< Nehemiah 13 >

1 On that day there was read in the scroll of Moses, in the ears of the people, and it has been found written in it that an Ammonite and Moabite does not come into the assembly of God for all time,
Ɛda no ara, ɛberɛ a wɔgu so rekenkan Mose Nwoma no, ɔmanfoɔ no hunuu asɛm bi a ɛka sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔma Amonni anaa Moabni kwan ma ɔkɔ Onyankopɔn adwabɔ ase.
2 because they have not come before the sons of Israel with bread and with water, and hire against them Balaam to revile them, and our God turns the reviling into a blessing.
Aseɛ ne sɛ, ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim no, wɔne wɔn anni no yie. Mmom, wɔbɔɔ Balaam paa sɛ ɔnnome wɔn, nanso yɛn Onyankopɔn danee nnome no ma ɛyɛɛ nhyira.
3 And it comes to pass, at their hearing the Law, that they separate all the mixed people from Israel.
Wɔkenkan saa mmara no wiee no, wɔpamoo amanfrafoɔ no nyinaa firii badwa no ase.
4 And before this Eliashib the priest, appointed over chambers of the house of our God, [is] a relation of Tobiah,
Ansa na saa asɛm yi rebɛsi no, na ɔsɔfoɔ Eliasib a wɔyii no sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn Asɔredan no adekoradan sohwɛfoɔ no a na ɔsane yɛ Tobia busuani no,
5 and he makes for him a great chamber, and there they were formerly putting the present, the frankincense, and the vessels, and the tithe of the grain, the new wine, and the oil—the commanded thing of the Levites, and the singers, and the gatekeepers—and the raised-offering of the priests.
adane adekoradan kɛseɛ no bi mu de ahyɛ Tobia nsa. Na anka saa dan no mu na wɔkora atokoɔ afɔrebɔdeɛ, aduhwamfufuo, Asɔredan no nkuku ne nkaka ne atokoɔ ntotosoɔ dudu, nsã foforɔ, ngo ne kyɛfa sononko a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma asɔfoɔ. Na Mose ahyɛ sɛ saa afɔrebɔdeɛ no yɛ Lewifoɔ, nnwomtofoɔ ne aponoanohwɛfoɔ dea.
6 And during all this I was not in Jerusalem, for in the thirty-second year of Artaxerxes king of Babylon I came to the king, and at the end of days I have asked of the king,
Saa ɛberɛ no, na menni Yerusalem. Na masane kɔ Babiloniahene Artasasta nkyɛn wɔ nʼahennie afe a ɛtɔ so aduasa mmienu so. Akyire no na ɔmaa me kwan sɛ mensane mmra.
7 and I come to Jerusalem, and understand concerning the evil that Eliashib has done for Tobiah, to make to him a chamber in the courts of the house of God,
Mebɛduruu Yerusalem, na metee bɔne a Eliasib ayɛ, sɛ ɔde Onyankopɔn Asɔredan adihɔ dan bi ama Tobia no,
8 and it is very displeasing to me, and I cast all the vessels of the house of Tobiah outside, out of the chamber,
ɛtɔɔ me so, na meyii Tobia nneɛma a ɛwɔ dan no mu no nyinaa guiɛ.
9 and I command, and they cleanse the chambers, and I bring back there the vessels of the house of God with the present and the frankincense.
Afei mehyɛɛ sɛ, wɔnnwira adan no nyinaa ho, na mede Awurade Asɔredan no nkuku ne nkaka no, atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne aduhwamfufuo no sane bɛguu mu.
10 And I know that the portions of the Levites have not been given, and they flee each to his field—the Levites and the singers, doing the work.
Mesane hunuu sɛ wɔmfaa deɛ ɛsɛ sɛ Lewifoɔ no nya no mmaa wɔn, enti, na wɔne nnwomtofoɔ no a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ɔsom no so no asane akɔyɛ adwuma wɔ wɔn mfuo mu.
11 And I strive with the prefects, and say, “Why has the house of God been forsaken?” And I gather them, and set them on their station;
Ɛhɔ ara na mekɔɔ ntuanofoɔ no nkyɛn, kɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moayi mo ani afiri Onyankopɔn Asɔredan no so?” Na mefrɛɛ Lewifoɔ no nyinaa, maa wɔsane baeɛ, de wɔn tuatuaa nnwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ano.
