< Luke 21 >
1 He looked up, and saw the rich people who were putting their gifts into the treasury.
Yesu te asɔredan mu hɔ no, ɔhunuu asikafoɔ bi a wɔde wɔn afɔrebɔdeɛ akɛseakɛseɛ regu afɔrebɔ adaka no mu.
2 He saw a certain poor widow casting in two lepta.
Ɔhunuu okunafoɔ hiani bi nso sɛ ɔde sika kakra bi too afɔdeɛ adaka no mu.
3 He said, "Truly I tell you, this poor widow put in more than all of them,
Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no sɛ, “Nokorɛ mu, afɔdeɛ a okunafoɔ hiani yi bɛbɔeɛ no som bo sene afɔdeɛ akɛseakɛseɛ a asikafoɔ no bɛbɔeɛ no nyinaa.
4 for all these put in gifts from their abundance, but she, out of her poverty, put in all that she had to live on."
Wɔn nyinaa de deɛ wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔdeɛ, na yei deɛ, ɔfiri ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu yi.”
5 As some were talking about the temple and how it was decorated with beautiful stones and gifts, he said,
Yesu akyidifoɔ no bi kamfoo aboɔ fɛfɛ a wɔde sii asɔredan no ne adwinneɛ ahodoɔ a wɔadi agu ɛdan no ho no. Nanso, Yesu kaa sɛ,
6 "As for these things which you see, the days will come, in which there will not be left here one stone on another that will not be thrown down."
“Ɛberɛ bi bɛba a, wɔbɛdwiri nneɛma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.”
7 They asked him, "Teacher, so when will these things be? What is the sign that these things are about to happen?"
Wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, berɛ bɛn na asɛm a woreka yi bɛsi, na ɛho nsɛnkyerɛnneɛ bɛyɛ sɛn?”
8 He said, "Watch out that you do not get led astray, for many will come in my name, saying, 'I am he,' and, 'The time is near.' Therefore do not follow them.
Yesu buaa sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie na obi annaadaa mo, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛsɔre aka sɛ, ‘Mene Kristo no’ na ɛberɛ no abɛn, nanso monnnye wɔn nni!
9 When you hear of wars and disturbances, do not be terrified, for these things must happen first, but the end won't come immediately."
Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, monnsuro ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi di ɛkan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awieeɛ no abɛn.”
10 Then he said to them, "Nation will rise against nation, and kingdom against kingdom.
Ɔkaa bio sɛ, “Aman bɛsɔre aman so na ahennie asɔre ahennie so.
11 There will be great earthquakes, famines, and plagues in various places. There will be terrors and great signs from heaven.
Asasewosoɔ a ɛyɛ hu bɛba, ɛkɔm bɛba na nneɛma a ɛyɛ hu bɛfiri ewiem asisi.
12 But before all these things, they will lay their hands on you and will persecute you, delivering you up to synagogues and prisons, bringing you before kings and governors for my name's sake.
“Nanso, ansa na yeinom nyinaa bɛsisi no, me din enti, wɔbɛtaa mo akyekye mo, de mo akɔ hyiadan mu ne afiase ne ahemfo ne atumfoɔ anim.
13 It will turn out as a testimony for you.
Yei bɛma moanya ɛkwan adi me ho adanseɛ.
14 Settle it therefore in your hearts not to meditate beforehand how to answer,
Nanso, monnnwene nsɛm a mobɛka de ayi mo ho ano no ho;
15 for I will give you a mouth and wisdom which all your adversaries will not be able to withstand or to contradict.
Ɛfiri sɛ, mɛma mo nsɛm ne nyansa a mode bɛyi mo ho ano a mo atamfoɔ rentumi nnyina mo anim.
16 You will be handed over even by parents, brothers, relatives, and friends. They will cause some of you to be put to death.
Mo awofoɔ, mo nuanom, mo abusuafoɔ ne mo nnamfonom bɛyi mo ama na wɔbɛkum mo mu bi.
17 And you will be hated by everyone because of my name.
Na me enti, nnipa bɛtan mo.
18 But not a hair of your head will perish.
Nanso, mo tirinwi baako pɛ mpo renyera.
19 "By your endurance you will win your lives.
Na sɛ motumi gyina pintinn a, mobɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.”
20 "But when you see Urishlim surrounded by armies, then know that its desolation is near.
“Sɛ mohunu sɛ asraafoɔ atwa Yerusalem ho ahyia a, na ɛkyerɛ sɛ ne sɛeɛ abɛn.
21 Then let those who are in Yehuda flee to the mountains. Let those who are in the midst of her depart. Let those who are in the country not enter it.
