< Ezekiel 44 >

1 Then he brought me back by the way of the outer gate of the sanctuary, which looks toward the east; and it was shut.
Afei, ɔbarima no sane de me baa kronkronbea no abɔntenpono no a ɛkyerɛ apueeɛ fam no ano, na wɔato mu.
2 Jehovah said to me, "This gate shall be shut; it shall not be opened, neither shall any man enter in by it; for Jehovah, the God of Israel, has entered in by it; therefore it shall be shut.
Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Ɛsɛ sɛ ɛpono a wɔato mu yi tena hɔ saa ara. Ɛnsɛ sɛ wɔbue. Obiara mmfa hɔ nhyɛne mu. Ɛnsɛ sɛ wɔbue, ɛfiri sɛ Awurade, Israel Onyankopɔn afa hɔ ahyɛne mu.
3 As for the prince, he shall sit in it as prince to eat bread before Jehovah; he shall enter by the way of the porch of the gate, and shall go out by the way of the same."
Ɔhene no ankasa nko ara na ɔbɛtumi atena abɔntenpono no ano na wadidi wɔ Awurade anim. Ɔno na ɔtumi fa abɔntenpono no ntwonoo mu hyɛne mu, na ɔfa hɔ ara firi adi.”
4 Then he brought me by the way of the north gate before the house; and I looked, and look, the glory of Jehovah filled the house of Jehovah: and I fell on my face.
Afei, ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpono no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛeɛ na mehunuu Awurade animuonyam sɛ ahyɛ Awurade asɔredan no ma, na mebutuu hɔ.
5 Jehovah said to me, "Son of man, mark well, and see with your eyes, and hear with your ears all that I tell you concerning all the ordinances of the house of Jehovah, and all its laws; and mark well the entrance of the house, with every exit of the sanctuary.
Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, hwɛ adeɛ yie, tie no yie, na ma wʼani nku biribiara a mɛka akyerɛ wo a ɛfa nhyehyɛeɛ a ɛwɔ Awurade asɔredan no ho nyinaa. Ma wʼani nku asɔredan no ɛpono ne mmeaeɛ a wɔfa firi adi firi kronkronbea hɔ nyinaa.
6 You shall tell the rebellious, even to the house of Israel, 'Thus says Jehovah: you house of Israel, let it suffice you of all your abominations,
Ka kyerɛ Israel efie atuatefoɔ no sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ: Mo akyiwadeɛ no adɔɔso, Ao Israel efie!
7 in that you have brought in foreigners, uncircumcised in heart and uncircumcised in flesh, to be in my sanctuary, to profane it, even my house, when you offer my bread, the fat and the blood, and you have broken my covenant, to add to all your abominations.
Mo akyiwadeɛ a aka no nyinaa akyi no, mode ananafoɔ a wɔyɛ akoma mu ne honam fam momonotofoɔ aba me kronkronbea de agu mʼasɔredan ho fi, ɛberɛ a mode aduane, sradeɛ ne mogya brɛɛ me na mosɛee mʼapam.
8 You have not performed the duty of my holy things; but you have set performers of my duty in my sanctuary for yourselves.'
Sɛ mobɛyɛ mo adwuma a ɛfa mʼakronkronneɛ ho no, mo maa afoforɔ bɛhwɛɛ me kronkronbea so mmom.
9 "Thus says Jehovah, 'No foreigner, uncircumcised in heart and uncircumcised in flesh, shall enter into my sanctuary, of any foreigners who are among the children of Israel.
Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔnanani a ɔyɛ akoma mu ne honam fam momonoto biara nni ɛkwan sɛ ɔhyɛne me kronkronbea hɔ. Ananafoɔ a wɔte Israelfoɔ mu mpo nni ɛkwan saa.
10 But the Levites who went far from me, when Israel went astray, who went astray from me after their idols, they shall bear their iniquity.
“‘Lewifoɔ a wɔfirii me nkyɛn kɔɔ akyirikyiri ɛberɛ a Israel fom ɛkwan ne wɔn a wɔtwee wɔn ho firii me ho kɔdii wɔn ahoni akyi no, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodie bɛda wɔn so.
