< Jeremiah 31 >

1 "At that time," says Jehovah, "will I be the God of all the families of Israel, and they shall be my people."
“Saa ɛberɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “Mɛyɛ Israel mmusuakuo no nyinaa Onyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.”
2 Thus says Jehovah, "The people who were left of the sword found favor in the wilderness; even Israel, when I went to cause him to rest.
Deɛ Awurade seɛ nie: “Nnipa a wɔntotɔ wɔ akofena ano no bɛnya adom wɔ anweatam so; mede ahomegyeɛ bɛbrɛ Israel.”
3 Jehovah appeared to him from afar. I have loved you with an everlasting love; therefore with loving kindness have I drawn you.
Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kane no na ɔkaa sɛ, “Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ mo mede adɔeɛ atwe mo.
4 Again will I build you, and you shall be built, O virgin of Israel: again you shall be adorned with your tambourines, and shall go forth in the dances of those who make merry.
Mede wo bɛsi hɔ bio na wɔbɛsane de wo asi hɔ, Ao Israel babunu. Wobɛfa wʼakasaeɛ bio na wafiri adi ne anigyefoɔ akɔsa.
5 Again you shall plant vineyards on the mountains of Samaria; the planters shall plant, and shall enjoy its fruit.
Bio, mobɛyɛ bobe nturo wɔ Samaria nkokoɔ so; akuafoɔ no bɛdua na wɔadi so aba.
6 For there shall be a day, that the watchmen on the hills of Ephraim shall cry, "Arise, and let us go up to Zion to Jehovah our God."'"
Ɛda bi bɛba a, awɛmfoɔ bɛteam wɔ Efraim nkokoɔ so sɛ, ‘Mommra momma yɛnforo nkɔ Sion nkɔ Awurade yɛn Onyankopɔn nkyɛn.’”
7 For thus says Jehovah, "Sing with gladness for Jacob, and shout for the chief of the nations: publish, praise, and say, 'For Jehovah has saved your people, the remnant of Israel.'
Deɛ Awurade seɛ nie: “Momfa ahosɛpɛ nto nnwom mma Yakob; Monteam mma amanaman mu dikanfoɔ. Momma wɔnte mo ayɛyie na monka sɛ, ‘Ao Awurade gye wo nkurɔfoɔ, Israel nkaeɛfoɔ no.’
8 'Look, I will bring them from the north country, and gather them from the uttermost parts of the earth, along with the blind and the lame, the woman with child and her who travails with child together: a great company shall they return here.
Hwɛ, mede wɔn bɛfiri atifi fam asase so aba na maboa wɔn ano afiri nsase ano. Wɔn mu bi bɛyɛ anifirafoɔ, mpakye, apemfoɔ ne mmaa a wɔwɔ awokoɔ mu. Ɛdɔm kɛseɛ bɛsane aba.
9 They shall come with weeping; and with petitions will I lead them: I will cause them to walk by rivers of waters, in a straight way in which they shall not stumble; for I am a father to Israel, and Ephraim is my firstborn.'"
Wɔde esu na ɛbɛba; wɔbɛbɔ mpaeɛ ɛberɛ a mede wɔn resane aba. Mede wɔn bɛfa nsuwa ho, ɛkwan tamaa a wɔrensunti wɔ so, ɛfiri sɛ mɛyɛ Israel agya, na Efraim yɛ me babarima piesie.
10 Hear the word of Jehovah, you nations, and declare it in the islands afar off; and say, "He who scattered Israel will gather him, and keep him, as shepherd does his flock."
“Montie Awurade asɛm, Ao amanaman; mommɔ no dawuro wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so sɛ, ‘Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no bɛboaboa wɔn ano na wahwɛ ne nnwankuo so sɛ odwanhwɛfoɔ.’
11 For Jehovah has ransomed Jacob, and redeemed him from the hand of him who was stronger than he.
Na Awurade bɛgyina mu ama Yakob na wagye wɔn afiri wɔn a wɔwɔ ahoɔden sene wɔn no nsam.
12 They shall come and sing in the height of Zion, and they shall be radient over the goodness of Jehovah, to the grain, and to the new wine, and to the oil, and to the young of the flock and of the herd: and their soul shall be as a watered garden; and they shall not sorrow any more at all.
Wɔbɛba na wɔde ahurisie ateam wɔ Sion sorɔnsorɔmmea; wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ akyɛdeɛ bebrebe a ɛfiri Awurade hɔ mu, atokoɔ, nsã foforɔ ne ngo, nnwammaa ne anantwie. Wɔbɛyɛ sɛ turo a wɔagugu so nsuo yie, na wɔrenni awerɛhoɔ bio.
13 "Then shall the virgin rejoice in the dance, and the young men and the old together; for I will turn their mourning into joy, and will comfort them, and make them rejoice from their sorrow.
