< Philippians 1 >

1 Paul and Timothy, servants of Christ Jesus; To all the saints in Christ Jesus who are at Philippi, with the bishops and deacons:
Nwoma yi firi Paulo ne Timoteo a wɔyɛ Kristo Yesu nkoa nkyɛn, Yɛde kɔma Yesu Kristo mu ahotefoɔ ne ahwɛfoɔ ne asomafoɔ a wɔwɔ Filipi no nyinaa:
2 Grace to you and peace from God our Father and the Lord Jesus Christ.
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
3 I thank my God whenever I remember you,
Ɛberɛ biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase.
4 always in every prayer of mine for all of you, making my requests with joy,
Saa ara nso na da biara mede anigyeɛ bɔ mpaeɛ ma mo,
5 for your partnership in the Good News from the first day until now;
ɛfiri sɛ, ɛfiri da a ɛdi ɛkan de bɛsi sɛsɛɛ no, moaboa me wɔ asɛmpaka no adwumayɛ mu.
6 being confident of this very thing, that he who began a good work in you will complete it until the day of Christ Jesus.
Yei enti, megye di yie sɛ, Onyankopɔn a ɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ saa adwuma pa yi wɔ mo mu no bɛkɔ so de akɔsi da a Yesu Kristo bɛba no.
7 It is even right for me to think this way about all of you, because I have you in my heart, because, both in my imprisonment and in the defense and confirmation of the Good News, you all are partakers with me of grace.
Sɛdeɛ mo ho adwene pa wɔ me tirim no enti, sɛ daa mekae mo a, na ne kwan so ara ne no. Ɛfiri sɛ, sɛ meda mpɔkyerɛ mu, anaasɛ mede me ho na mereka Asɛmpa no a, mo nyinaa ne me nya Onyankopɔn adom.
8 For God is my witness, how I long after all of you in the tender mercies of Christ Jesus.
Onyankopɔn ankasa di me adanseɛ sɛ mʼani agyina mo wɔ Yesu Kristo ɔdɔ mu.
9 This I pray, that your love may abound yet more and more in knowledge and all discernment;
Me mpaeɛ a mebɔ ma mo ne sɛ, ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu bɛyɛ den, na mobɛnyini wɔ nimdeɛ ne nteaseɛ mu,
10 so that you may approve the things that are excellent; that you may be pure and blameless for the Day of Christ;
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu deɛ ɛyɛ na da a Kristo bɛba no, moayɛ kronn a obi nka asɛm bi ntia mo.
11 being filled with the fruit of righteousness, which are through Jesus Christ, to the glory and praise of God.
Nneɛma pa a Yesu Kristo no nko bɛtumi de ama mo no bɛhyɛ mo abrabɔ ma de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, akamfo no.
12 Now I desire to have you know, brothers, that the things which happened to me have turned out rather to the progress of the Good News;
Anuanom, mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ nneɛma a aba me so nyinaa aboa ama Asɛmpa no atrɛ.
13 so that it became evident to the whole praetorian guard, and to all the rest, that my bonds are in Christ;
Ɛno enti, awɛmfoɔ a wɔwɔ ahemfie ha ne afoforɔ a wɔka wɔn ho no nyinaa nim sɛ, ɛsiane sɛ meyɛ Kristo ɔsomfoɔ no enti na meda afiase.
14 and that most of the brothers in the Lord, being confident through my bonds, are more abundantly bold to speak the word without fear.
Afiase a meda no ahyɛ anuanom bebree nkuran wɔ Awurade mu ma wɔtumi ka Onyankopɔn asɛm no wɔ akokoɔduru so a wɔnsuro hwee.
15 Some indeed preach Christ even out of envy and strife, and some also out of good will.
Ɛyɛ nokorɛ sɛ wɔn mu binom nam nitan ne ntɔkwapɛ so ka Kristo ho asɛm foforɔ, na afoforɔ nso de adwene pa na ɛka ne ho asɛm.
16 The latter out of love, knowing that I am appointed for the defense of the Good News.
Wɔn a wɔde adwene pa ka asɛm no firi ɔdɔ mu na ɛka, ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ Onyankopɔn asɛm enti na meda afiase.
