< Leviticus 22 >

1 Jehovah spoke to Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2 "Tell Aaron and his sons to separate themselves from the holy things of the children of Israel, which they make holy to me, and that they not profane my holy name. I am Jehovah.
“Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima sɛ, wɔmfa anidie mma afɔrebɔdeɛ kronkron a Israelfoɔ ate ho ama me no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔnngu me din ho fi. Mene Awurade.
3 "Tell them, 'If anyone of all your descendants throughout your generations approaches the holy things, which the children of Israel make holy to Jehovah, having his uncleanness on him, that soul shall be cut off from before me. I am Jehovah.
“Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, sɛ ɔsɔfoɔ biara a ne ho agu fi de ne nsa ka mmoa anaa akyɛdeɛ biara a nnipa no de aba sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ mma Awurade a, wɔbɛworɔ nʼatadeɛ. Mene Awurade.
4 "'No man of the descendants of Aaron is a leper or has an issue, may eat of the holy things, until he is clean. Whoever touches anything that is unclean by the dead, a man who has had a seminal emission;
“Ɔsɔfoɔ biara a ɔwɔ honam ani nsane yadeɛ biara nni ho kwan sɛ ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi gye sɛ, wɔasa no yadeɛ ama ne ho afiri ansa. Ɔsɔfoɔ biara a ɔde ne nsa bɛka funu anaa ɛnam ahosene enti ne ho bɛgu fi no,
5 or whoever touches any crawling creature, whereby he may be made unclean, or a man of whom he may take uncleanness, whatever uncleanness he has;
anaa ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ɔwea fam anaa akyiwadeɛ bi anaa obi a biribi enti, wɔagu ne ho fi no,
6 the person that touches any such shall be unclean until the evening, and shall not eat of the holy things, unless he bathe his body in water.
saa ɔsɔfoɔ no ho bɛgu fi kɔsi anwummerɛ. Ɔrenni afɔrebɔdeɛ a wɔate ho no bi kɔsi anwummerɛ a ɔbɛdware.
7 When the sun is down, he shall be clean; and afterward he shall eat of the holy things, because it is his bread.
Sɛ owia kɔtɔ a, ne ho bɛte na ɛno akyi ɔbɛtumi adi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ nʼaduane.
8 That which dies of itself, or is torn by animals, he shall not eat, defiling himself by it. I am Jehovah.
Ɛnsɛ sɛ ɔdi aboa funu anaa deɛ akekaboa bi atete ne mu, na amma ne ho angu fi. Mene Awurade.
9 "'They shall therefore follow my requirements, lest they bear sin for it, and die because of it, if they profane it. I am Jehovah who sanctifies them.
“Bɔ asɔfoɔ no kɔkɔ na wɔnni saa mmara yi so yie, anyɛ saa a, wɔbɛtwe wɔn aso na wɔawuwu sɛ wɔabu saa mmara yi so enti. Mene Awurade a mate wɔn ho.
10 "'No stranger shall eat of the holy thing: a foreigner living with the priests, or a hired servant, shall not eat of the holy thing.
“Obiara nni ho kwan sɛ ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi gye sɛ ɔyɛ ɔsɔfoɔ. Ɔhɔhoɔ a wabɛsra ɔsɔfoɔ no nni ho kwan sɛ ɔdi bi. Na saa ara nso na ɔsomfoɔ a wɔtua no ka nni ho kwan sɛ ɔdi bi.
11 But if a priest buys a slave, purchased by his money, he shall eat of it; and such as are born in his house, they shall eat of his bread.
Nanso sɛ ɛba sɛ ɔsɔfoɔ no de ɔno ara ne sika tɔ akoa a, saa akoa no tumi di bi. Na akoa no mma biara a ɔbɛwo wɔn wɔ fie hɔ no wɔ ho kwan sɛ wɔdi bi.
12 If a priest's daughter is married to an outsider, she shall not eat of the heave offering of the holy things.
Sɛ ɔsɔfoɔ babaa kɔware firi abusuakuo no akyi baabi a, ɔnni ho kwan sɛ ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi.
13 But if a priest's daughter is a widow, or divorced, and has no child, and has returned to her father's house, as in her youth, she may eat of her father's bread: but no stranger shall eat any of it.
Na sɛ ɔyɛ okunafoɔ anaa obi a wɔagyaa no awadeɛ na ɔnni babarima a ɔbɛhwɛ no na ɛno enti ɔsane ba nʼagya nkyɛn a, ɔtumi di nʼagya aduane no bi bio. Yeinom akyi no, asɔfoɔ no abusuafoɔ nko ara na wɔwo ho kwan sɛ wɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no.
14 "'If a man eats something holy unwittingly, then he shall add the fifth part of its value to it, and shall give the holy thing to the priest.
“Sɛ obi anhunu na ɔkɔdi saa afɔrebɔdeɛ kronkron no bi a, ɛsɛ sɛ ɔtua ho ka na ɔsane bɔ ho nkyɛmu ɔha mu aduonu de ka ho.
15 The priests shall not profane the holy things of the children of Israel, which they offer to Jehovah,
Ɛfiri sɛ, afɔrebɔdeɛ kronkron a Israelfoɔ de aba no, ɛnsɛ sɛ nnipa a wɔmmaa wɔn ho kwan sɛ wɔnni bi no di bi, ɛfiri sɛ, Awurade na ɔde saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa abrɛ no.
