< Galatians 1 >

1 Paul, an Apostle, not from men, neither by man; but by Jesus Christ, and God the Father who raised him from the dead;
Me Paulo, ɔsomafoɔ a ɛnyɛ nnipa anaa onipa bi na ɔfrɛɛ me, na mmom ɛyɛ Yesu Kristo ne Agya Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no.
2 and all the brethren who are with me, to the congregations of Galatia:
Me ne anuanom a wɔne me wɔ ha nyinaa, De krataa yi kɔma Galati asafo ahodoɔ no nyinaa:
3 Favor to you, and peace from God the Father, and from our Lord Jesus Christ,
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
4 who gave himself for our sins, that he might deliver us from the present evil age, according to the will of our God and Father, (aiōn g165)
Yɛn bɔne enti, Kristo yɛɛ ɔsetie maa yɛn Agya Onyankopɔn. Ɔnam so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ de gyee yɛn firii bɔne a yɛwɔ mu ɛnnɛ yi mu. (aiōn g165)
5 to whom be the glory for ever and ever. Amen. (aiōn g165)
Animuonyam nka Onyankopɔn daa nyinaa. Amen. (aiōn g165)
6 I wonder that you are so soon removed from him who called you into the favor of Christ, to another gospel;
Mo ho yɛ me nwanwa! Ɛnkyɛree koraa, morepa deɛ ɔnam Kristo adom so frɛɛ mo no akɔ asɛmpa foforɔ ho.
7 which is not another: but there are some who trouble you, and wish to pervert the gospel of Christ.
Nokorɛm, asɛmpa foforɔ biara nni baabi, nanso meka ɛfiri sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a wɔredane mo adwene pɛ sɛ wɔsesa Kristo Asɛmpa no.
8 But if even we, or an angel from heaven, declare a gospel to you, different from what we have declared to you, let him be accursed.
Na sɛ yɛn, anaa ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛka asɛmpa a nsonsonoeɛ da ɛno ne yɛn Asɛmpa no ntam a, onii no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu.
9 As we said before, so now I say again, if any one declare a gospel to you, different from what you have received, let him be accursed.
Yɛaka dada na mereti mu bio sɛ: Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye atom no bɔ abira no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu.
10 For do I now conciliate men, or God? or do I seek to please men? for if I yet pleased men, I should not be the servant of Christ.
Deɛ nnipa pene so na mereyɛ yi anaa? Dabi! Mepɛ deɛ Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ deɛ ɛsɔ nnipa ani? Sɛ megu so yɛ saa deɛ a, na menyɛ Kristo ɔsomfoɔ.
11 Now I certify you, brethren, concerning the gospel which was declared by me, that it is not according to men.
Anuanom, mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ, Asɛmpa a meka kyerɛ mo no mfiri onipa hɔ.
12 For I neither received it from man, nor was I taught it, except by the revelation of Jesus Christ.
Me nsa anka amfiri onipa nkyɛn. Saa ara nso na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛɛ me. Ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.
13 You have certainly heard of my behavior formerly in Judaism; that I exceedingly persecuted the congregation of God, and laid it waste;
Moate sɛ na mesɛe mʼadagyeɛ nyinaa wɔ Yudasom ho. Afei, moate nso sɛ na mede atirimuɔden taa Onyankopɔn akyidifoɔ, na mefaa ɛkwan biara a mɛtumi so pɛɛ sɛ metɔre wɔn ase.
14 and made progress in Judaism above many of the same age with myself, in my own nation, being more exceedingly jealous of the traditions of my fathers.
Mʼafɛfoɔ Yudafoɔ no deɛ, na mʼadwene mu abue wɔ Yudasom ho sene wɔn nyinaa. Na mekura yɛn nananom amanneɛ nso mu dendeenden.
15 But when God, who separated me from my mother's womb, and called me by his favor, was pleased
Nanso, Onyankopɔn nam nʼadom so frɛɛ me ansa na wɔrewo me sɛ memmɛsom no. Na berɛ no soo
16 to reveal his Son to me, that I might declare the good news concerning him to the Gentiles; immediately I did not consult flesh and blood:
sɛ ɔbɛda ne Ba no adi akyerɛ me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛka Asɛmpa a ɛfa ne ho akyerɛ amanamanmufoɔ no, mankɔ obiara nkyɛn amma wantu me fo;
17 neither did I go up to Jerusalem, to them who were Apostles before me; but I went away in Arabia, and again returned to Damascus.
saa ara nso na mankɔ Yerusalem mankɔhunu asomafoɔ a na wɔdi mʼanim ɛkan no. Mmom, mekɔɔ Arabia prɛko pɛ ɛnna mesane mʼakyi baa Damasko.
18 Then, after three years, I went up to Jerusalem, to become acquainted with Peter, and abode with him fifteen days.
Mfeɛ mmiɛnsa akyi na mekɔɔ Petro nkyɛn wɔ Yerusalem ne no kɔdii nkɔmmɔ. Medii ne nkyɛn dadu nnanum.
19 But I saw no other of the Apostles, except James, the Lord's brother.
Manhunu ɔsomafoɔ biara wɔ hɔ ka Awurade nua Yakobo ho.
20 Now as to the things which I write to you, behold, God is my witness that I do not falsely affirm.
Meka kyerɛ mo, Onyankopɔn anim sɛ deɛ meretwerɛ yi yɛ nokorɛ trodoo.
21 After that, I went into the regions of Syria and Cilicia;
Ɛno akyi, mebaa Siria ne Kilikia.
22 and I was personally unknown to the congregations of Judea which are in Christ.
Saa ɛberɛ no na Kristo asafo ahodoɔ a wɔwɔ Yudea no mu nnipa nnim me.
23 They had only heard that--he who formerly persecuted us, now announces, as glad tidings, the faith which he formerly destroyed.
Nsɛm a na wɔaka afa me ho sɛ, “Afei deɛ, ɔbarima no a na ɔtaa yɛn no ka gyidie a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe no no ho asɛm.”
24 And they glorified God on my account.
Na me enti, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.

< Galatians 1 >