< 1 Kings 21 >

1 It happened after these things, that Naboth the Jezreelite had a vineyard, which was in Jezreel, near the palace of Ahab king of Samaria.
Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Nabot a ɔfiri Yesreel wɔ bobeturo bi a ɛbɛn Samariahene Ahab ahemfie.
2 Ahab spoke to Naboth, saying, "Give me your vineyard, that I may have it for a vegetable garden, because it is near to my house; and I will give you for it a better vineyard than it. Or, if it seems good to you, I will give you its worth in money."
Ahab ka kyerɛɛ Nabot sɛ, “Fa wo bobeturo no ma me, na memfa asase no nyɛ atosodeɛfuo, ɛfiri sɛ, ɛbɛn mʼahemfie pɛɛ. Sɛ wopene so de ma me a, mɛma wo bobeturo papa, na sɛ nso wopɛ a, ɛboɔ biara a asase no die no, mɛtua.”
3 Naboth said to Ahab, "May Jehovah forbid me, that I should give the inheritance of my fathers to you."
Nanso, Nabot buaa sɛ, “Awurade mma ɛmpare me sɛ mede mʼagyanom agyapadeɛ bɛma wo.”
4 Ahab came into his house sullen and angry because of the word which Naboth the Jezreelite had spoken to him; for he had said, "I will not give you the inheritance of my fathers." He laid himself down on his bed, and turned away his face, and would eat no bread.
Enti, Ahab sane kɔɔ ahemfie hɔ a ne bo afu ne ho pɔtɔɔ. Ɔkɔdaeɛ a wannidie, de nʼanim kyerɛɛ fasuo.
5 But Jezebel his wife came to him, and said to him, "Why is your spirit so sad, that you eat no bread?"
Ne yere Isebel bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na woayɛ bosaa saa? Adɛn enti na wompɛ sɛ wodidie?”
6 He said to her, "Because I spoke to Naboth the Jezreelite, and said to him, 'Give me your vineyard for money; or else, if it pleases you, I will give you another vineyard for it.' He answered, 'I will not give you my vineyard.'"
Ɔbuaa no sɛ, “Meka kyerɛɛ Nabot, Yesreelni no sɛ, ɔntɔn ne bobeturo no mma me anaasɛ, mɛma no bi ahyɛ anan, nanso wampene.”
7 Jezebel his wife said to him, "Do you now govern the kingdom of Israel? Arise, and eat bread, and let your heart be merry. I will give you the vineyard of Naboth the Jezreelite."
Ne yere Isebel bisaa sɛ, “Wonyɛ Israelhene anaa? Sɔre na didi! Mma yei nha wo. Mɛgye Nabot bobeturo no ama wo!”
8 So she wrote letters in Ahab's name, and sealed them with his seal, and sent the letters to the elders and to the nobles who were in his city, who lived with Naboth.
Na Isebel twerɛɛ nkrataa wɔ Ahab din mu, de ne nsɔano sɔɔ ano, de kɔmaa mpanimfoɔ ne akunini a wɔne Nabot te kuropɔn no mu no.
9 She wrote in the letters, saying, "Proclaim a fast, and set Naboth on high among the people.
Krataa no mu nsɛm ne sɛ: “Yi ɛda bi to hɔ a wɔde bɛyɛ akɔnkyene, na ma Nabot ntena animuonyambea wɔ nnipa no mu.
10 Set two men, base fellows, before him, and let them testify against him, saying, 'You cursed God and the king.' Then carry him out, and stone him to death."
Monhwehwɛ ahuhufoɔ baanu na wɔmmɔ no kwaadu sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Na afei, momfa no mfiri adi, nkɔsi no aboɔ nku no.”
11 The men of his city, even the elders and the nobles who lived in his city, did as Jezebel had sent to them, according as it was written in the letters which she had sent to them.
Enti, mpanimfoɔ ne atitire a wɔte Nabot kuro no mu no yɛɛ deɛ Isebel kaa wɔ nkrataa no mu sɛ wɔnyɛ no.
12 They proclaimed a fast, and set Naboth on high among the people.
Wɔhyɛɛ akɔnkyene no ase, de Nabot tenaa animuonyambea wɔ nnipa no mu.
13 The two men, the base fellows, came in and sat before him. The base fellows testified against him, even against Naboth, in the presence of the people, saying, "Naboth cursed God and the king." Then they carried him out of the city, and stoned him to death with stones.
Na ahuhufoɔ baanu no bɛbɔɔ Nabot kwaadu wɔ nnipa no anim sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Enti, wɔde no kɔɔ kurotia, kɔsii no aboɔ kumm no.
14 Then they sent to Jezebel, saying, "Naboth has been stoned, and is dead."
Na wɔsoma kɔɔ Isebel nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔasi Nabot aboɔ, ama wawu.”
15 It happened, when Jezebel heard that Naboth was stoned, and was dead, that Jezebel said to Ahab, "Arise, take possession of the vineyard of Naboth the Jezreelite, which he refused to give you for money; for Naboth is not alive, but dead."
