< Matthew 4 >

1 Then Yeshua was led up by the Rukha into the wilderness to be tempted by the devil.
Yei akyi no, Honhom Kronkron faa Yesu kɔɔ ɛserɛ so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ.
2 And when he had fasted forty days and forty nights, he was hungry afterward.
Saa ɛberɛ no mu, Yesu dii mmuada adaduanan awia ne anadwo. Yei maa ɛkɔm dee no.
3 And the tempter came and said to him, "If you are the Son of God, command that these stones become bread."
Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa aboɔ yi nnane aduane.”
4 But he answered and said, "It is written, 'Humankind cannot live by bread alone, but by every word that proceeds out of the mouth of God.'"
Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Onyankopɔn asɛm.’”
5 Then the devil took him into the holy city. He set him on the pinnacle of the temple,
Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kɔgyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ,
6 and said to him, "If you are the Son of God, throw yourself down, for it is written, 'He will put his angels in charge of you.' and, 'In their hands they will lift you up, so that you will not strike your foot against a stone.'"
na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, huri firi deɛ wogyina hɔ si fam, ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ, “‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfoɔ abɛsɔ wo, na woammɛhwe abotan so.’”
7 Yeshua said to him, "Again, it is written, 'Do not test the Lord, your God.'"
Yesu buaa bio sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Nsɔ Awurade wo Onyankopɔn nhwɛ.’”
8 Again, the devil took him to a very high mountain, and showed him all the kingdoms of the world, and their glory.
Yei akyi no, ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔ tenten bi apampam. Ɔde nʼani kari kyerɛɛ no ewiase ahennie ahodoɔ ne emu animuonyam nyinaa.
9 And he said to him, "I will give you all of these things, if you will fall down and worship me."
Afei, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wobɛkoto asom me a, mede deɛ wohunu yi nyinaa bɛma wo.”
10 Then Yeshua said to him, "Go away, Satana. For it is written, 'You are to worship the Lord your God, and serve him only.'"
Ɛhɔ ara na Yesu buaa sɛ, “Firi me so, Ɔbonsam! Hunu sɛ, wɔatwerɛ sɛ ‘Koto som Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’”
11 Then the devil left him, and look, angels came and served him.
Yesu ano siiɛ no, ɔbonsam gyaa no hɔ kɔeɛ. Ɛno akyi, abɔfoɔ baa Yesu nkyɛn bɛsom no.
12 Now when he heard that Yukhanan was delivered up, he withdrew into Galila.
Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔkɔɔ Galilea.
13 And leaving Natsrath, he came and lived in Kepharnakhum, which is by the lake, in the region of Zebulon and Naptali,
Ɔduruu Galilea no, wantena Nasaret, na mmom, ɔtwaam Nasaret hɔ kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ Galilea mpoano no, Sebulon ne Naftali ahyeɛ so.
14 that it might be fulfilled which was spoken through Eshaya the prophet, saying,
Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ sɛ,
15 "The land of Zebulon and the land of Naptali, toward the lake, beyond the Yurdinan, Galila of the nations.
“Sebulon asase ne Naftali asase, ɛpo ɛkwan so, Yordan agya, Galilea a amanamanfoɔ te hɔ,
16 The people sitting in darkness have seen a great light, and those living in the land and shadow of death, on them a light has dawned."
nnipa a wɔte sum mu no, Hann kɛseɛ bi apue ama wɔn. Hann no apue ama wɔn a wɔte owuo asase so.”
17 From that time on, Yeshua began to preach and say, "Repent, for the kingdom of heaven is near."
Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yesu firii nʼasɛnka ase sɛ, “Monnu mo ho, momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahennie no abɛn.”
18 And walking by the lake of Galila, he saw two brothers: Shimon, who is called Kipha, and Andreus, his brother, casting a net into the lake; for they were fishermen.
Ɛda bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ɔhunuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa yɛ afarefoɔ sɛ wɔregu asau ɛpo no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon a ne din foforɔ nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea.
19 And he said to them, "Come, follow me, and I will make you fishers of people."
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdi mʼakyi na mɛkyerɛ mo ɛkwan a wɔfa so yi nnipa kra.”
20 And they immediately left their nets and followed him.
Ɛhɔ ara, wɔgyaa wɔn asau no guu hɔ bɛdii nʼakyi ne no kɔeɛ.
21 Going on from there, he saw two other brothers, Yaquv the son of Zabedai, and Yukhanan his brother, in the boat with Zabedai their father, mending their nets, and he called them.
Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ɔhunuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane ɛnna ɔbaako nso din de Yakobo, sɛ wɔne wɔn agya te kodoɔ mu retuatua wɔn asau mu. Yesu frɛɛ wɔn nso sɛ wɔmmɛdi nʼakyi.
22 And they immediately left the boat and their father, and followed him.
Ntɛm ara, wɔgyaa wɔn agya ne kodoɔ no hɔ bɛdii nʼakyi.
23 And Yeshua went about in all Galila, teaching in their synagogues, and preaching the Good News of the Kingdom, and healing every disease and every sickness among the people.
Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahennie no ho asɛmpa wɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahodoɔ a wɔde baa nʼanim nyinaa nso.
24 And the report about him went out into all Syria, and they brought to him all who were sick, afflicted with various diseases and torments, possessed with demons, and epileptics, and paralytics; and he healed them.
Yesu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ yi trɛ kɔduruu Siriaman mu nyinaa. Yei maa wɔde wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔtwa, wɔn a wɔyare mmubuiɛ ne wɔn a nyarewa ahodoɔ ha wɔn no nyinaa firi Siriaman mu brɛɛ no ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.
25 And large crowds from Galila, and Decapolis, and Urishlim, and Yehuda, and from beyond the Yurdinan followed him.
Anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ yi maa nnipakuo a wɔfiri Galilea ne Nkuro Edu “Dekapoli” no mu ne Yerusalem ne Yordan agya tu dii nʼakyi.

< Matthew 4 >