< Leviticus 7 >

1 "'This is the law of the trespass offering. It is most holy.
“‘Amanneɛ a ɛfa bɔne afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron no nie:
2 In the place where they kill the burnt offering, he shall kill the trespass offering; and its blood he shall sprinkle around on the altar.
Wɔbɛkum aboa a wɔde no rebɔ afɔdeɛ no wɔ beaeɛ a wɔkumm aboa a wɔde no bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no na wɔde ne mogya no apete afɔrebukyia no ho ahyia.
3 He shall offer all of its fat: the fat tail, and the fat that covers the entrails,
Ɔsɔfoɔ no de aboa no mu sradeɛ nyinaa, ne dua,
4 and the two kidneys, and the fat that is on them, which is by the loins, and the cover on the liver, with the kidneys, shall he take away;
ne sawa mmienu ne ne sisia sradeɛ ne ne berɛboɔ kotokuo no nyinaa bɛgu nkyɛn de abɔ saa afɔdeɛ no.
5 and the priest shall burn them on the altar for an offering made by fire to Jehovah: it is a trespass offering.
Asɔfoɔ no bɛhye no afɔrebukyia no so sɛ ɛfɔdie ho afɔdeɛ de ama Awurade.
6 Every male among the priests may eat of it. It shall be eaten in a holy place. It is most holy.
Mmarima a wɔfra asɔfoɔ no mu nko ara na wɔbɛwe ɛnam no bi. Wɔnwe no beaeɛ a ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ, ɛyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛho te yie.
7 "'As is the sin offering, so is the trespass offering; there is one law for them. The priest who makes atonement with them shall have it.
“‘Amanneɛ korɔ no ara na wɔbɛfa so abɔ bɔne afɔdeɛ ne ɛfɔdie afɔdeɛ no. Ɔsɔfoɔ a ɔdi mmaratodeɛ no ho dwuma no na ɛsɛ sɛ ɔwe ɛnam no.
8 The priest who offers any man's burnt offering, even the priest shall have for himself the skin of the burnt offering which he has offered.
Sɛ afɔrebɔ no yɛ ɔhyeɛ afɔrebɔ a, wɔde aboa no ho nhoma no bɛma ɔsɔfoɔ a ɔbɛdi dwuma no.
9 Every meal offering that is baked in the oven, and all that is dressed in the pan, and on the griddle, shall be the priest's who offers it.
Sɛ asɔfoɔ a wɔbɔ atokoɔ ho afɔdeɛ ma Awurade no wie saa afɔrebɔ no a, wɔde atokoɔ no nkaeɛ bɛma wɔn. Sɛ afɔrebɔdeɛ no, wɔto o, wɔkye o, wɔnoa o, amanneɛ korɔ no ara ase na ɛhyɛ.
10 Every meal offering, mixed with oil or dry, belongs to all the sons of Aaron, one as well as another.
Atokoɔ afɔrebɔ biara a aka no, sɛ wɔde ngo fra anaa wɔamfa ngo amfra a, ɛyɛ Aaron mmammarima nyinaa dea.
11 "'This is the law of the sacrifice of peace offerings, which one shall offer to Jehovah.
“‘Amanneɛ a ɛfa asomdwoeɛ afɔdeɛ sononko a wɔbɔ ma Awurade no nie:
12 If he offers it for a thanksgiving, then he shall offer with the sacrifice of thanksgiving unleavened cakes mixed with oil, and unleavened wafers anointed with oil, and cakes mixed with oil.
“‘Sɛ ɛyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ a, wɔmfa burodo a mmɔreka nni mu a wɔde ngo afra nka ho. Saa ara na wɔmfa burodo ntrawa bi a wɔde ngo agu so ne asikyiresiam mfrafraeɛ a wɔde afra ngo nka saa afɔrebɔdeɛ no ho.
13 With cakes of leavened bread he shall offer his offering with the sacrifice of his peace offerings for thanksgiving.
Wɔmfa burodo a wɔde mmɔreka afra nka saa aseda asomdwoeɛ afɔdeɛ yi ho.
14 Of it he shall offer one out of each offering for a heave offering to Jehovah. It shall be the priest's who sprinkles the blood of the peace offerings.