11 Yet they shall be ministers in my sanctuary, having oversight at the gates of the house, and ministering in the house: they shall kill the burnt offering and the sacrifice for the people, and they shall stand before them to minister to them.
Wɔbɛtumi asom wɔ me kronkronbea hɔ ɛberɛ a wɔhwɛ asɔredan no apono so na wɔsom wɔ mu; wɔbɛtumi akum ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ na wɔabɔ afɔdeɛ ama nnipa no, na wɔagyina nnipa no anim asom wɔn.
12 Because they ministered to them before their idols, and became a stumbling block of iniquity to the house of Israel; therefore have I lifted up my hand against them, says Jehovah, and they shall bear their iniquity.
Nanso, ɛsiane sɛ wɔsomm wɔn wɔ wɔn ahoni no mu na wɔmaa Israel efie kɔɔ bɔne mu enti, mama me nsa so aka ntam sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodie bɛda wɔn so. Otumfoɔ Awurade asɛm nie
13 They shall not come near to me, to execute the office of priest to me, nor to come near to any of my holy things, to the things that are most holy; but they shall bear their shame, and their abominations which they have committed.
Ɛnsɛ sɛ wɔbɛn me sɛ wɔrebɛsom me sɛ asɔfoɔ anaasɛ wɔbɛn mʼakronkronneɛ mu biara anaa mʼafɔrebɔdeɛ kronkron; ɛsɛ sɛ wɔn akyiwadeɛ ahodoɔ ho aniwuo ka wɔn.
14 Yet will I make them performers of the duty of the house, for all its service, and for all that shall be done in it.
Nanso mede asɔredan no mu dwumadie bɛhyɛ wɔn nsa. Wɔbɛyɛ ɛho som biara wɔ mu.
15 "'But the Levitical priests, the sons of Zadok, who performed the duty of my sanctuary when the children of Israel went astray from me, they shall come near to me to minister to me; and they shall stand before me to offer to me the fat and the blood, says Jehovah:
“‘Na mmom asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ ne Sadok asefoɔ a wɔyɛɛ adwuma nokorɛm wɔ me kronkronbea ɛberɛ a Israelfoɔ fom ɛkwan no bɛtumi abɛn me na wɔasom wɔ mʼanim; ɛsɛ sɛ wɔgyina mʼanim na wɔbrɛ me sradeɛ ne mogya afɔrebɔdeɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
16 they shall enter into my sanctuary, and they shall come near to my table, to minister to me, and they shall keep my instruction.
Wɔn nko ara na wɔwɔ ho ɛkwan sɛ wɔhyɛne me kronkronbea hɔ; wɔn nko ara na wɔwɔ ho ɛkwan sɛ wɔtwi bɛn me ɛpono, bɛsom wɔ mʼanim na wɔyɛ me som nnwuma.
17 "'It shall be that, when they enter in at the gates of the inner court, they shall be clothed with linen garments; and no wool shall come on them, while they minister in the gates of the inner court, and within.
“‘Sɛ wɔwura apono a ɛkɔ mfimfini adihɔ no mu a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nwera ntadeɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ kuntu atadeɛ ɛberɛ a wɔresom wɔ apono a ɛkɔ mfimfini adihɔ hɔ anaasɛ asɔredan no mu.
18 They shall have linen turbans on their heads, and shall have linen breeches on their waists; they shall not clothe themselves with anything that causes sweat.
Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nwera abotire na wɔhyehyɛ nwera ntadeɛ wɔ wɔn ase. Ɛnsɛ sɛ wɔhyehyɛ biribiara a ɛbɛma wɔate fifire.
19 When they go forth into the outer court, even into the outer court to the people, they shall put off their garments in which they minister, and lay them in the holy rooms; and they shall put on other garments, that they not sanctify the people with their garments.
Sɛ wɔkɔ mfikyire adihɔ, faako a nnipa no wɔ no a, ɛsɛ sɛ wɔyi ntadeɛ a wɔhyɛ de someeɛ no na wɔgya de gu adan kronkron no mu, na wɔhyehyɛ ntadeɛ foforɔ, sɛ ɛbɛyɛ a wɔmmfa wɔn dwumadie ntadeɛ no nnwira nnipa no ho.
20 "'Neither shall they shave their heads, nor allow their locks to grow long; they shall only cut off the hair of their heads.
