< Exodus 19 >

1 In the third month after the children of Israel had gone forth out of the land of Egypt, on that same day they came into the wilderness of Sinai.
Anadwo a Israelfoɔ no tu firii Misraim no, nʼabosome mmiɛnsa so na wɔde kɔduruu Sinai ɛserɛ so.
2 When they had departed from Rephidim, and had come to the wilderness of Sinai, they camped in the wilderness; and there Israel camped before the mountain.
Wɔtu firii Refidim no, wɔbɛduruu Sinai Bepɔ ase bɔɔ atenaseɛ wɔ hɔ. Mose foro kɔɔ bepɔ no so kɔhyiaa Onyankopɔn.
3 Moses went up to God, and God called to him out of the mountain, saying, "This is what you shall tell the house of Jacob, and tell the children of Israel:
Mose kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ bepɔ no so na Awurade frɛɛ no firii bepɔ no so kaa sɛ, “Ka saa nsɛm yi kyerɛ Yakob asefoɔ Israelman sɛ,
4 'You have seen what I did to the Egyptians, and how I bore you on eagles' wings, and brought you to myself.
‘Moahunu deɛ meyɛɛ Misraimfoɔ no ne ɛkwan a menam so de mo baa me nkyɛn te sɛ deɛ na mote ɔkɔdeɛ ntaban so no.
5 Now therefore, if you will indeed obey my voice, and keep my covenant, then you shall be my own possession from among all peoples; for all the earth is mine;
Sɛ mobɛtie me, na moadi mʼahyɛdeɛ so a, mobɛyɛ me nnwankuo ketewa wɔ asase so aman nyinaa mu, ɛfiri sɛ, asase nyinaa yɛ me dea.
6 and you shall be to me a kingdom of priests, and a holy nation.' These are the words which you shall speak to the children of Israel."
Na mobɛyɛ asɔfoɔ ahemman a ɛyɛ ɔman kronkron ama Onyankopɔn.’ Saa nsɛm yi na ka kyerɛ Israelfoɔ no.”
7 Moses came and called for the elders of the people, and set before them all these words which God commanded him.
Mose siane firii bepɔ no so baeɛ no, ɔfrɛɛ mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano nyinaa na ɔkaa asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn.
8 All the people answered together, and said, "All that God has spoken we will do." Moses reported the words of the people to God.
Wɔtee asɛm no, wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Yɛbɛyɛ biribiara a Awurade aka sɛ yɛnyɛ no nyinaa.” Enti, Mose kɔkaa nsɛm a nnipa no aka no kyerɛɛ Awurade.
9 Jehovah said to Moses, "Look, I come to you in a thick cloud, that the people may hear when I speak with you, and may also believe you forever." Moses told the words of the people to Jehovah.
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Merebɛba wo nkyɛn sɛ omununkum sɛdeɛ ɛbɛyɛ na me ne wo kasa a, nnipa no bɛte me nne na ɛnam so ama wɔagye wo adi daa.
10 Jehovah said to Moses, "Go to the people, and sanctify them today and tomorrow, and let them wash their garments,
“Siane kɔ nnipa no nkyɛn na kɔhwɛ sɛ wɔasiesie wɔn ho rehwɛ me ɛkwan. Fa ɛnnɛ ne ɔkyena te wɔn ho. Ma wɔnsi wɔn nneɛma nyinaa.
11 and be ready against the third day; for on the third day Jehovah will come down in the sight of all the people on Mount Sinai.
Na ɔkyena akyiri mɛsiane aba Sinai Bepɔ no so a ɔmanfoɔ nyinaa rehwɛ ɛkwan.
12 You shall set bounds to the people all around, saying, 'Be careful that you do not go up onto the mountain, or touch its border. Whoever touches the mountain shall be surely put to death.
Twitwa ahyeɛ sɛdeɛ nnipa no rentra na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Monhwɛ yie. Mommforo nkɔ bepɔ no atifi na monnkɔ nʼahyeɛ no nso so; obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no, ɔbɛwu.
13 No hand shall touch him, but he shall surely be stoned or shot through; whether it is animal or man, he shall not live.' When the trumpet sounds long, they shall come up to the mountain."