Wɔde saa afɔrebɔdeɛ yi bi bɛgyina afɔrebukyia no anim na wɔahim no afɔrebukyia no anim akɔ fa aba fa de akyerɛ sɛ, wɔde ama Awurade. Afei, wɔbɛdane afɔrebɔdeɛ no ama ɔsɔfoɔ a ɔpete aboa a wɔde no bɛbɔ afɔdeɛ no mogya a ɔboa dwumadie no.
15 The flesh of the sacrifice of his peace offerings for thanksgiving shall be eaten on the day of his offering. He shall not leave any of it until the morning.
Sɛ wɔde aboa no bɔ Awurade afɔdeɛ de ma no sɛ asomdwoeɛ afɔrebɔ de kyerɛ sɛ ɛyɛ anisɔ ne asedadeɛ a, wɔbɛwe ne nam ɛda no ara. Ɛnsɛ sɛ ebi ka na adeɛ kye a wɔawe.
16 "'But if the sacrifice of his offering is a vow, or a freewill offering, it shall be eaten on the day that he offers his sacrifice; and on the next day what remains of it shall be eaten:
“‘Na sɛ obi de afɔrebɔdeɛ bi ba a ɛnyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ na mmom, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ anaa ɛfiri nʼakoma mu na ɔde rebrɛ Awurade deɛ a, deɛ ɛbɛka biara wɔ afɔrebɔ no akyi no, sɛ adeɛ kye so a, wɔtumi we.
17 but what remains of the flesh of the sacrifice on the third day shall be burned with fire.
Biribiara a ɛbɛka a ɛbɛdi nnansa no deɛ, wɔnhye no.
18 If any of the flesh of the sacrifice of his peace offerings is eaten on the third day, it will not be accepted, neither shall it be imputed to him who offers it. It will be an abomination, and the soul who eats any of it will bear his iniquity.
Sɛ obi we deɛ adi nnansa no bi a, Awurade rennye afɔrebɔdeɛ no; na ɛrenni mu sɛ afɔrebɔdeɛ, na onipa a ɔde baeɛ sɛ wɔmfa mmɔ saa afɔdeɛ no rennya ho mfasoɔ biara. Ɔsɔfoɔ a ɔbɛwe no nso bɛdi ho fɔ, ɛfiri sɛ, ɛyɛ akyiwadeɛ ma Awurade; na onipa a ɔbɛwe saa ɛnam no, ɛsɛ sɛ ɔyi ne ho ano wɔ saa bɔne no ho.
19 "'The flesh that touches any unclean thing shall not be eaten. It shall be burned with fire. As for the flesh, everyone who is clean may eat it;
“‘Ɛnam biara a ɛka biribi a wɔntee ho no, wɔnnwe; wɔnhye no. Ɛnam biara a aka deɛ, obiara a ne ho te wɔ ho kwan sɛ ɔwe.
20 but the soul who eats of the flesh of the sacrifice of peace offerings, that belongs to Jehovah, having his uncleanness on him, that soul shall be cut off from his people.
Ɔsɔfoɔ biara a ne ho nte na ɔbɛdi asomdwoeɛ afɔdeɛ no bi no, wɔbɛtwa no asuo, ɛfiri sɛ, wagu ade kronkron ho fi.
21 When anyone touches any unclean thing, the uncleanness of man, or an unclean animal, or any unclean abomination, and eats some of the flesh of the sacrifice of peace offerings, which belong to Jehovah, that soul shall be cut off from his people.'"
Obiara a ɔde ne nsa bɛka biribi a ɛho nte no, sɛ ɛyɛ onipa anaa aboa na ɔguu ho fi na ɔbɛdii asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no bi no, wɔbɛtwa no asuo, ɛfiri sɛ, wagu ade kronkron ho fi.’”
22 Jehovah spoke to Moses, saying,
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
23 "Speak to the children of Israel, saying, 'You shall eat no fat, of bull, or sheep, or goat.
“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔnnni sradeɛ, sɛ ɛfiri anantwie, nnwan anaa mmirekyie mu.
24 The fat of that which dies of itself, and the fat of that which is torn of animals, may be used for any other service, but you shall in no way eat of it.
Sɛ yadeɛ bi bɔ aboa bi na ɔwu anaasɛ mmoa bɔne bi taataa aboa foforɔ bi so kum no a, wɔnnni ne sradeɛ na mmom, wɔmfa nyɛ ade foforɔ.