Afei, mmabaawa bɛsa na wɔn ani agye, mmeranteɛ ne nkɔkoraa nso. Mɛma wɔn awerɛhoɔ adane anigyeɛ; mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛ asi awerɛhoɔ anan mu.
14 I will satiate the soul of the priests with fatness, and my people shall be satisfied with my goodness," says Jehovah.
Mɛma asɔfoɔ no deɛ ɛhia wɔn ama abu so, na mama mʼakyɛdeɛ bebrebe amee me nkurɔfoɔ,” Awurade, na ɔseɛ.
15 Thus says Jehovah: "A voice is heard in Ramah, lamentation and weeping and great bitterness, Rachel weeping for her children; she refuses to be comforted for her children, because they are no more."
Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Wɔte nne bi wɔ Rama, awerɛhoɔ ne agyaadwotwa bebree, Rahel resu ne mma na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ, ɛfiri sɛ, ne mma nni hɔ bio.”
16 Thus says Jehovah: "Refrain your voice from weeping, and your eyes from tears; for your work shall be rewarded," says Jehovah; "and they shall come again from the land of the enemy.
Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Hyɛ wo ho so na woansu mia wʼani na woante nisuo, ɛfiri sɛ wɔbɛtua wʼadwumayɛ so ka,” Awurade na ɔseɛ. “Wɔbɛsane afiri atamfoɔ no asase so aba.
17 There is hope for your latter end," says Jehovah; "and your children shall come again to their own border.
Enti anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye.” Awurade na ɔseɛ. Wo mma bɛsane aba wɔn ankasa asase so.
18 I have surely heard Ephraim bemoaning himself thus, 'You have chastised me, and I was chastised, as an untrained calf: turn me, and I shall be turned; for you are Jehovah my God.
“Ampa ara mate sɛ Efraim resu sɛ, ‘Wotenetenee me so sɛ nantwie ba a nʼani yɛ den, na woatwe me mʼaso. Gye me bio, na mɛsane aba, ɛfiri sɛ wo ne Awurade, me Onyankopɔn.
19 Surely after that I was turned, I repented; and after that I was instructed, I struck on my thigh: I was ashamed, yes, even confounded, because I bore the reproach of my youth.'
Memaneeɛ akyi no, menyaa adwensakyera; na akyire a menyaa nteaseɛ no, mede awerɛhoɔ boroo me koko so. Mʼanim guu ase na mefɛreeɛ ɛfiri sɛ me mmabunu mu animguaseɛ da so so me.’
20 Is Ephraim my dear son? Is he a darling child? For as often as I speak against him, I do earnestly remember him still: therefore my heart yearns for him; I will surely have mercy on him," says Jehovah.
Efraim nyɛ me babarima dɔfoɔ anaa? Efraim nyɛ ɔba a ɔsɔ mʼani anaa? Ɛwom sɛ metaa kasa tia no deɛ, nanso meda so kae no. Enti mʼakoma pere hwehwɛ no; mewɔ ayamhyehyeɛ ma no,” sei na Awurade seɛ.
21 "Set up road signs, make guideposts; set your heart toward the highway, even the way by which you went: turn again, virgin of Israel, turn again to these your cities.
“Momfa ahyɛnsodeɛ nsisi ɛkwan ho; monsisi akwankyerɛ afadum. Monhyɛ ɛkwantempɔn no nso ɛkwan a monam so ba. Sane wakyi, Ao ɔbabunu Israel, sane bra wo nkuro so.
22 How long will you go here and there, you backsliding daughter? For Jehovah has created a new thing in the earth: a woman shall encompass a man."
Wobɛkyinkyini akɔsi da bɛn, Ao, ɔbabaa ɔsesafoɔ? Awurade bɛyɛ ade foforɔ wɔ asase so, ɔbaa bɛbɔ ɔbarima ho ban.”
23 Thus says Jehovah of hosts, the God of Israel, "Yet again shall they use this speech in the land of Judah and in its cities, when I shall bring again their captivity: 'Jehovah bless you, habitation of righteousness, mountain of holiness.'
Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ: “Sɛ mesane de wɔn firi nnommumfa mu ba a, nnipa a wɔwɔ Yuda asase ne nkuro so bɛsane aka saa nsɛm yi bio sɛ, ‘Awurade nhyira wo, Ao, tenenee atenaeɛ, Ao, bepɔ kronkron.’
24 Judah and all its cities shall dwell in it together, the farmers, and those who go about with flocks.
Nnipa bɛbom atena ase wɔ Yuda ne ne nkuro nyinaa so, akuafoɔ ne wɔn a wɔde wɔn nnwankuo nenam.
25 For I have satiated the weary soul, and every sorrowful soul have I replenished."
Mɛma deɛ wabrɛ no anya ahoɔden foforɔ, na deɛ watɔ baha no nso mɛma no amee.”
26 On this I awakened, and saw; and my sleep was sweet to me.
Ɛha na menyaneeɛ, na mehwɛɛ me ho hyiaeɛ. Me nna no kɔɔ me yie.
