< Genesis 30 >

1 When Rachel saw that she was not bearing Jacob any children, Rachel envied her sister. She said to Jacob, "Give me children, or else I will die."
Ɛberɛ a Rahel hunuu sɛ ɔne Yakob nwo no, nʼani beree ne nuabaa no. Enti, ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Sɛ wo ne me anwo mma a, mɛwu!”
2 Then Jacob became very angry with Rachel, and he said, "Am I in God's place, who has withheld from you the fruit of the womb?"
Yakob bo fuu Rahel, ma ɔkaa sɛ, “Meyɛ Onyankopɔn? Ɔno na wasi wo yafunu ano.”
3 She said, "Look, my servant Bilhah. Sleep with her, so that she will bear children for me, that I too may have children through her."
Ɛnna Rahel ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Mʼafenaa Bilha nie, wo ne no nkɔda, na ɔnwo mma me, na ɛnam ne so ama me nso manya abusua.”
4 So she gave him Bilhah her servant as a wife, and Jacob slept with her.
Enti, Rahel de nʼafenaa Bilha maa Yakob wareeɛ. Yakob ne no daeɛ.
5 Bilhah conceived, and bore Jacob a son.
Ɔnyinsɛn, woo babarima maa Yakob.
6 Rachel said, "God has judged me, and has also heard my voice, and has given me a son." Therefore she called his name Dan.
Na Rahel kaa sɛ, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me. Wate mʼadesrɛ ama me ɔbabarima.” Ne saa enti, ɔtoo no edin Dan a asekyerɛ ne, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me.”
7 Bilhah, Rachel's handmaid, conceived again, and bore Jacob a second son.
Rahel afenaa Bilha nyinsɛnee bio, woo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob.
8 Rachel said, "I have wrestled mightily with my sister, and have prevailed." So she named him Naphtali.
Na Rahel kaa sɛ, “Me ne me nua Lea adi yɛn ho aperedie na madi nkonim.” Ɛno enti, ɔtoo abɔfra no edin Naftali a asekyerɛ ne, “Mʼakodie.”
9 When Leah saw that she had stopped bearing, she took Zilpah, her servant, and gave her to Jacob as a wife.
Ɛberɛ a Lea hunuu sɛ nʼawoɔ ate kɔ no, ɔno nso de nʼafenaa Silpa maa Yakob wareeɛ.
10 Zilpah, Leah's handmaid, bore Jacob a son.
Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima maa Yakob.
11 Leah said, "How fortunate." So she named him Gad.
Na Lea kaa sɛ, “Akrayɛ bɛn nie.” Enti, ɔtoo abɔfra no edin Gad a asekyerɛ ne, “Asi me yie.”
12 Zilpah, Leah's servant, bore Jacob a second son.
Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob.
13 Leah said, "Happy am I, for the women will call me happy." So she named him Asher.
Na Lea kaa sɛ, “Mʼani agye! Afei deɛ, mmaa no bɛfrɛ me anigyeɛ.” Enti, ɔtoo no edin Aser a asekyerɛ ne “Anigyeɛ.”
14 Reuben went out during the wheat harvest and found mandrakes in the field, and brought them to his mother, Leah. Then Rachel said to Leah, "Please give me some of your son's mandrakes."
Ayuotwaberɛ mu ɛda bi, Ruben kɔɔ afuom kɔhunuu afifideɛ bi a wɔfrɛ no dudaim. Ɔde bi brɛɛ ne maame Lea. Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ, “Mesrɛ wo, ma me wo ba no dudaim no bi.”
15 She said to her, "Is it a small matter that you have taken away my husband? Would you take away my son's mandrakes, also?" Rachel said, "Therefore he may sleep with you tonight for your son's mandrakes."
Nanso, Lea de abufuo buaa sɛ, “Woabɛgye me kunu akyiri no, woresane abɛgye me ba dudaim a ɔde abrɛ me no bi apaa so?” Na Rahel de awerɛhoɔ kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛnneɛ, Yakob mmɛda wo nkyɛn ɛnnɛ anadwo yi, na ma me dudaim no bi.”
16 Jacob came from the field in the evening, and Leah went out to meet him, and said, "You must sleep with me; for I have surely hired you with my son's mandrakes." So he slept with her that night.
Enti, ɛda no anwummerɛ a Yakob firi afuom reba no, Lea kɔhyiaa no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wobɛda me nkyɛn ɛnnɛ anadwo yi, ɛfiri sɛ, mede me ba dudaim atɔ wo.” Enti, Yakob kɔdaa Lea nkyɛn anadwo no.
