< Ezekiel 1 >

1 Now it happened in the thirtieth year, in the fourth month, in the fifth of the month, as I was among the captives by the river Chebar, that the heavens were opened, and I saw visions of God.
Afe a ɛtɔ so aduasa no, bosome a ɛtɔ so ɛnan no ɛda a ɛtɔ so enum, ɛberɛ a na me ka atukɔfoɔ ho wɔ Asubɔnten Kebar ho no, ɔsoro bueɛ na mehunuu Onyankopɔn wɔ anisoadehunu mu.
2 In the fifth of the month, which was the fifth year of king Jehoiachin's captivity,
Ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so enum no, na ɔhene Yehoiakin adi atukorɔ mu mfeɛ enum.
3 the word of Jehovah came to Ezekiel the priest, the son of Buzi, in the land of the Chaldeans by the river Chebar; and the hand of Jehovah came upon him.
Awurade asɛm baa Busi babarima Hesekiel a ɔyɛ ɔsɔfoɔ nkyɛn wɔ Asubɔnten Kebar ho wɔ Babilonia asase so. Ɛhɔ na Onyankopɔn nsa baa ne so.
4 I looked, and look, a stormy wind came out of the north, a great cloud, with flashing lightning, and a brightness around it, and out of its midst as it were glowing metal, out of the midst of the fire.
Mehwɛeɛ na mehunuu sɛ ahum kɛseɛ bi firi atifi fam reba, omununkum kɛseɛ bi a ɛrete ayerɛmo na hann bi a ano yɛ den atwa ho ahyia. Ogya no mfimfini te sɛ dadeɛ a asɔ kɔɔ.
5 Out of its midst came the likeness of four living creatures. This was their appearance: they had the likeness of a man.
Na ogya no mu na na wɔhunu biribi te sɛ ateasefoɔ ɛnan. Na wɔn su te sɛ onipa,
6 And each one had four faces, and each one of them had four wings.
wɔn mu biara anim yɛ ɛnan na wɔwowɔ ntaban ɛnan ɛnan.
7 Their legs were straight, and the sole of their feet was like the sole of a calf's foot; and they sparkled like burnished bronze.
Wɔn nan yɛ kyirebenn, wɔn anammɔn te sɛ nantwie ba deɛ, na ɛhyerɛn te sɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔahoa ho.
8 They had the hands of a man under their wings on their four sides; and the four of them had their faces and their wings thus:
Wɔwowɔ nnipa nsa wɔ ntaban a ɛwowɔ afa afa ɛnan no ase. Wɔn mu biara wɔ nnipa nsa ɛnan a baako wɔ ntaban biara ase,
9 their wings were joined one to another; they didn't turn when they went; each one went straight forward.
na wɔn ntaban keka sisi anim. Wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee a wɔnnanedane wɔn ho.
10 As for the likeness of their faces, they had the face of a man; and the four of them had the face of a lion on the right side; and the four of them had the face of an ox on the left side; the four of them also had the face of an eagle.
Na sei na wɔn anim teteɛ: Wɔn mu biara wɔ onipa anim, wɔwɔ gyata anim wɔ nifa so, wɔwɔ nantwie anim wɔ benkum so; na wɔn mu biara nso wɔ ɔkɔdeɛ anim.
11 Such were their faces. Their wings were spread out above. Two wings of each one touched another, and two covered their bodies.
Saa na na wɔn anim teteɛ. Wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu kɔ ɔsoro; na wɔn mu biara wɔ ntaban mmienu mmienu, a emu biara si ɔfoforɔ deɛ anim wɔ benkum ne nifa, na ntaban mmienu nso katakata wɔn ho.
12 Each one went straight forward: where the spirit would go, they went; they didn't turn when they went.
Obiara kɔ nʼanim tee. Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ɛhɔ na wɔbɛkɔ a wɔnnane wɔn ho.
13 And in the midst of the living creatures was an appearance of burning coals of fire, like the appearance of torches. The fire went up and down among the living creatures; and the fire was bright, and out of the fire went forth lightning.
Ateasefoɔ no suban te sɛ ogyasramma a ɛrederɛ anaa ogyatɛn. Ogya di akɔneaba wɔ ateasefoɔ no mu; ɛhyerɛn na emu na anyinam firi dwidwa.
14 The living creatures darted back and forth, like the appearance of a flash of lightning.
Na ateasefoɔ no di akɔneaba mmirika so te sɛ anyinam a ɛredwidwa.
15 Now as I saw the living creatures, look, there was a wheel on the ground beside each living creature with its four faces.
Ɛberɛ a merehwɛ ateasefoɔ no, mehunuu sɛ ntwahonan si fam wɔ ateasefoɔ a wɔn mu biara anim yɛ ɛnan no nkyɛn mu.
16 And the appearance of the wheels and their work was like a beryl: and the four of them had the same likeness; and their appearance and their work was as it were a wheel within a wheel.
