< John 6 >

1 After these things, Jesus went away to the other side of the sea of Galilee, which is also called the Sea of Tiberias.
Yei akyi, Yesu twaa Galilea Po a wɔsane frɛ no Tiberia Po no.
2 A large crowd followed him, because they saw the signs which he did on those who were sick.
Esiane sɛ nkurɔfoɔ hunuu sɛ Yesu nam anwanwakwan so asa nnipa pii yadeɛ no enti, wɔdii nʼakyi.
3 Jesus went up into the mountain, and he sat there with his disciples.
Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔɔ bepɔ bi so kɔtenaa hɔ kakra.
4 Now the Passover, the Jewish festival, was near.
Saa ɛberɛ no na Twam Afahyɛ no abɛn.
5 Jesus therefore lifting up his eyes, and seeing that a large crowd was coming to him, said to Philip, "Where are we to buy bread, that these may eat?"
Ɛberɛ a Yesu twaa nʼani, hunuu sɛ nnipakuo no reba ne nkyɛn no, ɔbisaa Filipo sɛ, “Ɛhe na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi?”
6 This he said to test him, for he himself knew what he would do.
Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛeɛ, ɛfiri sɛ, na ɔnim deɛ ɔbɛyɛ.
7 Philip answered him, "Two hundred denarii worth of bread is not sufficient for them, that everyone of them may receive a little."
Filipo buaa sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ sɛ yɛnya abosome nwɔtwe akatua.”
8 One of his disciples, Andrew, Simon Peter's brother, said to him,
Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kaa sɛ,
9 "There is a boy here who has five barley loaves and two fish, but what are these among so many?"
“Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ burodo enum ne nkyenam mmienu; na yei bɛtumi aso nnipa dodoɔ yi di?”
10 Jesus said, "Have the people sit down." Now there was much grass in that place. So the men sat down, in number about five thousand.
Yesu hyɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma obiara ntena ase.” Asuafoɔ no ma wɔtenatenaa ɛserɛ no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodoɔ bɛyɛ mpemnum.
11 Jesus took the loaves; and having given thanks, he distributed to the disciples, and the disciples to those who were sitting down; likewise also of the fish as much as they desired.
Yesu faa burodo no bɔɔ mpaeɛ na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa ɛkwan korɔ no ara so kyɛɛ nkyenam no nso maa wɔn.
12 When they were filled, he said to his disciples, "Gather up the broken pieces which are left over, that nothing be lost."
Wɔdidi meeɛ akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ “Mommoaboa aduane a aka no ano na ebi ansɛe.”
13 So they gathered them up, and filled twelve baskets with broken pieces from the five barley loaves, which were left over by those who had eaten.
Wɔboaboaa aduane a ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.
14 When therefore the people saw the sign which he did, they said, "This is truly the Prophet who comes into the world."
Nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu ayɛ no, wɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifoɔ a yɛrehwɛ no ɛkwan no.”
15 Jesus therefore, perceiving that they were about to come and take him by force, to make him king, withdrew again to the mountain by himself.
Yesu hunuu sɛ nnipa no ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyere no asi no ɔhene no, ɔtwee ne ho firii wɔn mu kɔɔ bepɔ no so bio.
16 When evening came, his disciples went down to the sea,
Onwunu dwoeɛ no, Yesu asuafoɔ no kɔɔ Galilea mpoano.
17 and they entered into the boat, and were going over the sea to Capernaum. It was now dark, and Jesus had not yet come to them.
Wɔtwɛn kɔsii sɛ adeɛ saeɛ na ɔmma no, wɔkɔtenaa kodoɔ mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum.
18 The sea was tossed by a great wind blowing.
Saa ɛberɛ no na ahum retu wɔ ɛpo so ama ɛpo no so ayɛ gyabagyaba.
19 When therefore they had rowed about three or four miles, they saw Jesus walking on the sea, and drawing near to the boat; and they were afraid.
Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansini mmiɛnsa anaa ɛnan no, wɔhunuu sɛ obi nam ɛpo no so reba; yei maa ehu kaa wɔn kɔsii sɛ,
20 But he said to them, "It is I. Do not be afraid."
Yesu kaa sɛ, “Ɛyɛ me, Monnsuro!”
