< Lamentations 3 >

1 I am the man that has seen affliction by the rod of his wrath.
Mene ɔbarima a mahunu amane wɔ nʼabufuo abaa ano.
2 He has led me and caused me to walk in darkness, and not in light.
Wapam me afiri ne ho ama manante sum mu na ɛnyɛ hann mu;
3 Surely against me he turns his hand again and again all the day.
Ampa ara wama nsa so atia me mpɛn bebree, ɛda mu nyinaa.
4 My flesh and my skin he has made old; he has broken my bones.
Wama me wedeɛ ne me nam anyini Na wabubu me nnompe.
5 He has built against me, and surrounded me with bitterness and hardship.
Waka me ahyɛ mu, ɔde nwononwono ne ahokyere atwa me ho ahyia.
6 He has made me to dwell in dark places, like those that have been long dead.
Wama matena esum mu sɛ wɔn a wɔawuwu dada no.
7 He has walled me in, so I can't escape; he has made my chains heavy.
Wato ɔfasuo atwa me ho ahyia enti mentumi nnwane; wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ baha.
8 Yes, when I cry, and call for help, he shuts out my prayer.
Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpaeɛ srɛ mmoa a ɔsi me mpaeɛbɔ ano.
9 He has walled up my ways with cut stone; he has made my paths crooked.
Ɔde abotan asi me ɛkwan; wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.
10 He is to me as a bear lying in wait, as a lion in hiding.
Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn, te sɛ gyata a watɛ,
11 He has obstructed my path, and torn me in pieces; he has made me desolate.
ɔtwee me firi ɛkwan no mu dwerɛɛ me na ɔgyaa me a menni mmoa biara.
12 He has bent his bow, and set me as a mark for the arrow.
Ɔkuntunuu ne tadua mu na ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so.
13 He has caused the arrows of his quiver to pierce my inward parts.
Ɔde bɛmma a ɛfiri ne kotokuo mu hwiree mʼakoma mu.
14 I have become a laughingstock to all peoples, and their song all the day.
Meyɛɛ asredeɛ maa me nkurɔfoɔ nyinaa; wɔto akutia nnwom de di me ho fɛ ɛda mu nyinaa.
15 He has filled me with bitterness, he has given me in full measure wormwood.
Ɔde nhahan nwononwono ahyɛ me ma. Wama me bɔnwoma anom.
16 He has also broken my teeth with gravel; he has pressed me down in the dust.
Ɔde aboseaa abubu me se; na watiatia me so wɔ mfuturo mu.
17 You have removed my soul far away from peace; I have forgotten what prosperity is.
Wɔama asomdwoeɛ abɔ me; na mewerɛ afiri yiedie.
18 And I said, "My strength and my hope has perished from Jehovah."
Enti mese, “Mʼanimuonyam asa, deɛ mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.”
19 Remember my affliction and my misery, the wormwood and the gall.
Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyini mu, nwononwono ne bɔnwoma mu.
20 My soul considers them, and is depressed.
Mekae yie, na me kra aboto wɔ me mu.
21 But this I call to my mind; therefore I have hope:
Nanso, mekae yei ne saa enti, mewɔ anidasoɔ.
22 Jehovah's faithful love does not cease; his compassion does not fail.
Awurade dɔ kɛseɛ enti yɛnnsɛeɛ. Nʼayamhyehyeɛ nni hwammɔ.
23 They are new every morning; great is your faithfulness.
Ɛyɛ foforɔ anɔpa biara; wo nokorɛdie yɛ kɛseɛ.
24 "Jehovah is my portion," says my soul, "therefore I will hope in him."
Meka kyerɛ me ho sɛ, “Awurade yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.”
25 Jehovah is good to those who wait for him, to the soul that seeks him.
Awurade yɛ ma wɔn a wɔn anidasoɔ wɔ ne mu, onipa a ɔhwehwɛ noɔ no;
26 It is good that a man should hope and quietly wait for the salvation of Jehovah.
Ɛyɛ sɛ wɔyɛ komm de twɛn Awurade nkwagyeɛ.
27 It is good for a man that he bear the yoke while he is young.
Ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔnnua no wɔ ne mmeranteɛ ɛberɛ mu.
28 Let him sit alone and keep silence when he is disciplining him.
Ma ɔntena ase komm, ɛfiri sɛ Awurade de ato no so.
29 Let him put his mouth to the dust, there may yet be hope.
Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfuturo mu, ebia anidasoɔ wɔ hɔ.
30 Let him give his cheek to him who strikes him; let him be filled with insults.
Ma ɔmfa nʼafono mma deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ no na ɔnhyɛ no aniwuo.
31 For Jehovah will not reject forever.
Na Awurade nto nnipa ntwene koraa.
32 For though he may cause grief, yet he will have compassion according to the abundance of his loving kindness.
Ɛwom, ɔde awerɛhoɔ ba deɛ, nanso ɔbɛnya ayamhyehyeɛ. Ne dɔ kɛseɛ no to rentwa da.
33 For he is not predisposed to bring affliction or suffering to human beings.
Ɔfiri amemenemfe mu de amanehunu anaa awerɛhoɔ brɛ nnipa mma.