27 "Look, the days come," says Jehovah, "that I will sow the house of Israel and the house of Judah with the seed of man, and with the seed of animal.
“Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mede nnipa mma ne mmoa mma bɛdua Israel ne Yuda efie.
28 It shall happen that, like as I have watched over them to pluck up and to break down and to overthrow and to destroy and to afflict, so will I watch over them to build and to plant," says Jehovah.
Sɛdeɛ mehwɛ ma wɔtutuiɛ, wɔdwiriiɛ, wɔbubuiɛ, wɔsɛeɛ na wɔde amanehunu baeɛ no, saa ara na mɛhwɛ ama wɔasi na wɔadua,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
29 "In those days they shall say no more, 'The fathers have eaten sour grapes, and the children's teeth are set on edge.'
Saa nna no mu, nnipa renka bio sɛ, “‘Agyanom adi bobe a ɛkeka, na mma se afem.’
30 But everyone shall die for his own iniquity: every man who eats the sour grapes, his teeth shall be set on edge.
Ɛno enti, obiara bɛwu wɔ ɔno ara bɔne ho; deɛ ɔbɛdi bobe a ɛkeka no, ɔno na ne se bɛfem.
31 Look, the days come," says Jehovah, "when I will make a new covenant with the house of Israel, and with the house of Judah:
“Ɛberɛ no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a me ne Israel efie ne Yuda efie bɛyɛ apam foforɔ.
32 not according to the covenant that I made with their fathers in the day that I took them by the hand to bring them out of the land of Egypt; which my covenant they broke, and I disregarded them," says Jehovah.
Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa, dii wɔn anim firii Misraim no. Saa ɛberɛ no deɛ, wɔbuu mʼapam so, wɔ ɛberɛ a na meyɛ okunu ma wɔn,” Awurade na ɔseɛ.
33 "But this is the covenant that I will make with the house of Israel after those days," says Jehovah: "I will put my law in their minds, and write it on their hearts; and I will be their God, and they shall be my people:
“Nanso yei ne apam a me ne Israel efie bɛyɛ saa ɛberɛ no akyi,” Awurade na ɔseɛ. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na matwerɛ wɔ wɔn akoma so. Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.
34 and they shall teach no more every man his neighbor, and every man his brother, saying, 'Know Jehovah'; for they shall all know me, from their least to their greatest, for I will forgive their iniquity, and their sins I will remember no more."
Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio, anaa ne nua sɛ, ‘Hunu Awurade,’ Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me, ɛfiri wɔn mu akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so,” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ wɔn, na merenkae wɔn bɔne bio.”
35 Thus says Jehovah, who gives the sun for a light by day, and the ordinances of the moon and of the stars for a light by night, who stirs up the sea, so that its waves roar; Jehovah of hosts is his name:
Yei ne deɛ Awurade seɛ, deɛ ɔma owia hyerɛn adekyeeɛ, na ɔhyɛ ɔsrane ne nsoromma sɛ wɔnhyerɛn anadwo; deɛ ɔkanyane ɛpo ma ɛbɔ asorɔkye, Asafo Awurade ne ne din.
36 "If this fixed order departs from before me," says Jehovah, "then the descendants of Israel also shall cease from being a nation before me forever."
“Saa ahyɛdeɛ yi twam mpo a,” Awurade na ɔseɛ, “merennyaa Israel da.”
37 Thus says Jehovah: "If heaven above can be measured, and the foundations of the earth searched out beneath, then will I also cast off all the descendants of Israel for all that they have done," says Jehovah.
Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Sɛ wɔbɛtumi asusu ewiem ntrɛmu na wɔatumi ahwehwɛ asase ase fapem mpo a, ɛwom sɛ Israel ayɛ bɔne deɛ, nanso merempa Israel asefoɔ nyinaa da,” Awurade na ɔseɛ.
38 "Look, the days come," says Jehovah, "that the city shall be built to Jehovah from the Tower of Hananel to the Corner Gate.
“Nna no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a wɔbɛkyekyere kuropɔn yi bio ama me, firi Hananel abantenten kɔsi Twɛtwɛwaso Ɛpono.
39 The measuring line shall go out further straight onward to the hill Gareb, and shall turn about to Goah.
Wɔbɛtwe susuhoma no mu, afiri hɔ de akɔsi Gareb kokoɔ so, na akontono akɔ Goa.
40 The whole valley of the dead bodies and of the ashes, and all the fields to the Kidron Valley, to the corner of the Horse Gate toward the east, shall be holy to Jehovah; it shall not be plucked up, nor thrown down any more forever."
Bɔnhwa a wɔto afunu ne nsõ gu mu no nyinaa ne asase a ɛkɔ Kidron bɔnhwa wɔ apueeɛ fam, kɔsi apɔnkɔ ɛpono no twɛtwɛwaso bɛyɛ kronkron ama Awurade. Wɔrentutu na wɔrensɛe kuropɔn no da.”

< Jeremiah 31 >