21 They were willing therefore to receive him into the boat. Immediately the boat was at the land where they were going.
Asuafoɔ no pɛɛ sɛ anka wɔde no tena kodoɔ no mu, nanso ntɛmpa ara kodoɔ no kɔduruu Kapernaum.
22 On the next day, the crowd that stood on the other side of the sea saw that there was no other boat there, except one, and that Jesus had not entered with his disciples into the boat, but his disciples had gone away alone.
Adeɛ kyeeɛ no, nnipa a na wɔwɔ Galilea ɛpo no agya no hunuu sɛ kodoɔ baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, nanso asuafoɔ no tenaa mu kɔeɛ a na Yesu nka wɔn ho.
23 Other boats from Tiberias came near to the place where they ate the bread after the Lord had given thanks.
Ankyɛre koraa na akodoɔ foforɔ bi firi Tiberia baa faako a Awurade maa nnipakuo no aduane diiɛ no.
24 When the crowd therefore saw that Jesus was not there, nor his disciples, they themselves got into the boats, and came to Capernaum, seeking Jesus.
Ɛberɛ a nnipa no hunuu sɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no nni hɔ no, wɔtenatenaa akodoɔ no mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum akɔhwehwɛ no.
25 When they found him on the other side of the sea, they asked him, "Rabbi, when did you come here?"
Wɔduruu Kapernaum na wɔhunuu Yesu no, wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛberɛ bɛn na wobaa ha?”
26 Jesus answered them, "Truly, truly, I tell you, you seek me, not because you saw signs, but because you ate of the loaves, and were filled.
Yesu buaa wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu anwanwadeɛ a meyɛeɛ no enti na morehwehwɛ me, na mmom, sɛ monyaa aduane di meeɛ no enti.
27 Do not work for the food which perishes, but for the food which remains to everlasting life, which the Son of Man will give to you. For God the Father has sealed him." (aiōnios g166)
Monnsɛe mo berɛ nyinaa mmpere nhwehwɛ aduane a ɛtumi sɛe no akyiri kwan, na mmom, mompere nhwehwɛ aduane a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ a Onipa Ba no de bɛma mo no akyiri kwan. Ɛfiri sɛ, yei enti na mʼAgya somaa me.” (aiōnios g166)
28 They said therefore to him, "What must we do, that we may work the works of God?"
Nnipa no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani?”
29 Jesus answered them, "This is the work of God, that you believe in him whom he has sent."
Yesu buaa wɔn sɛ, “Yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ, monnye deɛ wasoma no no nni.”
30 They said therefore to him, "What then do you do for a sign, that we may see, and believe you? What work do you do?
Nnipa no bisaa no bio sɛ, “Anwanwadeɛ bɛn na wobɛyɛ akyerɛ yɛn ama yɛagye wo adi?
31 Our fathers ate the manna in the wilderness. As it is written, 'He gave them bread out of heaven to eat.'"
Sɛ wopɛ sɛ yɛgye wo di sɛ wone Agyenkwa no deɛ a, ɛnneɛ ma yɛn aduane nni daa sɛdeɛ Atwerɛsɛm no di ho adanseɛ sɛ, Mose maa yɛn nananom ɔsoro aduane dii wɔ ɛserɛ so no.”
32 Jesus therefore said to them, "Truly, truly, I tell you, it was not Moses who gave you the bread out of heaven, but my Father gives you the true bread out of heaven.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo nananom aduane a ɛfiri ɔsoro no dii ɛserɛ so hɔ no na mmom, ɛyɛ mʼAgya. Na afei deɛ, ɔma mo aduane a ɛfiri ɔsoro a ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ no di daa.
33 For the bread of God is that which comes down out of heaven, and gives life to the world."
Saa aduane a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ɔfiri ɔsoro ba asase so na ɔde nkwa brɛ ewiase no.”
34 They said therefore to him, "Lord, always give us this bread."
Nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ma yɛn saa aduane no bi nni daa.”
35 Jesus said to them, "I am the bread of life. He who comes to me will not be hungry, and he who believes in me will never be thirsty.
Yesu kaa sɛ, “Mene burodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no, ɛkɔm anaa osukɔm renne no da.
36 But I told you that you have seen me, and yet you do not believe.
Sɛdeɛ maka akyerɛ mo no, moahunu me nnwuma, nanso monnye me nni.