17 The former insincerely preach Christ from selfish ambition, thinking that they add affliction to my chains.
Afoforɔ a wɔnam nitan ne ntɔkwapɛ so ka asɛm no nso dwene sɛ wɔnam saa kwan yi so bɛma mʼahohiahia aboro so wɔ mʼafiase nna yi mu.
18 What does it matter? Only that in every way, whether out of false motives or in truth, Christ is proclaimed. I rejoice in this, yes, and will rejoice.
Yei enti, na ayɛ ɛdeɛn? Ɛyɛ me anigyesɛm. Deɛ ɛhia ara ne sɛ, sɛ wɔfiri adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka. Na yei enti mʼani gye na mɛkɔ so ama mʼani agye,
19 For I know that this will turn out for my deliverance, through your petition and the supply of the Spirit of Jesus Christ,
ɛfiri sɛ, menim sɛ mo mpaeɛbɔ ne adom a ɛfiri Yesu Kristo Honhom mmoa mu no enti, wɔbɛgyaa me.
20 according to my earnest expectation and hope, that I will in no way be disappointed, but with all boldness, as always, now also Christ will be magnified in my body, whether by life, or by death.
Mepɛ ne mʼanidasoɔ titire ne sɛ, mmerɛ nyinaa mede nsi ne anem bɛyɛ mʼadwuma; mpo saa ɛberɛ yi, sɛ mete ase o, sɛ mewu o, mede me onipadua nyinaa bɛhyɛ Kristo animuonyam.
21 For to me to live is Christ, and to die is gain.
Me deɛ, Kristo enti na mete ase; na mpo, owuo yɛ me mfasoɔ.
22 But if I live on in the flesh, this will bring fruit from my work; yet I do not make known what I will choose.
Nanso sɛ mete ase a, mɛtumi ayɛ adwuma a ɛho wɔ mfasoɔ ama Kristo. Ɛno enti, menhunu mu deɛ memfa, asetena anaasɛ owuo.
23 But I am in a dilemma between the two, having the desire to depart and be with Christ, which is far better.
Yei adi me aniani. Pɛ na mepɛ sɛ metu firi ewiase ne Kristo kɔtena, ɛfiri sɛ, ɛno mmom na ɛyɛ;
24 Yet, to remain in the flesh is more needful for your sake.
nanso mo enti, sɛ mete ase nso a, anka ɛyɛ.
25 And since I am persuaded of this, I know that I will remain and continue with all of you for your progress and joy in the faith,
Menim sɛ me ho hia wɔ asase yi so ha; ɛno enti, megye di sɛ mɛtena ha kakra na maboa mo ama moanyini wɔ gyidie mu anya anigyeɛ.
26 that your rejoicing may abound in Christ Jesus in me through my presence with you again.
Mʼasetena yi bɛma mo ani agye na sɛ mesane bɛsra mo bio a, mobɛnya biribi agyina so ahyɛ Kristo animuonyam sɛ ɔbɔɔ me ho ban.
27 Only let your manner of life be worthy of the Good News of Christ, that, whether I come and see you or am absent, I may hear of your state, that you stand firm in one spirit, with one soul striving for the faith of the Good News;
Seesei, adeɛ a ɛho hia me ne sɛ, biribiara a ɛbɛto mo no, momma mo abrabɔ mfata Kristo Asɛmpa no nko ara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ yɛhyia o, sɛ yɛanhyia o, mɛte mo ho asɛm pa sɛ mogyina pintinn na mokura botaeɛ korɔ ne gyidie korɔ wɔ Asɛmpa no ho.
28 and in nothing frightened by the adversaries, which is for them a proof of destruction, but to you of salvation, and that from God.
Monnsuro mo atamfoɔ. Biribiara a mobɛyɛ no, momfa akokoɔduru nnyina pintinn. Na yei bɛdi adanseɛ sɛ wɔbɛdi nkoguo na moadi nkonim, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ka mo ho.
29 Because it has been granted to you on behalf of Christ, not only to believe in him, but also to suffer on his behalf,
Na mo deɛ, ɛnyɛ sɛ wɔadom mo sɛ monni Kristo akyi nko, na mmom, sɛ mobɛhunu amane nso.
30 having the same conflict which you saw in me, and now hear is in me.
Afei mobɛtumi ne me abom ako ɔko a mereko no. Saa ɔko yi na ɛberɛ a atwam no, mekoeɛ no, na megu so reko sɛdeɛ mote no no.

< Philippians 1 >