“‘Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ tikwa anaasɛ wɔma wɔn tirinwi fu kuhaa, mmom ɛsɛ sɛ wɔbubu so fɛfɛɛfɛ.
21 Neither shall any of the priests drink wine, when they enter into the inner court.
Ɔsɔfoɔ biara nnnom bobesa ɛberɛ a wahyɛne mfimfini adihɔ hɔ.
22 Neither shall they take for their wives a widow, nor her who is put away; but they shall take virgins of the seed of the house of Israel, or a widow who is the widow of a priest.
Ɛnsɛ sɛ wɔware akunafoɔ anaa mmaa awaregyaefoɔ. Wɔtumi ware mmaabunu a wɔyɛ Israelfoɔ asefoɔ anaa akunafoɔ a na anka wɔn kununom yɛ asɔfoɔ.
23 They shall teach my people the difference between the holy and the common, and cause them to discern between the unclean and the clean.
Wɔnkyerɛkyerɛ me nkurɔfoɔ nsonsonoeɛ a ɛda adeɛ a ɛyɛ kronkron ne adeɛ a ɛyɛ kwasafo deɛ ntam, na wɔmma wɔn nhunu deɛ ɛma biribi yɛ adeɛ a ɛho nteɛ anaasɛ ɛho teɛ.
24 "'In a controversy they shall stand to judge; according to my ordinances shall they judge it: and they shall keep my laws and my statutes in all my appointed feasts; and they shall make my Sabbaths holy.
“‘Akasa akasa biara mu no, asɔfoɔ na wɔbɛyɛ atemmufoɔ agyina me mmaransɛm so abu atɛn. Ɛsɛ sɛ wɔdi me mmara ne mʼahyɛdeɛ a ɛfa mʼafahyɛ ahodoɔ no so, na wɔyɛ me home nna kronkron.
25 "'They shall go in to no dead person to defile themselves; but for father, or for mother, or for son, or for daughter, for brother, or for sister who has had no husband, they may defile themselves.
“‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ kɔ funu ho na ɔde gu ne ho fi; gye sɛ funu no yɛ nʼagya, ne maame, ne ba, ne nuabarima anaa ne nuabaa a ɔnwareeɛ; ne saa deɛ a, ɔtumi kɔ ho de gu ne ho fi.
26 After he is cleansed, they shall reckon to him seven days.
Na sɛ wɔdwira ne ho a, ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnanson.
27 In the day that he goes into the sanctuary, into the inner court, to minister in the sanctuary, he shall offer his sin offering, says Jehovah.
Ɛda a ɔbɛkɔ kronkronbea no mfimfini adihɔ hɔ akɔsom wɔ kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne afɔdeɛ ma ne ho, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
28 "'They shall have an inheritance: I am their inheritance; and you shall give them no possession in Israel; I am their possession.
“‘Me nko ara ne agyapadeɛ a asɔfoɔ no wɔ. Ɛnsɛ sɛ moma wɔn kyɛfa biara wɔ Israel. Mɛyɛ wɔn kyɛfa.
29 They shall eat the meal offering, and the sin offering, and the trespass offering; and every devoted thing in Israel shall be theirs.
Wɔbɛdi aduane afɔrebɔdeɛ, bɔne afɔrebɔdeɛ, afɔdie afɔrebɔdeɛ, na biribiara a wɔahyira so ama Awurade wɔ Israel no bɛyɛ wɔn dea.
30 The first of all the first fruits of every thing, and every offering of everything, of all your offerings, shall be for the priest: you shall also give to the priests the first of your dough, to cause a blessing to rest on your house.
Mo nnuaba a ɛdi ɛkan no mu deɛ ɛdi mu ne mo akyɛdeɛ sononko no nyinaa bɛyɛ asɔfoɔ no dea. Ɛsɛ sɛ mode mo mmɔre a ɛdi ɛkan no ma wɔn na nhyira atena mo afie mu.
31 The priests shall not eat of anything that dies of itself, or is torn, whether it be bird or animal.
Ɛnsɛ sɛ asɔfoɔ no we aboa biara a wawu nam, sɛ ɛyɛ anomaa anaa wiram aboa biara.’”

< Ezekiel 44 >