Sei na na ntwahonan no bɔberɛ teɛ: ɛtwa yerɛ yerɛ te sɛ sikabereɛboɔ, na ɛnan no nyinaa sesɛ. Wɔayɛ emu biara te sɛ ntwahonan a ɛbea ntwahonan foforɔ mu.
17 When they went, they went in their four directions: they didn't turn when they went.
Sɛ ntwahonan no nam a, wɔkɔ faako a ateasefoɔ no ani kyerɛ; ntwahonan no, ɛnnanedane ɛberɛ a ateasefoɔ no nam.
18 As for their rims, they were high and awesome; and the four of them had their rims full of eyes all around.
Wɔn nhankra no korɔn, na ɛyɛ nwanwa, na aniwa tuatua nhankra ɛnan no nyinaa ho.
19 When the living creatures went, the wheels went beside them; and when the living creatures rose from the ground, the wheels also rose.
Sɛ ateasefoɔ no nante a, ntwahonan a ɛbatabata wɔn ho no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefoɔ no ma wɔn ho so firi fam a, ntwahonan no nso ma wɔn ho so.
20 They went in whichever direction the spirit would go, and the wheels rose alongside them because the spirit of the living creatures was in the wheels.
Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ateasefoɔ no nso bɛkɔ, na ntwahonan no bɛka wɔn ho ama wɔn ho so, ɛfiri sɛ ateasefoɔ no honhom wɔ ntwahonan no mu.
21 When those [the living creatures] moved, these [the wheels] moved; and when those [the living creatures] stood still, and when those [the living creatures] rose from the ground, the wheels rose alongside them because the spirit of the living creatures was in the wheels.
Sɛ ateasefoɔ no tu tene a, ntwahonan no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefoɔ no gyina a, wɔn nso gyina; sɛ ateasefoɔ no pagya wɔn ho a, ntwahonan no ne wɔn pagya wɔn ho, ɛfiri sɛ ateasefoɔ no honhom wɔ ntwahonan no mu.
22 And over the heads of the living creatures there was the likeness of an expanse, like glittering ice, it was awesome to look upon, stretched out over their heads above.
Na ntrɛmu bi wɔ ateasefoɔ no atifi a ɛpa yerɛyerɛ te sɛ nsukyeneeɛ, na ɛyɛ nwanwa.
23 Under the expanse their wings were straight, the one toward the other. And each one had two which covered its body.
Na wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban no mu asisi anim wɔ ntrɛmu no ase, na ateasefoɔ no mu biara wɔ ntaban mmienu a ɛkata ne ho.
24 When they went, I heard the noise of their wings like the noise of great waters, like the voice of Shaddai, a noise of tumult like the noise of an army: when they stood, they let down their wings.
Ateasefoɔ no tu teneeɛ no, metee wɔn ntaban no nnyegyeɛ, a ɛte sɛ nsuo a ɛreworo so, te sɛ Otumfoɔ no nne, anaa akodɔm hooyɛ. Sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu.
25 There was a voice above the expanse that was over their heads.
Na ɛnne bi firi ntrɛmu a ɛkata wɔn so no atifi baeɛ, ɛberɛ a wɔagyaagyaa wɔn ntaban mu na wɔgyinagyina hɔ no.
26 Above the expanse that was over their heads was the likeness of a throne, as the appearance of a sapphire stone; and on the likeness of the throne was a likeness as the appearance of a man on it above.
Na biribi a ɛte sɛ aboɔdemmoɔ ahennwa wɔ ntrɛmu a ɛkata ateasefoɔ no atifi so, na biribi a ɛte sɛ onipa te ahennwa so wɔ soro hɔ.
27 I saw as it were glowing metal, as the appearance of fire within it all around, from the appearance of his waist and upward; and from the appearance of his waist and downward I saw as it were the appearance of fire, and there was brightness around him.
Mehunuu sɛ, ɛfiri deɛ ayɛ sɛ nʼasene mu rekɔ ne soro no, na ɔte sɛ dadeɛ a adɔ kɔɔ sɛ ogya a ano asɔ, na ɛfiri hɔ reba ne fam no, na ɔte sɛ egyadɛreɛ; na hann a ɛhyerɛn atwa ne ho ahyia.
28 As the appearance of the rainbow that is in the cloud in the day of rain, so was the appearance of the brightness all around. This was the appearance of the likeness of the glory of Jehovah. When I saw it, I fell on my face, and I heard a voice speaking.
Sɛdeɛ nyankontɔn to wɔ omununkum mu osutɔ ɛda no, saa ara na hann a atwa ne ho ahyia no teɛ. Yei yɛ Awurade animuonyam ahoyie no sɛso. Na mehunuuɛ no, me de mʼanim butuu fam, na metee obi a ɔrekasa nne.

< Ezekiel 1 >