< Deuteronomy 19 >

1 When Jehovah your God shall cut off the nations, whose land Jehovah your God gives you, and you succeed them, and dwell in their cities, and in their houses;
Sɛ Awurade mo Onyankopɔn sɛe aman a ɔde wɔn nsase rema mo na sɛ mopam wɔn na motena wɔn nkuro no mu ne wɔn afie mu a,
2 you shall set apart three cities for you in the midst of your land, which Jehovah your God gives you to possess it.
monyi nkuropɔn mmiɛnsa a ɛwɔ asase no mfimfini a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo afa no.
3 You shall prepare you the way, and divide the borders of your land, which Jehovah your God causes you to inherit, into three parts, that every manslayer may flee there.
Monyiyi akwan nkɔ hɔ na monkyɛ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ no mu mmiɛnsa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ obi kum obi a, ɔbɛdwane akɔ hɔ.
4 This is the case of the manslayer, that shall flee there and live: whoever kills his neighbor unawares, and did not hate him in time past;
Sɛ obi anhyɛ da na ɔkum obi a ɔnni ne ho menasepɔ anaa ɔntan no dada a, onipakumfoɔ no tumi dwane kɔ saa nkuropɔn yi biara so de gye ne ho nkwa.
5 as when a man goes into the forest with his neighbor to chop wood, and his hand fetches a stroke with the axe to cut down the tree, and the head slips from the handle, and lights on his neighbor, so that he dies; he shall flee to one of these cities and live:
Sɛ ebia, obi ne ne yɔnko bi kɔ wiram rekɔbu nnua na sɛ ɛba sɛ ɔbaako de abonnua rebu dua bi na sɛ abonnua no hɔn firi ne dua mu kumm ne yɔnko no a, saa asɛm yi mu no, onipakumfoɔ no tumi dwane kɔ nkuropɔn no baako so de gye ne ho nkwa.
6 lest the avenger of blood pursue the manslayer, while his heart is hot, and overtake him, because the way is long, and strike him mortally; whereas he was not worthy of death, inasmuch as he did not hate him in time past.
Sɛ dwanekɔbea biara mmɛn hɔ a, ɔtaafoɔ bi bɛtumi ataa onipakumfoɔ no akum no. Sɛ ɛba saa a, ɛkyerɛ sɛ, wɔakum onipakumfoɔ no wɔ ɛberɛ a wanhyɛ da akum obi. Wankum onipa, na mmom deɛ ɔyɛeɛ yɛ asiane.
7 Therefore I command you, saying, You shall set apart three cities for yourselves.
Ne saa enti na merehyɛ mo sɛ monyi nkuropɔn mmiɛnsa nsi nkyɛn no.
8 If Jehovah your God enlarges your border, as he has sworn to your fathers, and gives you all the land which he promised to give to your fathers;
Sɛ Awurade mo Onyankopɔn trɛ mo ɔman mu sɛdeɛ ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom na ɔde asase no nyinaa ma mo sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn ho bɔ no a,
9 if you keep all this commandment to do it, which I command you this day, to love Jehovah your God, and to walk ever in his ways; then you shall add three cities more for yourselves, besides these three:
ɛsɛ sɛ moyi nkuropɔn mmiɛnsa si nkyɛn. Sɛ moto mo bo ase di mmara a mehyɛɛ mo no so ɛnnɛ yi sɛ monnɔ Awurade mo Onyankopɔn na monnante nʼakwan so a, ɛnneɛ, ɔde asase no bɛma mo.
10 that innocent blood not be shed in the midst of your land, which Jehovah your God gives you for an inheritance, and so blood be on you.
Monyɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔnhwie mogya a ɛnni fɔ no ngu wɔ mo asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ mo agyapadeɛ no so, na moanni mogyahwieguo no ho fɔ.
11 But if any man hates his neighbor, and lies in wait for him, and rises up against him, and strikes him mortally so that he dies, and he flees into one of these cities;
Sɛ obi tan obi enti ɔhyɛ da kɔtɛ no kumm no na ɔdwane kɔ nkuropɔn no bi so kɔtɛ a,
12 then the elders of his city shall send and bring him there, and deliver him into the hand of the avenger of blood, that he may die.
ɛsɛ sɛ mpanimfoɔ a wɔwɔ ne kuro no mu hɔ no soma ma wɔkɔpɛ no ma wɔsane de no ba kuropɔn no mu ma owufoɔ no nkurɔfoɔ nso kum no bi.
13 Your eye shall not pity him, but you shall put away the innocent blood from Israel, that it may go well with you.
Mommma onipakumfoɔ no asɛm nha mo. Monyi wɔn a wɔdi awudie ho fɔ wɔ Israel nyinaa mmra, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, biribiara bɛkɔ yie ama mo.
14 You shall not remove your neighbor's landmark, which they of old time have set, in your inheritance which you shall inherit, in the land that Jehovah your God gives you to possess it.
Sɛ moduru asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no so a, monntutu ɛhyeɛ a mo agyanom atoto ngu mmfa so nwia obi asase.
15 One witness shall not rise up against a man for any iniquity, or for any sin, in any sin that he sins: at the mouth of two witnesses, or at the mouth of three witnesses, shall every word be established.
Mommmu obi a ɔdanseni baako abɛdi atia no no fɔ. Soboɔ bɛdi mu ɛberɛ a nnipa baanu anaa baasa abɛdi adanseɛ.
16 If an unrighteous witness rise up against any man to testify against him of wrongdoing,
Sɛ atorɔ danseni bi ba bɛbɔ obi amumuyɛ bi ho kwaadu a,
17 then both the men, between whom the controversy is, shall stand before Jehovah, before the priests and the judges who shall be in those days;
ɛnneɛ, ɛsɛ sɛ kwaadubɔni no ne onipa a wabɔ no kwaadu no nyinaa ba asɔfoɔ ne atemmufoɔ a wɔreyɛ Awurade adwuma no anim.
18 and the judges shall make diligent inquisition: and, look, if the witness is a false witness, and has testified falsely against his brother;
Ɛsɛ sɛ wɔto wɔn bo bisa nnipa no nsɛm mu yie. Na sɛ wɔhunu sɛ kwaadubɔni no retwa atorɔ a,
19 then you shall do to him as he had thought to do to his brother: so you shall put away the evil from the midst of you.
wɔde asotwe a anka ɛsɛ sɛ wɔde ma onipa a wɔabɔ no kwaadu no bɛma no. Sɛ mofa saa ɛkwan yi so a, mobɛtu amumuyɛsɛm nyinaa afiri mo mu.
20 Those who remain shall hear, and fear, and shall hereafter commit no more any such evil in the midst of you.
Wɔn a wɔbɛte no bɛsuro sɛ wɔbɛyɛ saa bɔne no bi.
21 Your eyes shall not pity: life for life, eye for eye, tooth for tooth, hand for hand, foot for foot.
Monnhunu obiara mmɔbɔ! Mo mmara a ɛsɛ sɛ modi so no yɛ nkwa nsi nkwa ananmu, ani nsi ani ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu.

< Deuteronomy 19 >