17 God listened to Leah, and she conceived, and bore Jacob a fifth son.
Onyankopɔn tiee Lea mpaeɛbɔ, na ɔnyinsɛn, woo ɔbabarima a ɔtɔ so enum maa Yakob.
18 Leah said, "God has given me my wages, because I gave my servant to my husband." So she named him Issachar.
Na Lea kaa sɛ, “Mede mʼafenaa Silpa maa me kunu Yakob no, Onyankopɔn adom me.” Enti, wɔtoo abɔfra no edin Isakar a asekyerɛ ne “Akyɛdeɛ.”
19 Leah conceived again, and bore a sixth son to Jacob.
Lea sane nyinsɛnee bio, na ɔwoo ne babarima a ɔtɔ so nsia maa Yakob.
20 Leah said, "God has given me a good gift. Now my husband will live with me, because I have borne him six sons." So she named him Zebulun.
Enti, Lea kaa sɛ, “Onyankopɔn akyɛ me akyɛdeɛ a ɛsom bo yie. Afei deɛ, manya me kunu anim animuonyam. Ɔde obuo ne anidie bɛma me, ɛfiri sɛ, mawo mmammarima baasia ama no. Enti, ɔtoo abarimaa no edin Sebulon a, asekyerɛ ne Animuonyam.”
21 Afterwards, she bore a daughter, and named her Dinah.
Akyire no, Lea woo ɔbabaa too no edin Dina.
22 God remembered Rachel, and God listened to her, and made her fertile.
Afei, Onyankopɔn kaee Rahel, tiee ne mpaeɛbɔ, buee nʼawotwaa ano.
23 She conceived, bore a son, and said, "God has taken away my shame."
Rahel nyinsɛne, woo ɔbabarima, na ɔkaa sɛ, “Afei deɛ, Onyankopɔn apepa mʼanimguaseɛ, ama me nso mawo ɔba.”
24 So she named him Joseph, saying, "May God add another son to me."
Rahel too ne ba no edin Yosef a asekyerɛ ne “Awurade mfa ɔbabarima baako nka me ho.”
25 It happened, when Rachel had borne Joseph, that Jacob said to Laban, "Send me away, that I may go to my own place, and to my country.
Rahel woo Yosef no, ankyɛre na ɛda koro bi, Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ, “Mepɛ sɛ mesane kɔ mʼankasa mʼasase so ne me fie enti, mesrɛ wo, gya me ɛkwan na menkɔ,
26 Give me my wives and my children for whom I have served you, and let me go; for you know the service I have given you."
Fa me yerenom ne me mma a wɔn enti mebɛsom wo no ka ho. Wʼankasa ara wonim ɔsom pa a masom wo.”
27 Laban said to him, "If now I have found favor in your eyes, stay here, for I have learned by divination that God has blessed me for your sake."
Laban buaa sɛ, “Mesrɛ wo, nkɔ nnya me. Makɔ abisa ahunu sɛ, nhyira dodoɔ a manya yi nyinaa firi te a wote me nkyɛn yi so.”
28 He said, "Name your wages, and I will pay it."
Laban ka kaa ho sɛ, “Kyerɛ me akatua biara a wobɛgye, na mɛtua.”
29 He said to him, "You know how I have served you, and how well your livestock have done with me.
Yakob buaa Laban sɛ, “Wʼankasa wonim som a masom wo, ne sɛdeɛ mahwɛ wʼanantwie ne wo nnwan ama wɔn ase afɛe afa.
30 For you had little before I came, and it has increased abundantly. And God has blessed you wherever I worked. Now when will I also provide for my own household?"
Wʼahodeɛ kakra a na wowɔ ɛberɛ a mebaeɛ no, ɛnnɛ, adɔɔso, abu so. Biribiara a meyɛ maa wo no nso, Awurade ahyira so. Na me nso, ɛberɛ bɛn na mɛtumi apɛ biribi de agya mʼabusuafoɔ?”
31 He said, "What should I give you?" Jacob said, "You do not need to give me anything. If you will do this one thing for me, I will again pasture your flock and take care of it.
Laban bisaa Yakob sɛ, “Akatua ahe na memfa mma wo?” Yakob nso buaa sɛ, “Mma me hwee, na mmom, sɛ wobɛyɛ mʼabisadeɛ baako pɛ yi ama me deɛ a, mɛkɔ so ayɛn wo mmoa no.
32 I will pass through all your flock today, removing from there every speckled and spotted one, and every black one among the sheep, and the spotted and speckled among the goats. This will be my wages.
