< 2 Chronicles 19 >

1 Jehoshaphat the king of Judah returned to his house in peace to Jerusalem.
Ɛberɛ a ɔhene Yehosafat duruu ne fie wɔ Yerusalem asomdwoeɛ mu no,
2 Jehu the son of Hanani the seer went out to meet him, and said to king Jehoshaphat, "Should you help the wicked, and love those who hate Jehovah? Because of this, wrath is on you from before Jehovah.
Hanani babarima Yehu, ɔdehunumuni no kɔhyiaa no. Ɔbisaa ɔhene Yehosafat sɛ, “Adɛn enti na woboa amumuyɛfoɔ, na wodɔ wɔn a wɔkyiri Awurade? Deɛ woayɛ yi de Awurade abufuo aba wo so.
3 Nevertheless there are good things found in you, in that you have put away the Asheroth out of the land, and have set your heart to seek God."
Nanso, ade pa bi wɔ wo mu ɛfiri sɛ woatutu Asera afɔrebukyia a ɛwɔ asase no so nyinaa, na woatu wo ho asi hɔ sɛ wobɛhwehwɛ Onyankopɔn.”
4 Jehoshaphat lived at Jerusalem: and he went out again among the people from Beersheba to the hill country of Ephraim, and brought them back to Jehovah, the God of their fathers.
Na Yehosafat tenaa Yerusalem. Nanso, ɔtuu kwan firii Beer-Seba kɔɔ Efraim bepɔ asase no so, kɔhyɛɛ nkurɔfoɔ nkuran sɛ, wɔnsane nkɔ Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no nkyɛn.
5 He set judges in the land throughout all the fortified cities of Judah, city by city,
Ɔyiyii atemmufoɔ wɔ nkuropɔn a wɔabɔ ho ban wɔ ɔman no mu nyinaa,
6 and said to the judges, "Consider what you do: for you do not judge for man, but for Jehovah; and he is with you in the judgment.
hyɛɛ wɔn sɛ, “Atɛn biara a mobɛbu no ɛberɛ biara no, monnwene ho yie. Monkae sɛ, moremmu atɛn sɛ mode resɔ nnipa ani, na mmom, Awurade ani. Ɔbɛka mo ho wɔ asɛm biara a ɛba mo anim a ɛsɛ sɛ mobu ho atɛn no.
7 Now therefore let the fear of Jehovah be on you. Take heed and do it: for there is no iniquity with Jehovah our God, nor respect of persons, nor taking of bribes."
Monsuro Awurade, na mommu atɛntenenee, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, kyiri ntɛnkyea, animhwɛ ne kɛtɛasehyɛ.”
8 Moreover in Jerusalem Jehoshaphat appointed Levites and priests, and of the heads of the ancestral houses of Israel, for the judgment of Jehovah, and for controversies. They returned to Jerusalem.
Na Yehosafat yii Lewifoɔ, asɔfoɔ ne mmusua ntuanofoɔ a wɔwɔ Israel no ma wɔsomm sɛ atemmufoɔ wɔ Yerusalem. Na wɔdi Awurade mmara mu nsɛm ne efie ntawantawa nsɛm nso.
9 He commanded them, saying, "Thus you shall do in the fear of Jehovah, faithfully, and with a perfect heart.
Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Daa, momfa Awurade nyamesuro, nokorɛdie ne adwene pa nyɛ mo adwuma.
10 Whenever any controversy shall come to you from your brothers who dwell in their cities, between blood and blood, between law and commandment, statutes and ordinances, you shall warn them, that they not be guilty towards Jehovah, and so wrath come on you and on your brothers. Do this, and you shall not be guilty.
Ɛberɛ biara a asɛm bi a ɛfiri mo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkurotoɔ yi so bɛba mo anim no, sɛ ɛyɛ awudie anaa Onyankopɔn mmara anaa nʼahyɛdeɛ so buo no, mommɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnyɛ bɔne ntia Awurade, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabufuo mma mo ne wɔn so. Monyɛ saa, na morenni fɔ.
11 Look, Amariah the chief priest is over you in all matters of Jehovah; and Zebadiah the son of Ishmael, the ruler of the house of Judah, in all the king's matters: also the Levites shall be officers before you. Deal courageously, and may Jehovah be with the good."
“Ɔsɔfopanin Amaria bɛyɛ mo panin, na ɔkasa a obi nka bi bio wɔ nsɛm a ɛfa Awurade ho nyinaa. Ismael babarima Sebadia nso na ɔtua Yuda abusuakuo ano no. Ɔkasa a, obi nka bi bio wɔ ntawantawasɛm nyinaa mu. Lewifoɔ no na wɔbɛboa mo ama moabu atɛntenenee. Momfa akokoɔduru nni mo dwuma, na Awurade nka wɔn a wɔyɛ ade tenenee ho.”

< 2 Chronicles 19 >