Ɛberɛ a Isebel tee sɛ wɔasi Nabot aboɔ, akum no no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Sɔre na kɔfa Nabot, Yesreelni no bobeturo no a ɔde kamee wo sɛ ɔrentɔn mma wo no. Ɔnte ase bio, na wawu.”
16 It happened, when Ahab heard that Naboth was dead, that Ahab rose up to go down to the vineyard of Naboth the Jezreelite, to take possession of it.
Enti ɛhɔ ara, Ahab siane kɔfaa Nabot bobeturo no.
17 The word of Jehovah came to Elijah the Tishbite, saying,
Ɛnna Awurade asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ,
18 "Arise, go down to meet Ahab king of Israel, who dwells in Samaria. Look, he is in the vineyard of Naboth, where he has gone down to take possession of it.
“Kɔ na kɔhyia Israelhene Ahab a ɔdi Samaria so no. Seesei ara ɔwɔ Nabot bobeturo no mu a ɔrebɛfa.
19 You shall speak to him, saying, 'Thus says Jehovah, "Have you killed and also taken possession?"' You shall speak to him, saying, 'Thus says Jehovah, "In the place where dogs licked the blood of Naboth, dogs will lick your blood, even yours."'"
Ka kyerɛ no sɛ, sei na Awurade ka: ‘Ɛnnɔɔso sɛ wokum Nabot? Ɛsɛ sɛ wobɔ no korɔno nso? Deɛ woayɛ yi enti beaeɛ a nkraman taferee Nabot mogya no, ɛhɔ ara na nkraman bɛtafere wo mogya, aane, wʼankasa wo mogya!’”
20 And Ahab said to Elijah, "Have you found me, my enemy?" And he answered, "I have found you, because you have sold yourself to do that which is evil in the sight of Jehovah, to provoke him to anger.
Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ, “Woahunu me, me ɔtamfoɔ.” Ɔbuaa sɛ, “Aane maba bio ɛfiri sɛ, woatɔn wo ho ama ɔbɔnefoɔ no wɔ Awurade ani so.
21 Thus says Jehovah, 'Look, I will bring disaster on you, and will utterly sweep you away and will cut off from Ahab everyone, slave or free in Israel.
‘Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛbrɛ wo. Mɛhye wʼasefoɔ nyinaa, na matwa ɔbarima a ɔtwa toɔ koraa wɔ Israel, sɛ ɔyɛ akoa anaa ɔdehyeɛ, afiri Ahab ho.
22 I will make your house like the house of Jeroboam the son of Nebat, and like the house of Baasha the son of Ahijah for the provocation with which you have provoked me to anger, and have made Israel to sin.'"
Mɛma wo fie ayɛ sɛ Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afie, ɛfiri sɛ, woahyɛ me abufuo ama Israel ayɛ bɔne!’
23 Jehovah also spoke of Jezebel, saying, "The dogs shall eat Jezebel in the district of Jezreel.
“Na ɛfa Isebel ho nso no, Awurade ka sɛ, Yesreel nkraman bɛwe ne ɛnam wɔ kuropɔn no afasuo ho.
24 The dogs will eat he who dies of Ahab in the city; and the birds of the sky will eat he who dies in the field."
“Wɔn a na wɔwɔ Ahab afa a wɔwuwuu wɔ kuro no mu no nso, nkraman bɛwe wɔn ɛnam, na apete nso asosɔ wɔn a wɔwuwuu wɔ wiram no ɛnam.”
25 But there was none like Ahab, who sold himself to do that which was evil in the sight of Jehovah, whom Jezebel his wife stirred up.
(Obiara nni hɔ a ɔtɔn ne ho maa bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ Ahab yɛeɛ no, ɛfiri sɛ, ne yere Isebel tuu no fo bɔne.
26 He did very abominably in following idols, according to all that the Amorites did, whom Jehovah cast out before the children of Israel.
Ɔyɛɛ bɔne ara, kɔsii sɛ ɔkɔɔ ahoni so, te sɛ Amorifoɔ a Awurade pamoo wɔn wɔ Israelfoɔ anim no).
27 It happened, when Ahab heard those words, that he tore his clothes, and put sackcloth on his flesh, and fasted, and lay in sackcloth, and went softly.
Ahab tee saa asɛm yi no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, firaa ayitoma, kyenee kɔm. Ɔfiraa ayitoma no saa de awerɛhoɔ a emu yɛ den kyinkyiniiɛ.
28 The word of Jehovah came to Elijah the Tishbite, saying,
Na Awurade asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ,
29 "See how Ahab humbles himself before me? Because he humbles himself before me, I will not bring the disaster in his days; but in his son's days will I bring the disaster on his house."
“Woahunu sɛdeɛ Ahab brɛɛ ne ho ase wɔ mʼanim? Esiane sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase enti, meremfa saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi a ɛwɔ hɔ ma no ɛnnɛ yi mmrɛ no. Ɛbɛba ne mmammarima so; mɛsɛe nʼasefoɔ nyinaa.”

< 1 Kings 21 >