< Psalms 4 >
1 TO THE OVERSEER. WITH STRINGED INSTRUMENTS. A PSALM OF DAVID. In my calling answer me, O God of my righteousness. In adversity You gave enlargement to me; Favor me, and hear my prayer.
Dawid dwom. Sɛ misu frɛ wo a, gye me so, me trenee Nyankopɔn. Ma me ɔhome wɔ mʼahohia mu; hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ.
2 Sons of men! Until when [is] my glory for shame? You love a vain thing, you seek a lie. (Selah)
Enkosi da bɛn na mobɛdan mʼanuonyam ahohora? Enkosi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni ahuhuw akyi?
3 And know that YHWH Has separated a saintly one to Himself. YHWH hears in my calling to Him.
Hu sɛ Awurade ayi nea ɔwɔ nyamesu ama ne ho; Awurade betie, sɛ misu mefrɛ no a.
4 “Tremble, and do not sin”; Say [thus] in your heart on your bed, And be silent. (Selah)
Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne; sɛ modeda mo mpa so a, monyɛ komm na monhwehwɛ mo koma mu.
5 Sacrifice sacrifices of righteousness, And trust in YHWH.
Mommɔ afɔre a ɛfata na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.
6 Many are saying, “Who shows us good?” Lift on us the light of Your face, O YHWH,
Nnipa bebree bisa se: “Hena na ɔde yiyeyɛ bɛbrɛ yɛn?” Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.
7 You have given joy in my heart, From the time their grain and their wine Have been multiplied.
Fa anigye mmoroso hyɛ me koma ma bere a wɔn aburow ne nsa foforo abu so no.
8 Together I lie down and sleep in peace, For You, O YHWH, alone, Cause me to dwell in confidence!
Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoe mu, efisɛ wo nko ara, Awurade, na woma metena dwoodwoo. Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto.