and from those who persecute me.
Me mmerɛ wɔ wo nsam gye me firi mʼatamfoɔ ne wɔn a wɔtaa me no nsam.
16 Make your face to shine on your servant. Save me in your loving kindness.
Te wʼanim kyerɛ wo ɔsomfoɔ; gye me wɔ wo dɔ a ɛnsa da no mu.
17 Let me not be disappointed, Jehovah, for I have called on you. Let the wicked be disappointed. Let them be silent in Sheol. (Sheol h7585)
Mma mʼanim ngu ase, Ao Awurade, ɛfiri sɛ masu mafrɛ wo; mmom, ma amumuyɛfoɔ anim ngu ase na wɔnna wɔn damena mu komm. (Sheol h7585)
18 Let the lying lips be mute, which speak against the righteous insolently, with pride and contempt.
Mua atorofoɔ ano, ɛfiri sɛ wɔde ahantan ne anintiabuo kasa tia teneneefoɔ.
19 Oh how great is your goodness, which you have stored up for those who fear you, which you have worked for those who take refuge in you, before the descendants of Adam.
Wo papayɛ dɔɔso, ɛno na woakora ama wɔn a wɔsuro woɔ no; ɛno na wode ma wɔn a wɔdwane toa woɔ no wɔ nnipa anim.
20 In the shelter of your presence you will hide them from the plotting of man. You will keep them secretly in a dwelling away from the strife of tongues.
Wode wɔn sie wʼanim banbɔ mu firi nnipa nsusuiɛ bɔne ho; wo tenabea hɔ na wode wɔn sie dwoodwoo firi tɛkrɛma a ɛbɔ soboɔ ho.
21 Praise be to Jehovah, for he has shown me his marvelous loving kindness in a besieged city.
Ayɛyi nka Awurade! Sɛ wayi ne dɔ nwanwasoɔ akyerɛ me ɛberɛ a na mewɔ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia no mu.
22 As for me, I said in my haste, "I am cut off from before your eyes." Nevertheless you heard the voice of my petitions when I cried to you.
Mebɔɔ huboa no, mekaa sɛ: “Woayi wʼani me so!” Nanso wotee me mmɔborɔ su ɛberɛ a mekoto srɛɛ woɔ no.
23 Oh love Jehovah, all you his faithful ones. Jehovah preserves the faithful, and fully recompenses him who behaves arrogantly.
Monnɔ Awurade, mo a moyɛ nʼahotefoɔ nyinaa! Awurade kora wɔn a wodi nokorɛ so, na ahomasofoɔ deɛ ɔtua wɔn ka pɛpɛɛpɛ.
24 Be strong, and let your heart take courage, all you who hope in Jehovah.
Monhyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam, mo a mowɔ anidasoɔ wɔ Awurade mu nyinaa.

< Psalms 31 >