< Isaiah 63 >

1 Who is this who comes from Edom, with dyed garments from Bozrah? this who is glorious in his clothing, marching in the greatness of his strength? "It is I who speak in righteousness, mighty to save."
Hwan ni yei a ɔfiri Edom reba, deɛ ɔfiri Bosra a nkekaeɛ kɔkɔɔ wɔ nʼatadeɛ mu yi? Hwan ne yei a wɔahyehyɛ no gɔsɔɔ yi, a ɔde nʼahoɔden kɛseɛ retutu taataa yi? “Ɛyɛ me a mekasa wɔ tenenee mu deɛ ɔtumi gye nkwa.”
2 Why are you red in your clothing, and your garments like him who treads in the wine vat?
Adɛn enti na mo ntadeɛ bere kɔɔ, te sɛ obi a ɔretiatia nsakyiamena so deɛ yi?
3 "I have trodden the winepress alone; and of the peoples there was no man with me: yes, I trod them in my anger, and trampled them in my wrath; and their lifeblood is sprinkled on my garments, and I have stained all my clothing.
“Me nko ara atiatia nsakyiamena so, na amanaman no mu obiara anka me ho. Metiatiaa wɔn so wɔ mʼabufuo mu na memiaa wɔn so wɔ mʼabufuhyeɛ mu; wɔn mogya bɔ petee me ntadeɛ mu, maa nkekaeɛ yɛɛ mʼaduradeɛ nyinaa mu.
4 For the day of vengeance was in my heart, and the year of my redeemed has come.
Na aweretɔ da wɔ mʼakoma mu na me gyeɛ afe no aba.
5 I looked, and there was none to help; and I wondered that there was none to uphold: therefore my own arm brought salvation to me; and my wrath, it upheld me.
Mehwɛeɛ, nanso na ɔboafoɔ biara nni hɔ, ɛyɛɛ me ahodwirie sɛ obiara ammoa me; enti mʼankasa abasa yɛɛ nkwagyeɛ dwuma maa me, na mʼabufuo wowaa me.
6 I trod down the peoples in my anger, and made them drunk in my wrath, and I poured out their lifeblood on the earth."
Metiatiaa amanaman no so wɔ mʼabufuo mu; memaa wɔboboroe wɔ mʼabufuhyeɛ mu na mehwiee wɔn mogya guu fam.”
7 I will make mention of the loving kindnesses of Jehovah and the praises of Jehovah, according to all that Jehovah has bestowed on us, and the great goodness toward the house of Israel, which he has bestowed on them according to his mercies, and according to the multitude of his loving kindnesses.
Mɛka Awurade ayamyɛ ho asɛm, ne nneyɛɛ a enti ɔsɛ ayɛyie, wɔ deɛ Awurade ayɛ ama yɛn nyinaa ho aane, wɔ nneɛma pa bebree a wayɛ ama Israel fiefoɔ, wɔ nʼayamhyehyeɛ ne ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no enti.
8 For he said, "Surely, they are my people, children who will not deal falsely:" so he was their Savior.
Ɔkaa sɛ, “Ampa ara wɔyɛ me nkurɔfoɔ, mmammarima a wɔrenni me hwammɔ”; ɛno enti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa.
9 In all their affliction he was afflicted, and the angel of his presence saved them: in his love and in his pity he redeemed them; and he bore them, and carried them all the days of old.
Wɔn amanehunu nyinaa mu, ɔno nso hunuu amane, na ɔbɔfoɔ a ɔka no ho no nso gyee wɔn. Ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu, ɔgyee wɔn; ɔpagyaa wɔn na ɔsoaa wɔn mfeɛ a atwam no nyinaa mu.
10 But they rebelled, and grieved his holy Spirit: therefore he was turned to be their enemy, and he himself fought against them.
Nanso, wɔtee atua de hoo ne Honhom Kronkron werɛ. Enti ɔbɛyɛɛ wɔn ɔtamfoɔ na ɔno ankasa ko tiaa wɔn.
11 Then he remembered the days of old, Moses and his people, saying, Where is he who brought them up out of the sea with the shepherds of his flock? Where is he who put his holy Spirit in their midst?
Afei ne nkurɔfoɔ kaee tete nna no, Mose ne ne nkurɔfoɔ nna no. Wɔbisaa sɛ, ɛhe na deɛ ɔde wɔn faa ɛpo mu no wɔ? Deɛ ɔmaa Mose yɛɛ ne nnwan no hwɛfoɔ no. Ɛhe na deɛ ɔmaa ne Honhom Kronkron no tenaa wɔn mu no wɔ?
12 who caused his glorious arm to go at the right hand of Moses? who divided the waters before them, to make himself an everlasting name?
Deɛ ɔsomaa nʼanimuonyam basa a ɛwɔ tumi sɛ ɔmmɛgyina Mose nsa nifa so, deɛ ɔpaee nsuo no mu wɔ wɔn anim, de gyee edin maa ne ho afebɔɔ,
13 who led them through the depths, as a horse in the wilderness, so that they did not stumble?
deɛ ɔdii wɔn anim faa ebunu mu sɛdeɛ ɔpɔnkɔ fa asase tamaa so a wɔasunti.
14 As the livestock that go down into the valley, the Spirit of Jehovah caused them to rest; so you led your people, to make yourself a glorious name.
Sɛdeɛ anantwie nante kɔ ɛserɛ so kɔhome no, saa ara na Awurade Honhom ma wɔhomeeɛ. Sɛdeɛ wokyerɛɛ wo nkurɔfoɔ kwan de gyee animuonyam abɔdin maa wo ho nie.
15 Look down from heaven, and see from the habitation of your holiness and of your glory: where are your zeal and your mighty acts? the yearning of your heart and your compassion is restrained toward me.
Brɛ wʼani ase hwɛ fam firi wʼahennwa a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron na ɛho wɔ nyam no so. Mo mmɔdemmɔ ne mo ahoɔden wɔ he? Woayi wʼayamhyehyeɛ ne wʼahummɔborɔ afiri yɛn so.
16 For you are our Father, though Abraham doesn't know us, and Israel does not acknowledge us: you, Jehovah, are our Father; our Redeemer from everlasting is your name.
Nanso wo ara wo ne yɛn Agya ɛwom sɛ Abraham nnim yɛn na Israel nso nnye yɛn nto mu deɛ; nanso wo, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya, ɛfiri tete wo din ne Yɛn Gyefoɔ.
17 Jehovah, why do you make us to stray from your ways, and harden our heart from your fear? Return for your servants' sake, the tribes of your inheritance.
Adɛn, Ao Awurade, na woma yɛn kwati wʼakwan na wopirim yɛn akoma enti ɛmma yɛn nni wo ni? Sane bra ɛsiane wʼasomfoɔ, mmusuakuo a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no enti.
18 Your holy people possessed it but a little while: our adversaries have trodden down your sanctuary.
Ɛberɛ tiawa bi mu wo nkurɔfoɔ faa wo kronkronbea nanso seesei yɛn atamfoɔ atiatia so.
19 We have become as they over whom you never bear rule, as those who were not called by your name.
Enti yɛyɛ wo dea firi tete nanso wɔn deɛ wonnii wɔn so ɔhene na wɔmmɔɔ wo din mfrɛɛ wɔn da.

< Isaiah 63 >