12 and all Judah has brought in the tithe of the grain, and of the new wine, and of the oil, to the treasuries.
Na bio, Yudafoɔ nyinaa hyɛɛ aseɛ de wɔn atokoɔ ntotosoɔ dudu, nsã foforɔ ne ngo baa Asɔredan no adekoradan no mu.
13 And I appoint treasurers over the treasuries, Shelemiah the priest, and Zadok the scribe, and Pedaiah of the Levites; and by their hand [is] Hanan son of Zaccur, son of Mattaniah, for they have been reckoned steadfast, and on them [it is] to give a portion to their brothers.
Na mede adekoradan no hyɛɛ ɔsɔfoɔ Selemia, mmara no ɔkyerɛkyerɛfoɔ Sadok ne Lewifoɔ no mu baako a wɔfrɛ no Pedaia nsa sɛ wɔnhwɛ so. Na meyii Sakur babarima Hanan a ɔyɛ Matania nana sɛ wɔn ɔboafoɔ. Na saa mmarima yi wɔ edin pa, na wɔn adwuma ne sɛ, wɔde nokorɛ bɛkyɛ nneɛma ama wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ no.
14 Be mindful of me, O my God, for this, and do not blot out my kind acts that I have done, for the house of my God, and for its charges.
Kae saa ade pa yi yɛ, Ao me Onyankopɔn, na mma wo werɛ mfiri deɛ mefiri nokorɛdie mu ayɛ nyinaa de ama me Onyankopɔn Asɔredan.
15 In those days I have seen in Judah those treading wine-vats on Sabbath, and bringing in the sheaves, and loading on the donkeys, and also, wine, grapes, and figs, and every burden, indeed, they are bringing into Jerusalem on the Sabbath day, and I testify in the day of their selling provision.
Ɛda koro Homeda bi, mehunuu Yuda mmarima bi sɛ wɔretiatia wɔn nsakyiamena so. Na wɔrehyehyɛ atokoɔ afiafi wɔ wɔn mfunumu so de aba. Na saa da no, na wɔde wɔn nsã, bobe aba, borɔdɔma ne mfudeɛ bebree reba Yerusalem abɛtɔn. Na mekaa wɔn anim sɛ, wɔretɔn wɔn mfudeɛ homeda.
16 And the Tyrians have dwelt in it, bringing in fish, and every ware, and selling on Sabbath to the sons of Judah and in Jerusalem.
Na mmarima bi nso firi Tiro a wɔde nsuomnam ne adwadeɛ ahodoɔ bebree aba. Na wɔretɔn no Homeda ama Yudafoɔ wɔ Yerusalem fie ankasa!
17 And I strive with the nobles of Judah, and say to them, “What [is] this evil thing that you are doing, and defiling the Sabbath day?
Ɛno enti, mekɔɔ Yuda ntuanofoɔ no so, kɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mode saa bɔne yi gu homeda ho fi?
18 Thus did not your fathers do? And our God brings in on us all this evil, and on this city, and you are adding fierceness on Israel, to defile the Sabbath.”
Monnim sɛ mo agyanom yɛɛ saa bi no enti na yɛn Onyankopɔn de saa ɔhaw a ɛwɔ yɛn so seesei yi brɛɛ yɛn ne yɛn kuro yi? Gu a moregu Homeda no ho fi ntrasoɔ seesei no bɛma abufuhyeɛ aba Israelfoɔ so.”
19 And it comes to pass, when the gates of Jerusalem have been dark before the Sabbath, that I command, and the doors are shut, and I command that they do not open them until after the Sabbath; and of my servants I have stationed at the gates; there does not come in a burden on the Sabbath day.
Na afei, mehyɛɛ sɛ, ɛfiri saa ɛberɛ no rekorɔ, Efiada biara anwummerɛ, wɔntoto kuro no apono mu a wɔmmue ara kɔsi sɛ Homeda no bɛtwam. Bio, memaa mʼankasa mʼasomfoɔ kɔwɛnn apono no, sɛdeɛ wɔrentumi mfa adwadeɛ mma homeda no.
20 And they lodge—the merchants and sellers of all ware—at the outside of Jerusalem, once or twice,
Adwadifoɔ ne nsaanodwumayɛfoɔ a wɔde adwadeɛ ahodoɔ ba no soɛɛ Yerusalem mfikyire pɛnkorɔ anaa mprenu.