37 All those whom the Father gives me will come to me. Him who comes to me I will in no way throw out.
Obiara a mʼAgya de no ama me no bɛba me nkyɛn, na obiara a ɔbɛba me nkyɛn nso no, merempam no.
38 For I have come down from heaven, not to do my own will, but the will of him who sent me.
Na mefiri ɔsoro baa asase so sɛ merebɛyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na ɛnyɛ mʼapɛdeɛ.
39 This is the will of him who sent me, that of all he has given to me I should lose nothing, but should raise him up at the last day.
Na deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ ne sɛ, mɛhwɛ wɔn a ɔde wɔn ama me no nyinaa so yie na da a ɛdi akyire no, manyane wɔn ama wɔn nkwa foforɔ.
40 This is the will of my Father, that everyone who sees the Son, and believes in him, should have everlasting life; and I will raise him up at the last day." (aiōnios g166)
MʼAgya apɛdeɛ ne sɛ, obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no bɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ, na da a ɛdi akyire no, manyane no ama no nkwa foforɔ.” (aiōnios g166)
41 The Jewish people therefore murmured concerning him, because he said, "I am the bread which came down out of heaven."
Yudafoɔ no tee sɛ Yesu aka sɛ, “Mene aduane a ɛfiri ɔsoro” no, wɔnwiinwiiɛ.
42 They said, "Is not this Jesus, the son of Joseph, whose father and mother we know? How then does he say, 'I have come down out of heaven?'"
Wɔkɔɔ so kaa sɛ, “Ɛnyɛ Yosef ne Maria ba ne saa Yesu yi? Ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi ka sɛ ɔfiri ɔsoro na ɔbaeɛ?”
43 Therefore Jesus answered them, "Do not murmur among yourselves.
Yesu buaa wɔn sɛ, “Monnyae anwiinwii no.
44 No one can come to me unless the Father who sent me draws him, and I will raise him up in the last day.
Mommma ɛnnyɛ mo nwanwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no.
45 It is written in the Prophets, 'And they will all be taught by God.' Therefore everyone who hears and learns from the Father comes to me.
Adiyifoɔ no twerɛɛ sɛ, ‘Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ ne mma.’ Ɛno enti, obiara a ɔtie Agya no nkyerɛkyerɛ no ba me nkyɛn.
46 Not that anyone has seen the Father, except he who is from God. He has seen the Father.
Asɛm a maka yi nkyerɛ sɛ obi ahunu Agya no pɛn, gye onipa a ɔfiri Agya no nkyɛn no.
47 Truly, truly, I tell you, he who believes has everlasting life. (aiōnios g166)
Mereka nokwasɛm akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔgye me di a ɛma nkwa a ɛfiri no nya nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios g166)
48 I am the bread of life.
Mene burodo a ɛma nkwa no.
49 Your fathers ate the manna in the wilderness, and they died.
Mo nananom dii mana wɔ ɛserɛ so, nso wɔwuwuiɛ,
50 This is the bread which comes down out of heaven, that anyone may eat of it and not die.
nanso burodo a ɛfiri ɔsoro ba no yɛ burodo a obi di a ɔrenwu da.
51 I am the living bread which came down out of heaven. If anyone eats of this bread, he will live forever; and the bread which I will give for the life of the world is my flesh." (aiōn g165)
Mene burodo a ɛfiri ɔsoro no; sɛ obi di saa burodo yi a, ɔbɛtena ase daa. Burodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no, ne me honam a mede ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ewiase bɛnya nkwa.” (aiōn g165)
52 The Jews therefore argued with one another, saying, "How can this one give us flesh to eat?"
Asɛm a Yesu kaeɛ yi maa Yudafoɔ no bo fuiɛ ma wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi de ne honam ama yɛn sɛ aduane ama yɛadi?”
53 Jesus therefore said to them, "Truly I tell you, unless you eat the flesh of the Son of Man and drink his blood, you do not have life in yourselves.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam sɛ aduane na moannom ne mogya a, morennya nkwa a ɛnni awieeɛ.