Ɛnnɛ, ma menkɔhwehwɛ wo mmoa no nyinaa mu, na mennyi odwan biara a ne ho yɛ ntokontrama, odwan ba biara a ɔyɛ tuntum ne abirekyie biara a ɔyɛ ntokontrama. Yeinom na ɛbɛyɛ mʼakatua.
33 So my honesty will testify for me later on, when the subject of my wages comes before you. Every one that is not speckled and spotted among the goats, and black among the sheep that I have in my possession, will be counted as stolen."
Yei bɛma woahunu sɛ, medi nokorɛ anaa menni nokorɛ. Sɛ wohunu nnwan anaa mmirekyie a wɔyɛ fufuo, na wɔnyɛ ntokontrama wɔ me mmoa no mu a, na ɛkyerɛ sɛ mawia wɔn afiri wo deɛ mu.”
34 Laban said, "Look, let it be as you have said."
Laban buaa Yakob sɛ, “Ɛyɛ, yɛ no sɛdeɛ woaka no.”
35 That day, he removed the male goats that were streaked and spotted, and all the female goats that were speckled and spotted, every one that had white in it, and all the black ones among the sheep, and put them in the care of his sons.
Ɛda no ara, Laban yiyii nnwennini a wɔyɛ ntokontrama no nyinaa ne nnwammedeɛ a wɔyɛ ntokontrama no nso; mmoa no mu biara a fufuo wɔ ne ho ne odwan ba biara a ɔyɛ tuntum no, ɔde wɔn kɔmaa ne mmammarima.
36 He set three days' journey between himself and Jacob, and Jacob pastured the rest of Laban's flocks.
Na Laban mma no faa mmoa no, de wɔn twaa nnansa ɛkwan, firii baabi a na Yakob wɔ hɔ. Saa ɛberɛ no mu, Yakob tenaa hɔ, hwɛɛ Laban nnwan no.
37 Jacob took fresh branches from poplar, almond and plane trees and made white streaks by peeling them, exposing white stripes on the branches.
Na Yakob faa saa nnua yi: ɔsɛsɛ, ɛdwono ne ɔkyɛnkyɛn mman mono, yiyii ho akamakam, ma ɛkɔtoo dua kwatii no.
38 He set up the peeled branches which he had peeled opposite the flocks in the troughs, that is, the watering places where the flocks came to drink. And since they bred when they came to drink,
Afei, ɔde mman mono a wayiyi ho no nyinaa guguu mmoa no adidi nnaka mu, sɛdeɛ ɛba sɛ, mmoa no ba sɛ wɔrebɛnom nsuo no bi a, wɔbɛhunu. Saa ɛberɛ no na anini no foro abereɛ no.
39 the flocks bred in front of the branches, and the flocks brought bore streaked, speckled, and spotted.
Enti, sɛ mmoa no hyia mu wɔ dua mman ntokontrama no ho, na wɔnyinsɛn na wɔwowo a, wɔn mma no ho yɛ ntokontrama.
40 Jacob separated the lambs, and made the flocks face toward the streaked and all the black in the flock of Laban. So he kept his own flocks separate, and did not put them into Laban's flock.
Ɔnam saa ɛkwan yi so yii Laban nnwankuo no mu abereɛ no guu faako, ma ɛkaa anini no. Na ɔmaa wɔne Yakob nnwan a wɔyɛ tuntum no hyiaa mu. Saa ɛkwan yi so na ɔfa gyinaa ne nnwankuo firii Laban deɛ mu.
41 It happened, whenever the stronger of the flock were breeding, that Jacob would set up the branches in front of the flock in the troughs, so that they would breed near the branches;
Ɛduru ɛberɛ a nnwammedeɛ a wɔwɔ ahoɔden no pɛ sɛ wɔhyia nnwennini no a, Yakob de mman a wayiyi ho akamakam no gu wɔn anim.
42 but for the weaker of the flock, he did not put them there. So the weaker would be Laban's, and the stronger Jacob's.
Nanso, wanyɛ nnwan abereɛ a wɔyɛ mmerɛ no saa. Enti, nnwammaa a wɔnni ahoɔden no bɛyɛɛ Laban dea, ɛnna wɔn a wɔwɔ ahoɔden no nso bɛyɛɛ Yakob dea.
43 Thus the man became very rich, and had large flocks, female servants and male servants, and camels and donkeys.
Ɛnam yei so maa Yakob nyaa ne ho tam. Ɔnyaa mmoa, mfenaa, nkoa, nyoma ne mfunumu bebree.

< Genesis 30 >