21 and I testify against them, and say to them, “Why are you lodging in front of the wall? If you repeat [it], I put forth a hand on you”; from that time they have not come in on the Sabbath.
Nanso, mekasa kyerɛɛ wɔn anibereɛ so sɛ, “Ɛdeɛn na motete ɔfasuo yi akyi reyɛ? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkyere mo!” Ɛfiri hɔ, wɔamma Yerusalem wɔ Homeda bio.
22 And I command to the Levites that they be cleansed, and coming in, keeping the gates, to sanctify the Sabbath day. Also, this, remember for me, O my God, and have pity on me, according to the abundance of Your kindness.
Na mehyɛɛ Lewifoɔ no sɛ, wɔnnwira wɔn ho, na wɔnnwɛn apono no sɛdeɛ Homeda no kronnyɛ no bɛka hɔ. Kae saa ade pa yi yɛ nso, Ao me Onyankopɔn, na wʼadɔeɛ kɛseɛ a ɛnsa da no enti, hunu me mmɔbɔ.
23 Also, in those days, I have seen the Jews [who] have settled women of Ashdod, of Ammon, of Moab.
Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, mehunuu sɛ Yuda mmarima no bi awareware mmaa a wɔfiri Asdod, Amon ne Moab.
24 And of their sons, half are speaking Ashdoditish—and are not knowing to speak Jewish—and according to the language of people and people.
Na deɛ na ɛnyɛ koraa ne sɛ, na wɔn mma no mu fa ka Asdod ne nnipa foforɔ bi kasa a na wɔntumi nka Yudafoɔ kasa no koraa.
25 And I strive with them, and declare them vile, and strike certain of them, and pluck off their hair, and cause them to swear by God, “You do not give your daughters to their sons, nor do you take of their daughters to your sons, and to yourselves.
Enti, mekɔɔ wɔn so, kɔdomee wɔn. Mehwee wɔn mu bi, tutuu wɔn tirinwi. Memaa wɔkaa ntam Awurade anim sɛ, wɔremma wɔn mma ne abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so nni awadeɛ.
26 By these did not Solomon king of Israel sin? And among the many nations there was no king like him, and he was beloved by his God, and God makes him king over all Israel—even him [whom] the strange women caused to sin.
Mebisaa sɛ, “Ɛnyɛ yei bi pɛpɛɛpɛ na ɛde Israelhene Salomo kɔɔ bɔne mu no?” Na wode ɔman biara so ɔhene to ne ho a, ɛnyɛ yie. Onyankopɔn dɔɔ no, na ɔsii no ɔhene wɔ Israel nyinaa so. Nanso, ɔno mpo ananafoɔ awadeɛ de no kɔɔ bɔne mu.
27 And do we listen to you to do all this great evil, to trespass against our God, to settle strange women?”
Ɛdeɛn na ɛha mo ma modwene sɛ mobɛware ananafoɔ mmaa, na monam so ayɛ bɔne a ɛte saa, na monni Onyankopɔn nokorɛ?
28 And [one] of the sons of Joiada son of Eliashib the high priest, [is] son-in-law to Sanballat the Horonite, and I cause him to flee from off me.
Esiane sɛ ɔsɔfopanin Eliasib babarima Yehoiada aware Horonni Sanbalat babaa enti, mepamoo no firii mʼanim.
29 Be mindful of them, O my God, for the redeemed of the priesthood, and the covenant of the priesthood, and of the Levites.
Kae wɔn, Ao me Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wɔagu asɔfodwuma, asɔfoɔ ne Lewifoɔ bɔhyɛ ne ntam ho fi.
30 And I have cleansed them from every stranger, and appoint charges to priests and to Levites, each in his work,
Enti, meguu biribiara a ɛyɛ ananasɛm, na mede nnwuma hyehyɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ nsa, hwɛɛ sɛ obiara nim nʼadwuma.
31 and for the wood-offering at appointed times, and for first-fruits. Be mindful of me, O my God, for good.
Mehwɛɛ nso sɛ, nnyina a ɛba afɔrebukyia so no nso bɛba mmerɛ a ɛsɛ mu, na afei wɔbɛgye otwa a ɛdi ɛkan no mu nnɔbaeɛ de abrɛ asɔfoɔ no. Kae yei na dom me, Ao me Onyankopɔn.

< Nehemiah 13 >