16 and so cause them to bear the iniquity that brings guilt, when they eat their holy things: for I am Jehovah who sanctifies them.'"
Na obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no di ho fɔ, na asɛm da ne so, ɛfiri sɛ, wadi afɔrebɔdeɛ kronkron. Na mene Awurade a mete afɔrebɔdeɛ nyinaa ho.”
17 Jehovah spoke to Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
18 "Speak to Aaron, and to his sons, and to all the children of Israel, and say to them, 'Any man of the house of Israel or the foreigners who sojourn in Israel, who offers his offering, whether it be any of their vows, or any of their freewill offerings, which they offer to Jehovah for a burnt offering;
“Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima ne Israelfoɔ nyinaa sɛ, ‘Sɛ Israelni anaa obi a ɔne mo te bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade a, sɛ ɛyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ bɔhyɛ bi enti anaa ɔno ara ne pɛ mu na ɔrebɔ no,
19 that you may be accepted, you shall offer a male without blemish, of the bulls, of the sheep, or of the goats.
sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ aboanini a ne ho nni dɛm biara a ɔyɛ nantwie ba anaa odwan anaa abirekyie no, Awurade bɛgye.
20 But whatever has a blemish, that you shall not offer: for it shall not be acceptable for you.
Ɛnsɛ sɛ wɔde biribiara a ɛdɛm wɔ ho bɔ afɔdeɛ, ɛfiri sɛ, wɔrennye.
21 Whoever offers a sacrifice of peace offerings to Jehovah to accomplish a vow, or for a freewill offering, of the herd or of the flock, it shall be perfect to be accepted; there shall be no blemish in it.
Obiara a ɔfiri nʼanantwie anaa ne nnwan mu sɛ ɔrebɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade no, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ bi ho afɔrebɔ anaa ɔno ara ne pɛ mu no, ɛnsɛ sɛ ɔde aboa a wadi dɛm na ɛbɔ saa afɔdeɛ no, ɛfiri sɛ, wɔrennye.
22 Blind, injured, maimed, having a wart, festering, or having a running sore, you shall not offer these to Jehovah, nor make an offering by fire of them on the altar to Jehovah.
Aboa a nʼani abɔ anaa wadi dɛm anaa wapira anaa ekuro anaa nweweeɛ wɔ ne ho, anaa wedeɛ ani yadeɛ ayɛ no no, ɛnsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔmfata sɛ wɔde no ba afɔrebukyia so bɛbɔ afɔdeɛ ma Awurade.
23 Either a bull or a lamb that has any deformity or lacking in his parts, that you may offer for a freewill offering; but for a vow it shall not be accepted.
Sɛ biribi a ɛboro so anaa ɛtɔ sin wɔ nantwie ba anaa odwan ba a wɔde no rebrɛ Awurade no ho a, ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ ɔpɛ mu afɔdeɛ na mmom, ɛnyɛ bɔhyɛ afɔdeɛ.
24 That which has its testicles bruised, crushed, broken, or cut, you shall not offer to Jehovah; neither shall you do thus in your land.
Ɛnsɛ sɛ wɔde aboa a wɔasa no bɔ Awurade afɔdeɛ ɛkwan biara so.
25 Neither shall you offer the bread of your God from the hand of a foreigner of any of these; because their corruption is in them. There is a blemish in them. They shall not be accepted for you.'"
Saa mmara yi da hɔ ma ahɔhoɔ a wɔfra mo mu a wɔpɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ne mo ankasa, ɛfiri sɛ, aboa biara a wadi dɛm no nyɛ mma saa afɔrebɔ no.’”
26 Jehovah spoke to Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
27 "When a bull, or a sheep, or a goat, is born, then it shall remain seven days with its mother; and from the eighth day and thenceforth it shall be accepted for the offering of an offering made by fire to Jehovah.
“Sɛ wɔwo nantwie, odwan anaa abirekyie a, ɛsɛ sɛ aboa no tena ne maame nkyɛn nnanson. Na ɛfiri nnawɔtwe rekorɔ no, sɛ wɔde no bɔ ogya afɔdeɛ a, Awurade bɛgye.
28 Whether it is an ox or a sheep, you shall not kill it and its young both in one day.
Ɛnsɛ sɛ mokum aboa bi ne ne ba ɛda koro, sɛ ɔyɛ nantwie anaa odwan.
29 "When you sacrifice a sacrifice of thanksgiving to Jehovah, you shall sacrifice it so that you may be accepted.
“Sɛ morebɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade a, ɛsɛ sɛ mofa ɛkwan pa so,
30 It shall be eaten on the same day; you shall leave none of it until the morning. I am Jehovah.
ɛne sɛ, mobɛwe aboa a wɔde no bɔɔ afɔdeɛ no nam ɛda no ara a wɔkumm no no. Mommma adeɛ nnkye ebi so. Mene Awurade.
31 "Therefore you shall keep my commandments, and do them. I am Jehovah.
“Monni me mmarahyɛ nyinaa so na mene Awurade.
32 You shall not profane my holy name, but I will be made holy among the children of Israel. I am Jehovah who makes you holy,
Ɛnsɛ sɛ mogu me din kronkron ho fi. Monni me ni na me, Awurade, na metee mo ho de mo bataa me ho,
33 who brought you out of the land of Egypt, to be your God. I am Jehovah."
nam so gyee mo firii Misraim ma mobɛyɛɛ mʼankasa me nnipa! Mene Awurade.”

< Leviticus 22 >