< Ephesians 6 >

1 Children, obey your parents in the Lord, for this is right.
Mma, montie mo awofoɔ asɛm wɔ Awurade mu ɛfiri sɛ, saa na ɛyɛ.
2 "Honor your father and mother," which is the first commandment with a promise:
“Di wʼagya ne wo maame ni,” yei ne mmaransɛm a ɛdi ɛkan a bɔhyɛ ka ho,
3 "that it may be well with you, and that you may live long in the land."
“na asi wo yie na wo nna nso aware asase yi so.”
4 And fathers, do not provoke your children to anger, but nurture them in the discipline and instruction of the Lord.
Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo. Na mmom, montete wɔn wɔ Awurade nkyerɛkyerɛ mu.
5 Servants, be obedient to those who according to the flesh are your masters, with fear and trembling, in singleness of your heart, as to Christ;
Nkoa, momfa obuo ne ɔsuro mfiri akoma pa mu nyɛ ɔsetie mma mo honam fam wuranom, sɛdeɛ mobɛyɛ ɔsetie ama Kristo no ara.
6 not in the way of service only when eyes are on you, as people-pleasers; but as servants of Christ, doing the will of God from the heart;
Monyɛ ɔsetie mma wɔn, ɛnyɛ sɛ mobɛsɔ wɔn ani wɔ ɛberɛ a wɔrehwɛ mo nko ara, na mmom, monyɛ sɛ Kristo nkoa a mofiri mo akoma mu reyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ.
7 with good will doing service, as to the Lord, and not to people;
Momfa mo akoma nyinaa nsom sɛdeɛ moresom Awurade a ɛnnyɛ nnipa,
8 knowing that whatever good thing each one does, he will receive the same again from the Lord, whether he is bound or free.
ɛfiri sɛ monim sɛ adwuma pa biara a obi yɛ no, sɛ ɔyɛ ɔsomfoɔ anaa ɔde ne ho no, Awurade bɛtua no so ka.
9 You masters, do the same things to them, and give up threatening, knowing that he who is both their Master and yours is in heaven, and there is no partiality with him.
Awuranom, saa ara na mo nso monyɛ mo asomfoɔ. Monnyae wɔn ahunahuna ɛfiri sɛ, mo ne mo asomfoɔ nyinaa wɔ wura baako a ɔwɔ ɔsoro; na ɔno deɛ ɔnhwɛ animu.
10 Finally, be strong in the Lord, and in the strength of his might.
Deɛ ɛtwa toɔ ne sɛ, monyɛ den wɔ ne ne tumi kɛseɛ no mu.
11 Put on the whole armor of God, that you may be able to stand against the schemes of the devil.
Monhyɛ Onyankopɔn akodeɛ nyinaa na moatumi agyina ɔbonsam nhyehyɛeɛ ano.
12 For our wrestling is not against flesh and blood, but against the rulers, against the powers, against the world's rulers of this darkness, and against the spiritual forces of wickedness in the heavenly places. (aiōn g165)
Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom, yɛne mpaninnie ne tumidie ne ewiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔ na anya. (aiōn g165)
13 Therefore, put on the whole armor of God, that you may be able to withstand in the evil day, and, having done all, to stand.
Yei enti, monhyɛ Onyankopɔn akodeɛ nyinaa, na sɛ da bɔne no ba a, moatumi agyina, na mowie biribiara a, moagyina pintinn.
14 Stand therefore, having the belt of truth buckled around your waist, and having put on the breastplate of righteousness,
Enti monnyina pintinn, na momfa nokorɛ mmɔ mo asene, na monhyɛ tenenee nkataboɔ,
15 and having fitted your feet with the preparation of the Good News of peace;
na momfa Asɛmpa no asomdwoeɛ no nhyehyɛ mo nan.
16 above all, taking up the shield of faith, with which you will be able to quench all the fiery darts of the evil one.
Yeinom nyinaa akyi no, momfa gyidie kyɛm, deɛ mode bɛdum ɔbɔnefoɔ bɛma a ɛrederɛ no.
17 And take the helmet of salvation, and the sword of the Spirit, which is the spoken word of God;
Momfa nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ ne Honhom no akofena a ɛyɛ Onyankopɔn asɛm no.
18 with all prayer and requests, praying at all times in the Spirit, and being watchful to this end in all perseverance and requests for all the saints:
Ɛberɛ nyinaa mu mommɔ mpaeɛ wɔ Honhom mu, mpaeɛbɔ ahodoɔ ne nkotosrɛ mu. Yei enti monna mo ho so, na mommɔ mpaeɛ mma ahotefoɔ.
19 on my behalf, that utterance may be given to me in opening my mouth, to make known with boldness the mystery of the Good News,
Mommɔ mpaeɛ mma me nso na sɛ mebue mʼano a, wɔama me asɛm aka, na matumi akasa akokoɔduru so ada Asɛmpa no mu ahintasɛm adi.
20 for which I am an ambassador in chains; that in it I may speak boldly, as I ought to speak.
Seesei meyɛ ho ɔnanmusini a meda mpokyerɛ mu. Ɛno enti, mommɔ mpaeɛ mma me na matumi de akokoɔduru apae mu aka no sɛdeɛ ɛsɛ sɛ meka no.
21 But that you also may know my affairs, how I am doing, Tychicus, the beloved brother and faithful servant in the Lord, will make known to you all things;
Yɛn nua ɔdɔfoɔ, Tihiko, a ɔyɛ Awurade adwumayɛ mu ɔsomfoɔ nokwafoɔ no bɛka biribiara akyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu sɛdeɛ me ho teɛ ne dwuma a meredie.
22 whom I have sent to you for this very purpose, that you may know our state, and that he may comfort your hearts.
Yei enti na meresoma no mo nkyɛn, ama moahunu sɛdeɛ yɛn ho teɛ na wahyɛ mo nkuran nso.
23 Peace be to the brothers, and love with faith, from God the Father and the Lord Jesus Christ.
Asomdwoeɛ nka anuanom nyinaa, na Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma mo nokorɛ dɔ.
24 Grace be with all those who love our Lord Jesus Christ with incorruptible love.
Onyankopɔn adom nka wɔn a wɔdɔ yɛn Awurade Yesu Kristo daa nyinaa no.

< Ephesians 6 >