25 For whoever eats the fat of the animal, of which men offer an offering made by fire to Jehovah, even the soul who eats it shall be cut off from his people.
Obiara a ɔbɛdi sradeɛ a ɛfiri afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ no ogya so de ma Awurade no, wɔbɛtwa no asuo.
26 You shall not eat any blood, whether it is of bird or of animal, in any of your dwellings.
Monnni mogya—sɛ ɛyɛ nnomaa anaa ntɔteboa.
27 Whoever it is who eats any blood, that soul shall be cut off from his people.'"
Obiara a ɔbɛyɛ saa no, wɔbɛtwa no asuo.”
28 Jehovah spoke to Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
29 "Speak to the children of Israel, saying, 'He who offers the sacrifice of his peace offerings to Jehovah shall bring his offering to Jehovah out of the sacrifice of his peace offerings.
“Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ Awurade asomdwoeɛ afɔdeɛ no, ɔno ara mfa nkura ne nsam mfa mmra.
30 With his own hands he shall bring the offerings of Jehovah made by fire. He shall bring the fat with the breast, that the breast may be waved for a wave offering before Jehovah.
Ɔmfa afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ sradeɛ ne ne yan a wɔbɛhim no afɔrebukyia no anim de ama Awurade no mmra.
31 The priest shall burn the fat on the altar, but the breast shall be Aaron's and his sons'.
Afei, ɔsɔfoɔ no bɛhye sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so na ne yan no deɛ, Aaron ne ne mmammarima bɛfa,
32 The right thigh you shall give to the priest for a heave offering out of the sacrifices of your peace offerings.
na ɔsɔfoɔ a ɔredi dwuma no afa ne srɛ nifa no.
33 He among the sons of Aaron who offers the blood of the peace offerings, and the fat, shall have the right thigh for a portion.
Na Aaron mmammarima no mu deɛ ɔde mogya ne sradeɛ a ɛfiri afɔrebɔdeɛ no mu bɛba afɔrebukyia no so na ɔbɛfa srɛ nifa no.
34 For the waved breast and the heaved thigh I have taken from the children of Israel out of the sacrifices of their peace offerings, and have given them to Aaron the priest and to his sons as their portion forever from the children of Israel.'"
Mahyɛ sɛ wɔmfa ne yan no ne ne srɛ no mma sɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Israelfoɔ nkyɛn a wɔde rebrɛ Aaron mmammarima. Ɛberɛ biara, wɔmfa saa afɔrebɔdeɛ no kyɛfa yi no mma Aaron ne ne mmammarima.”
35 This is the anointing portion of Aaron, and the anointing portion of his sons, out of the offerings of Jehovah made by fire, in the day when he presented them to minister to Jehovah in the priest's office;
Wɔn akatua ne no: Ɔhyeɛ afɔrebɔ no, wɔde bɛto nkyɛn na wɔde ama wɔn a wɔayi wɔn sɛ Awurade asɔfoɔ a ɛyɛ Aaron ne ne mmammarima.
36 which Jehovah commanded to be given them of the children of Israel, in the day that he anointed them. It is their portion forever throughout their generations.
Ɛfiri sɛ, ɛda a Awurade sraa wɔn ngo no, ɔhyɛɛ sɛ Israelfoɔ mfa saa kyɛfa no mma wɔn; ɛyɛ wɔn kyɛfa daa daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.
37 This is the law of the burnt offering, of the meal offering, and of the sin offering, and of the trespass offering, and of the consecration, and of the sacrifice of peace offerings;
Yeinom ne amanneɛ a ɛfa ɔhyeɛ afɔrebɔ, atokoɔ afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ, ɛfɔdie afɔrebɔ, ahoteɛ afɔrebɔ ne asomdwoeɛ afɔrebɔ ho.
38 which Jehovah commanded Moses in Mount Sinai, in the day that he commanded the children of Israel to offer their offerings to Jehovah, in the wilderness of Sinai.
Awurade de saa mmara yi maa Mose wɔ Sinai Bepɔ so sɛ ɔno nso mfa mma Israelfoɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛhunu ɛkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so bɔ wɔn afɔdeɛ ahodoɔ no de ma Onyankopɔn wɔ Sinai ɛserɛ so hɔ.

< Leviticus 7 >