Saa ɛberɛ no wɔn a wɔte Yudea nnwane nkɔ mmepɔ no so; wɔn a wɔwɔ kuro no mu no nnwane mfiri mu, na wɔn nso a wɔwɔ nkuraase ne mfuom no ntena hɔ ara.
22 For these are days of vengeance, that all things which are written may be fulfilled.
Saa ɛberɛ yi mu na Onyankopɔn asotwe a adiyifoɔ no hyɛɛ ho nkɔm wɔ Atwerɛsɛm no mu no bɛba mu.
23 Woe to those who are pregnant and to those who nurse infants in those days. For there will be great distress in the land, and wrath to this people.
Wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔturu mma saa ɛberɛ no mu no nnue. Amanehunu a ɛnni kabea bɛba ɔman no so na Onyankopɔn abufuhyeɛ nso aba nnipa no so.
24 And they will fall by the edge of the sword and be led captive into all the nations. And Urishlim will be trampled down by non-Jewish people until the times are fulfilled. And there will be times of the non-Jewish people.
Ebinom bɛtotɔ wɔ sekan ano na wɔafa ebinom nso nnommum de wɔn akɔ amanaman so na amanaman bɛsɛe Yerusalem, adi so akɔsi ɛberɛ a Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ amanaman nni wɔn so no bɛtwam.”
25 And there will be signs in the sun, and moon, and stars, and on the earth distress of nations in perplexity because of the roaring of the sea and the waves;
“Nsɛnkyerɛnneɛ bɛba owia, ɔsrane ne nsoromma mu na ɛpo asorɔkye bɛbobom, aworo so ama ne nnyegyeeɛ denden no de ahoyera aba aman nyinaa so.
26 people will be fainting from fear, and from expectation of the things which are coming on the world, for the powers of the heavens will be shaken.
Esiane nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba asase so no enti, nnipa pii bɛtotɔ bera na abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem nso awoso ahoɔden so.
27 Then they will see the Son of Man coming in a cloud with power and great glory.
Saa ɛberɛ no na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne animuonyam a ɛso nam omununkum mu reba.
28 But when these things begin to happen, look up, and lift up your heads, because your redemption is near."
Sɛ saa asɛm yi firi aseɛ sisi a, momfa gyidie nnyina pintinn, ɛfiri sɛ, na mo nkwagyeberɛ abɛn.”
29 He told them a parable. "See the fig tree, and all the trees.
Yesu buu wɔn ɛbɛ bi sɛ, “Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa.
30 When they are already budding, you see it and know by your own selves that the summer is already near.
Sɛ ɛyiyi nhahan foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ osutɔberɛ aduru.
31 Even so you also, when you see these things happening, know that the Kingdom of God is near.
Saa ara nso na sɛ mohunu nsɛnkyerɛnneɛ a moreka ho asɛm yi a, monhunu sɛ Onyankopɔn Ahennie no abɛn.
32 Truly I tell you, this generation will not pass away until all things are accomplished.
“Nokorɛ me se mo sɛ, awontoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa.
33 Heaven and earth will pass away, but my words will by no means pass away.
Ɔsoro ne asase bɛtwam, nanso me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.
34 "So be careful, or your hearts will be loaded down with carousing, drunkenness, and cares of this life, and that day will come on you suddenly.
“Monhwɛ mo ho so yie! Mommma adiditrasoɔ ne nsãborɔ ne asetena mu dadwene nni mo so, anyɛ saa a, me ba a mɛba bio no bɛfu mo mu.
35 For it will come like a snare on all those who dwell on the surface of all the earth.
Ɛfiri sɛ, me ba a mɛba no bɛfu nnipa a wɔte asase so nyinaa mu.
36 Therefore be watchful all the time, praying that you may be able to escape all these things that will happen, and to stand before the Son of Man."
Monwɛn. Ɛberɛ biara mommɔ mpaeɛ na moanya ahoɔden de agyina saa nneɛma yi nyinaa ano, na Onipa Ba no sane ba bio a, moatumi agyina nʼanim.”
37 Every day Yeshua was teaching in the temple, and every night he would go out and spend the night on the mountain that is called Olivet.
Ɛda biara, na Yesu kɔ asɔredan mu hɔ kɔkyerɛkyerɛ, na sɛ ɛduru anwummerɛ biara a, Yesu kɔ Ngo Bepɔ no so kɔhome.
38 All the people came early in the morning to him in the temple to hear him.
Na nnipa pii sɔre anɔpahema biara kɔtie no wɔ asɔredan mu.