54 He who eats my flesh and drinks my blood has everlasting life, and I will raise him up at the last day. (aiōnios g166)
Obiara a ɔdi me honam sɛ aduane na ɔnom me mogya no nya nkwa a ɛnni awieeɛ, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no ama no nkwa foforɔ. (aiōnios g166)
55 For my flesh is food indeed, and my blood is drink indeed.
Me honam ne aduane pa no, na me mogya nso ne nsu pa no.
56 He who eats my flesh and drinks my blood lives in me, and I in him.
Obiara a ɔdi me honam sɛ aduane na ɔnom me mogya sɛ nsuo no te me mu, na me nso mete ne mu.
57 As the living Father sent me, and I live because of the Father; so he who feeds on me, he will also live because of me.
Sɛdeɛ Agya teasefoɔ no somaa me na ɔno enti, mete ase no, saa ara nso na obiara a ɔdi me honam sɛ aduane no, me enti, ɔbɛtena ase.
58 This is the bread which came down out of heaven—not as the fathers ate, and died. He who eats this bread will live forever." (aiōn g165)
Yei ne burodo a ɛfiri ɔsoro baeɛ. Ɛnte sɛ mana a yɛn nananom dii wɔ ɛserɛ so na wɔwuwuiɛ no. Saa burodo yi deɛ, obiara a ɔbɛdi bi no bɛtena ase daa.” (aiōn g165)
59 He said these things in the synagogue, as he taught in Capernaum.
Ɛberɛ a na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum no na ɔkaa saa nsɛm yi.
60 Therefore many of his disciples, when they heard this, said, "This is a hard saying. Who can listen to it?"
Yesu akyidifoɔ no mu pii tee asɛm a ɔkaeɛ no, wɔkaa sɛ, “Saa asɛm yi deɛ, ɛkyere yɛn adwene. Hwan na ɔbɛte aseɛ?”
61 But Jesus knowing in himself that his disciples murmured at this, said to them, "Does this cause you to stumble?
Yesu hunuu sɛ nʼakyidifoɔ no renwiinwii no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Asɛm a mekaeɛ yi to mo suntidua anaa?
62 Then what if you would see the Son of Man ascending to where he was before?
Ɛnneɛ, ɛba sɛ Onipa Ba no resane akɔ ɔsoro, faako a ɔfiri baeɛ no a, ɛdeɛn na mobɛyɛ?
63 It is the Spirit who gives life. The flesh profits nothing. The words that I speak to you are spirit, and are life.
Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi yɛ honhom na nkwa wɔ mu,
64 But there are some of you who do not believe." For Jesus knew from the beginning who they were who did not believe, and who it was who would betray him.
nanso mo mu bi nnye nni.” Ɛfiri ahyɛaseɛ no na Yesu hunuu wɔn a wɔnnye no nni ne wɔn a wɔbɛtwe wɔn ho afiri ne ho.
65 He said, "For this cause have I said to you that no one can come to me, unless it is given to him by the Father."
Ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Yei enti na meka kyerɛɛ mo sɛ, obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no ho ɛkwan” no.
66 At this, many of his disciples went back, and walked no more with him.
Esiane saa nsɛm a Yesu kaeɛ no enti, nʼakyidifoɔ no mu pii twee wɔn ho firii ne ho na wɔanni nʼakyi bio.
67 Jesus said therefore to the twelve, "You do not also want to go away, do you?"
Yesu hunuu saa no, ɔbisaa asuafoɔ dumienu no sɛ, “Mo nso mobɛgyae mʼakyidie anaa?”
68 Simon Peter answered him, "Lord, to whom would we go? You have the words of everlasting life. (aiōnios g166)
Simon Petro buaa no sɛ, “Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios g166)
69 We have come to believe and know that you are the Holy One of God."
Na yɛgye wo nsɛm no di na yɛnim sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no.”
70 Jesus answered them, "Did I not choose you, the twelve, and one of you is a devil?"
Yesu kɔɔ so kaa sɛ, “Me ara na meyii mo dumienu yi, nanso mo mu baako yɛ ɔbonsam.”
71 Now he spoke of Judas, the son of Simon Iscariot, for it was he who would betray him, being one of the twelve.
Asɛm a Yesu kaeɛ no, na ɛfa Yuda a ɔyɛ Simon Iskariot ba no a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako a ɔbɛyi Yesu ama no ho.

< John 6 >