34 To crush under foot all the prisoners of the earth;
Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛ nneduafoɔ a wɔwɔ asase no so a,
35 to deprive a man of justice before the face of the Most High,
sɛ wɔtiatia obi ahofadie so wɔ Ɔsorosoroni no anim a,
36 to subvert a man in his cause, Jehovah does not approve.
anaa sɛ wɔbu obi ntɛnkyea a, Awurade nhunu saa nneɛma yi anaa?
37 Who can speak a thing and have it come to pass, unless Jehovah has commanded it?
Hwan na ɔbɛtumi aka na wama aba mu wɔ ɛberɛ a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛeɛ?
38 Doesn't both calamity and good come out of the mouth of the Most High?
Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom na musuo ne nnepa firi anaa?
39 Why does a living man complain, a man for the punishment of his sins?
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔteasefoɔ nwiinwii ɛberɛ a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho?
40 Let us examine and search our ways, and return to Jehovah.
Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ, na yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn.
41 Let us lift up our heart with our hands to God in the heavens.
Momma yɛmma yɛn akoma ne yɛn nsa so, nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka sɛ:
42 We have transgressed and have rebelled, and you have not forgiven.
“Yɛayɛ bɔne, na yɛate atua na woamfa ankyɛ.
43 You have covered yourself with anger and pursued us; you killed without sparing.
“Wode abufuo akata wo ho ataa yɛn; na wakunkum a woannya ahummɔborɔ.
44 You have covered yourself with a cloud, so that no prayer can pass through.
Wode wo ho asie omununkum mu enti mpaeɛbɔ biara nnuru wo nkyɛn.
45 You have made us rubbish and refuse in the midst of the peoples.
Woayɛ yɛn atantanneɛ ne wira wɔ amanaman no mu.
46 All our enemies have opened their mouth wide against us.
“Yɛn atamfoɔ nyinaa abae wɔn anom tɛtrɛɛ de tia yɛn.
47 Fear and the pit have come on us, devastation and destruction.
Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhweaseɛ, mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ.”
48 Streams of tears run down from my eyes because of the destruction of the daughter of my people.
Me nisuo sene sɛ asutene ɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ.
49 My tears flow and do not cease, without respite,
Me nisuo bɛsene ara, na ɛrennyae,
50 until Jehovah looks down and sees from heaven.
kɔsi sɛ Awurade bɛhwɛ afiri ɔsoro, na wahu.
51 My eyes bring my soul grief, because of all the daughters of my city.
Deɛ mehunu no ma me kra werɛ ho me kuropɔn no mu mmaa nyinaa enti.
52 They have chased me relentlessly like a bird, those who are my enemies without cause.
Mʼatamfoɔ a menyɛɛ wɔn hwee pampam me sɛ anomaa.
53 They have cut off my life in a pit, and have cast a stone on me.
Wɔpɛɛ sɛ wɔtwa me nkwa so na wɔsi me aboɔ wɔ amena mu;
54 Waters flowed over my head; I said, 'I am finished.'
nsuo bu faa me tiri so, na ɛyɛɛ me sɛdeɛ wɔrewie me.
55 I called on your name, Jehovah, out of the depths of the pit.
Mebɔɔ wo din, Ao Awurade firi amena no ase tɔnn.
56 You heard my voice; do not hide your ear at my sighs, to my cry.
Wotee me sufrɛ: “Nsi wʼaso wɔ me gyeɛ sufrɛ ho.”
57 You drew near in the day that I called on you; you said, "Do not be afraid."
Wotwe bɛnee me ɛberɛ a mefrɛɛ woɔ no, na wokaa sɛ, “Nsuro.”
58 Jehovah, you have taken up the case for my soul; you have redeemed my life.
Ao Awurade, wodii mʼasɛm maa me; na wogyee me nkwa.
59 You have seen, Jehovah, the wrong done to me; judge my case.
Woahunu bɔne a wɔayɛ me, Ao Awurade. Di mʼasɛm ma me!
60 You have seen all their vengeance and all their plots against me.
Woahunu wɔn aweretɔ no mu den, wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa.
61 You have heard their insults, Jehovah, and all their plots against me.
Ao Awurade, woate wɔn sopa, wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa,
62 The lips of those that rose up against me, and their plots against me all day long.
deɛ mʼatamfoɔ ka no sɛ asomusɛm na wɔka no brɛoo de tia me da mu nyinaa.
63 Look their sitting down, and their rising up; I am their mocking song.
Hwɛ wɔn! Sɛ wɔgyinagyina hɔ anaa sɛ wɔtete hɔ, wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw.
64 You will render to them what they deserve, Jehovah, according to the work of their hands.
Fa deɛ ɛfata tua wɔn so ka, Ao Awurade, deɛ wɔn nsa ayɛ enti.
65 You will give them hardness of heart as your curse to them.
Pirim wɔn akoma, na ma wo nnome mmra wɔn so.
66 You will pursue them in anger, and destroy them from under the heavens of Jehovah.
Fa abufuo taa wɔn, na sɛe wɔn firi Awurade sorosoro ase.

< Lamentations 3 >