Sɛ ɔyɛ onipa anaa a, obiara nsɔ ne mu. Na mmom, wɔbɛsi no aboɔ anaasɛ wɔbɛtoto agyan awowɔ no ama wawu.’ Montwe mo ho mfiri bepɔ no ho koraa kɔsi sɛ totorobɛnto bi bɛhyɛne ntwemu so; sɛ ɛba saa a, momforo nkɔ bepɔ no so!”
14 Moses went down from the mountain to the people, and sanctified the people; and they washed their clothes.
Mose siane firii bepɔ no so kɔɔ nnipa no nkyɛn kɔtee wɔn ho ma wɔsii wɔn nneɛma nyinaa.
15 He said to the people, "Be ready by the third day. Do not have sexual relations with a woman."
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsiesie mo ho, na aka nnansa na Onyankopɔn aba, enti obiara nnkɔ ɔbaa ho.”
16 It happened on the third day, when it was morning, that there were thunders and lightnings, and a thick cloud on the mountain, and the sound of an exceedingly loud trumpet; and all the people who were in the camp trembled.
Nnansa so anɔpa pɛpɛɛpɛ, aprannaa a ano yɛ den bobɔɔ mu, ma ayerɛmo pepaeɛ, ma omununkum kabii bi siane firii bepɔ no so. Totorobɛnto bi hyɛnee ntwemu so ma nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ho popoeɛ.
17 Moses led the people out of the camp to meet God; and they stood at the lower part of the mountain.
Mose dii nnipa no anim firi wɔn atenaeɛ hɔ sɛ wɔrekɔhyia Onyankopɔn. Wɔn nyinaa kɔboaa wɔn ho ano wɔ bepɔ no ase.
18 And Mount Sinai was wrapped in smoke because God descended on it in fire; and its smoke ascended like the smoke of a furnace, and the whole mountain quaked greatly.
Wisie kumɔnn kataa Sinai Bepɔ no so, ɛfiri sɛ, Awurade siane baa so sɛ ogya. Wisie buaa ewiem nyinaa te sɛ deɛ ɛfiri fononoo mu, na asasewosoɔ wosoo bepɔ no dendeenden.
19 When the sound of the trumpet grew louder and louder, Moses spoke, and God answered him by a voice.
Totorobɛnto no hyɛnee dendeenden pa ara no, Mose kasaeɛ na Onyankopɔn nso de nne kɛseɛ buaeɛ.
20 Jehovah came down on Mount Sinai, to the top of the mountain. Jehovah called Moses to the top of the mountain, and Moses went up.
Enti, Awurade baa Sinai Bepɔ no atifi, na ɔfrɛɛ Mose maa ɔforo kɔɔ ne nkyɛn.
21 God said to Moses, "Go down, warn the people, lest they break through to God to look, and many of them perish.
Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sane wʼakyi kɔ nnipa no nkyɛn na kɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnntra ahyeɛ no. Wɔnnyɛ wɔn adwene nso sɛ wɔreforo aba soro ha abɛhwɛ Awurade. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no bɛwuwu.
22 Let the priests also, who come near to God, sanctify themselves, or Jehovah will break out against them."
Asɔfoɔ a wɔwɔ wɔn nnwuma so no mpo nnwira wɔn ho, anyɛ saa a, Awurade bɛsɛe wɔn.”
23 Moses said to God, "The people can't come up to Mount Sinai, for you warned us, saying, 'Set bounds around the mountain, and sanctify it.'"
Mose nso buaa Awurade sɛ, “Nnipa no deɛ, wɔremforo mma bepɔ no atifi, ɛfiri sɛ, woabɔ wɔn kɔkɔ dada. Woka kyerɛɛ me sɛ mentwitwa ahyeɛ mfa bepɔ no ho na menka nkyerɛ nnipa no sɛ, obiara nnkɔ hɔ, ɛfiri sɛ, ɛhɔ yɛ Onyankopɔn dea.”
24 Jehovah said to him, "Go down and you shall bring Aaron up with you, but do not let the priests and the people break through to come up God, or he will break out against them."
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Siane kɔ fam na kɔfa Aaron bra. Mma asɔfoɔ no ne nnipa no ntra ahyeɛ no sɛ wɔreba ha. Wɔyɛ saa a, mɛsɛe wɔn.”
25 So Moses went down to the people, and told them.
Enti, Mose siane kɔɔ bepɔ no ase kɔkaa asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ no no kyerɛɛ wɔn.

< Exodus 19 >