< Revelation 7 >
1 And after this, I saw four angels standing on the four quarters of the earth, holding the four winds of the earth, so that no wind would blow on the earth, or on the sea, or on any tree.
Yei akyi no, mehunuu abɔfoɔ baanan sɛ, wɔgyinagyina asase ntweaa nan no so a wɔretwe mframa nan a ɛwɔ asase so no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ wɔ asase ne ɛpo so ne baabiara.
2 I saw another angel ascend from the sunrise, having the seal of the living God. He called out with a loud voice to the four angels to whom it was given to harm the earth and the sea,
Ɛnna mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔfiri apueeɛ reba a ɔkura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano. Ɔteaam frɛɛ abɔfoɔ baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne ɛpo no.
3 saying, "Do not harm the earth, neither the sea, nor the trees, until we have sealed the servants of our God on their foreheads."
Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Monnsɛe asase ne ɛpo anaa nnua kɔsi sɛ yɛde nsɔano bɛhyɛ Onyankopɔn asomfoɔ no agyiraeɛ.”
4 I heard the number of those who were sealed, one hundred forty-four thousand, sealed out of every tribe of the people of Israyel:
Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔano hyɛɛ wɔn agyiraeɛ wɔ wɔn moma so no dodoɔ. Wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ɔpeha aduanan ɛnan, a wɔn nyinaa firi Israel mmusuakuo no mu.
5 of the tribe of Judah were sealed twelve thousand, of the tribe of Reuben twelve thousand, of the tribe of Gad twelve thousand,
Yuda abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Ruben abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Gad abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu.
6 of the tribe of Asher twelve thousand, of the tribe of Naphtali twelve thousand, of the tribe of Menashe twelve thousand,
Aser abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Naftali abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Manase abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu.
7 of the tribe of Simeon twelve thousand, of the tribe of Levi twelve thousand, of the tribe of Issachar twelve thousand,
Simeon abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Lewi abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Isakar abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu.
8 of the tribe of Zebulun twelve thousand, of the tribe of Yauseph twelve thousand, of the tribe of Benjamin were sealed twelve thousand.
Sebulon abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Yosef abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Benyamin abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu.
9 After these things I looked, and suddenly there was a great multitude, which no one could number, out of every nation and of all tribes, peoples, and languages, standing before the throne and before the Lamb, dressed in white robes, with palm branches in their hands.
Yei akyi no, mehunuu nnipakuo a obiara ntumi nkan wɔn dodoɔ. Wɔfifiri aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu a wɔgyinagyina ahennwa no ne Odwammaa no anim a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa, kurakura berɛ.
10 They shouted with a loud voice, saying, "Salvation be to our God, who sits on the throne, and to the Lamb."
Wɔteaam sɛ, “Yɛn nkwagyeɛ firi yɛn Onyankopɔn a ɔte ahennwa no so ne Odwammaa no.”
11 All the angels were standing around the throne, the elders, and the four living creatures; and they fell on their faces before the throne, and worshiped God,
Na abɔfoɔ no atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia. Afei wɔbutubutuu ahennwa no anim, somm Onyankopɔn
12 saying, "Amen. Blessing, glory, wisdom, thanksgiving, honor, power, and might, be to our God forever and ever. Amen." (aiōn )
kaa sɛ, “Amen! Nhyira ne animuonyam ne nyansa ne aseda ne anidie ne tumi ne ahoɔden yɛ Onyankopɔn dea daa daa. Amen!” (aiōn )
13 One of the elders answered, saying to me, "These who are arrayed in white robes, who are they, and from where did they come?"
Mpanimfoɔ no mu baako bisaa me sɛ, “Ɛhefoɔ na wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa yi, na wɔfiri he?”
14 So I said to him, "My lord, you know." He said to me, "These are the ones who came out of the great tribulation. They washed their robes, and made them white in the Lamb's blood.
Mebuaa sɛ, “Mennim, owura. Na wo na wonim.” Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne wɔn a wɔafiri ɔtaa mu. Wɔde Odwammaa no mogya ahoro wɔn ntadeɛ ama ayɛ fitaa.
15 Therefore they are before the throne of God, they serve him day and night in his temple. He who sits on the throne will spread his tabernacle over them.
Na ɛno enti na, “wɔgyina Onyankopɔn ahennwa anim a wɔresom awia ne anadwo wɔ ne hyiadan mu yi. Deɛ ɔbɛtena ahennwa no so no bɛbɔ wɔn ho ban.
16 They will hunger no more, neither thirst any more; neither will the sun beat on them, nor any heat;
Sukɔm renne wɔn bio; ɛkɔm renne wɔn bio. Owia anaa ɔhyew biara renhye wɔn bio.
17 for the Lamb who is in the midst of the throne shepherds them, and leads them to springs of waters of life. And God will wipe away every tear from their eyes."
Ɛfiri sɛ, Odwammaa no a ɔwɔ ahennwa no mfimfini no bɛyɛ wɔn dwanhwɛfoɔ de wɔn akɔ nkwa asutire ho. Na Onyankopɔn bɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa.”