< Isaiah 48 >

1 "Hear this, house of Jacob, you who are called by the name of Israel, and have come forth out of the waters of Judah; who swear by the name of Jehovah, and make mention of the God of Israel, but not in truth, nor in righteousness
“Montie yei, Ao, Yakob fiefoɔ mo a wɔde Israel din frɛ mo, na moyɛ Yuda asefoɔ, mo a mobɔ Awurade din ka ntam, na mofrɛ Israel Onyankopɔn, nanso ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu;
2 (for they call themselves of the holy city, and stay themselves on the God of Israel; Jehovah of hosts is his name):
mo a mofrɛ mo ho kuro kronkron no mma na mode mo ho to Israel Onyankopɔn so. Asafo Awurade ne ne din.
3 I have declared the former things from of old; yes, they went forth out of my mouth, and I caused them to hear it. Suddenly I did them, and they happened.
Nneɛma a atwam no medii ɛkan kaeɛ, mebɔɔ nkaeɛ, na medaa no adi; afei mpofirim mekekaa me ho na ɛbaa mu.
4 Because I knew that you are obstinate, and your neck is an iron sinew, and your brow bronze;
Na menim sɛdeɛ moyɛ asoɔden. Mo kɔn ho ntini yɛ dadeɛ na mo moma yɛ kɔbere mfrafraeɛ.
5 therefore I have declared it to you from of old; before it came to pass I showed it to you; lest you should say, 'My idol has done them, and my engraved image, and my molten image, has commanded them.'
Enti, mekaa saa nneɛma yi kyerɛɛ mo dadaada. Ansa na ɛrebɛsisi no mebɔɔ mo nkaeɛ sɛdeɛ morentumi nka sɛ, ‘Mʼahoni na ɔyɛeɛ: me dua nsɛsodeɛ ne me dadeɛ nyame na ɔhyɛeɛ.’
6 You have heard it; see all this; and you, will you not declare it? "I have shown you new things from this time, even hidden things, which you have not known.
Moate yeinom nyinaa; moahunu ne nyinaa. Morennye nto mu anaa? “Ɛfiri saa ɛberɛ yi de rekorɔ mɛka nneɛma foforɔ akyerɛ mo, nneɛma a ahinta a monnim.
7 They are created now, and not from of old; and before this day you did not hear them; lest you should say, 'Look, I knew them.'
Afei na ɛreba koraa, ɛnkyɛreɛ; ɛbɛsi ɛnnɛ no, na anka montee ho hwee da. Enti morentumi nka sɛ, ‘Aane na menim dada!’
8 Yes, you did not hear; yes, you did not know; yes, from of old your ear was not opened: for I knew that you dealt very treacherously, and was called a transgressor from the womb.
Wonteeɛ, na wontee aseɛ; ɛfiri tete nyinaa wʼaso asi. Na menim sɛ woyɛ ɔfatwafoɔ; wɔfrɛɛ wo otuatefoɔ firi yafunu mu.
9 For my name's sake will I defer my anger, and for my praise will I refrain for you, that I not cut you off.
Medin enti metwentwɛne mʼabufuo so; mʼayɛyie enti meyi firii wo so, sɛdeɛ mentwa wo ntwene.
10 Look, I have refined you, but not as silver; I have chosen you in the furnace of affliction.
Hwɛ, mahoa mo ho, nanso ɛnyɛ sɛdeɛ wɔhoa dwetɛ ho; mmom, masɔ wo mahwɛ wɔ amanehunu fononoo mu.
11 For my own sake, for my own sake, will I do it; for how should my name be profaned? I will not give my glory to another.
Me enti, me enti, na meyɛ yei. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mema ho kwan na wɔsɛe me din? Memma obi nnye mʼanimuonyam.”
12 "Listen to me, O Jacob, and Israel my called: I am he; I am the first, I also am the last.
“Tie me, Ao, Yakob, Israel a mafrɛ no; Me ne no; Me ne Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ.
13 Yes, my hand has laid the foundation of the earth, and my right hand has spread out the heavens: when I call to them, they stand up together.
Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem, na me nsa na ɛtrɛɛ ɔsorosoro mu; sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa bɔ mu sɔre.
14 "Let all of them assemble and hear; who among them has declared these things? He whom Jehovah loves shall perform his pleasure on Babylon, and his arm shall be on the Chaldeans.
“Mo nyinaa mommɔ mu mmra mmɛtie: ahoni no mu deɛ ɔwɔ he na waka saa nneɛma yi dada? Awurade ɔboafoɔ a wapa no bɛma nʼatirimpɔ a ɛtia Babilonia aba mu; ne basa bɛtia Babiloniafoɔ.
15 I, even I, have spoken; yes, I have called him; I have brought him, and he shall make his way prosperous.
Me, me na makasa; aane, mafrɛ no. Mede no bɛba, na ɔbɛwie nʼadwuma nkonimdie so.
16 "Come near to me and hear this: "From the beginning I have not spoken in secret; from the time that it was, there am I." Now Jehovah has sent me, with his Spirit.
“Montwe mmɛn me na montie yei: “Ɛfiri nkaebɔ a ɛdi ɛkan no, menkasaa kɔkoam; ɛberɛ biara a ɛbɛsi no, na mewɔ hɔ.” Na afei Asafo Awurade de ne Honhom asoma me.
17 Thus says Jehovah, your Redeemer, the Holy One of Israel: I am Jehovah your God, who teaches you to profit, who leads you by the way that you should go.
Yei ne deɛ Awurade seɛ, mo gyefoɔ, Israel Kronkronni no: “Mene Awurade mo Onyankopɔn, deɛ ɔkyerɛ mo deɛ ɛyɛ ma mo, na ɔkyerɛ mo ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa soɔ.
18 But would that you had listened to my commandments. Then your peace would have been like a river, and your righteousness like the waves of the sea.
Sɛ modii mʼahyɛdeɛ so a, anka mo asomdwoeɛ ayɛ sɛ asubɔnten, na mo tenenee ayɛ sɛ ɛpo asorɔkye.
19 Your descendants would have been as the sand, and the offspring of your body like its grains; his name not be cut off nor destroyed from before me.
Anka mo asefoɔ ayɛ sɛ anwea, na mo mma ayɛ sɛ nʼaboseaa a wɔntumi nkane; wɔn din rempepa da. Wɔrensɛe mfiri mʼanim.”
20 Go forth from Babylon, flee from the Chaldeans; with a voice of singing declare, tell this, utter it even to the end of the earth: say, Jehovah has redeemed his servant Jacob.
Momfiri Babilonia, monnwane mfiri Babiloniafoɔ nkyɛn! Momfa osebɔ nteam mmɔ nkaeɛ na mo mpae mu nka yei. Momfa nkɔ nsase ano; monka sɛ, “Awurade abɛgye ne ɔsomfoɔ Yakob.”
21 They did not thirst when he led them through the deserts; he caused the waters to flow out of the rock for them; he split the rock also, and the waters gushed out.
Osukɔm anne wɔn ɛberɛ a ɔdii wɔn anim, wɔ anweatam ahodoɔ so no, ɔmaa nsuo firi ɔbotan mu ba maa wɔn; ɔpaee ɔbotan no mu, maa nsuo tue firii mu.
22 "There is no peace," says Jehovah, "for the wicked."
“Asomdwoeɛ nni hɔ mma amumuyɛfoɔ.” Sei na Awurade seɛ.

< Isaiah 48 >