< Luke 5 >
1 And it came to pass, in the multitude pressing on Him to hear the word of God, that He was standing beside the Lake of Gennesaret,
Da bi a Yesu reka asɛmpa wɔ Genesaret ɔtare ho no, nnipakuw bɛkyeree ne so sɛ wɔrebetie Onyankopɔn asɛm.
2 and He saw two boats standing beside the lake, and the fishers, having gone away from them, were washing the nets,
Ohuu akorow abien a apopofo bi a wɔhohoro wɔn asau wɔ mu no agyaw wɔ ɔtare no ho.
3 and having entered into one of the boats, that was Simon’s, He asked him to put back a little from the land, and having sat down, was teaching the multitudes out of the boat.
Yesu kɔtenaa ɔkorow no baako a na ɛyɛ Simon de no mu. Ɔka kyerɛɛ Simon se ompia nkɔ asu no mu kakra sɛnea ɛbɛyɛ a, obetumi afi hɔ akasa akyerɛ nnipa no.
4 And when He left off speaking, He said to Simon, “Put back into the deep, and let down your nets for a catch”;
Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔka kyerɛɛ Simon se, “Hare kɔ baabi a emu dɔ kakra na munkogu mo asau no na mubeyi nam bebree.”
5 and Simon answering said to Him, “Master, through the whole night, having labored, we have taken nothing, but at Your saying I will let down the net.”
Simon kae se, “Owura, yɛyɛɛ adwuma anadwo mu no nyinaa yɛannya hwee, nanso wʼasɛm nti, yebegu yɛn asau no.”
6 And having done this, they enclosed a great multitude of fishes, and their net was breaking,
Woguu asau no na woyii nam bebree maa anka mpo asau no retetew.
7 and they beckoned to the partners who [are] in the other boat, having come, to help them; and they came, and filled both the boats, so that they were sinking.
Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Nam no yɛɛ akorow abien no nyinaa amaama a anka ɛreyɛ amem mpo.
8 And Simon Peter having seen, fell down at the knees of Jesus, saying, “Depart from me, because I am a sinful man, O Lord”;
Simon Petro huu nea aba no, obuu Yesu nkotodwe kae se, “Me wura, mesrɛ wo fi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛni a mensɛ sɛ wobɛn me.”
9 for astonishment seized him, and all those with him, at the catch of the fishes that they took,
Nam dodow a woyii no yɛɛ Petro ne ne ne dɔm no nwonwa.
10 and in like manner also James and John, sons of Zebedee, who were partners with Simon; and Jesus said to Simon, “Do not fear, from now on you will be catching men”;
Saa ara nso na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma no nso nwonwa. Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Nsuro efi nnɛ, wobɛyɛ nnipayifo.”
11 and they, having brought the boats on the land, having left all, followed Him.
Wɔde akorow no beduu asu no ano hɔ no, wogyaw wɔn nneɛma nyinaa hɔ bedii nʼakyi.
12 And it came to pass, in His being in one of the cities, that behold, a man full of leprosy, and having seen Jesus, having fallen on [his] face, he implored Him, saying, “Lord, if You may will, You are able to cleanse me”;
Da bi a Yesu wɔ kurow bi mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam nyinaa bɛkotow nʼanim srɛɛ no sɛ, “Owura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yare.”
13 and having stretched forth [His] hand, He touched him, having said, “I will, be cleansed”; and immediately the leprosy went away from him.
Ɛhɔ ara Yesu teɛɛ ne nsa de kaa no kae se, “Yiw, ɛyɛ me pɛ. Wo ho mfi.” Amono mu hɔ ara, ne ho fii.
14 And He charged him to tell no one, “But having gone away, show yourself to the priest, and bring near for your cleansing according as Moses directed, for a testimony to them”;
Yesu hyɛɛ no se, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo na bɔ afɔre a Mose hyɛɛ sɛ akwatafo a wɔn ho afi no mmɔ sɛ adansedi no.”
15 but the more was the report going abroad concerning Him, and great multitudes were coming together to hear, and to be healed by Him of their sicknesses,
Yesu anwonwadwuma a ɔyɛe yi maa ne ho asɛm trɛw mpɔtam hɔ nyinaa maa nnipa bebree betiee no pɛɛ sɛ ɔsa wɔn yare nso.
16 and He was withdrawing Himself in the desolate places and was praying.
Nanso na ɔtaa twe ne ho kɔ sare so kɔbɔ mpae.
17 And it came to pass, on one of the days, that He was teaching, and there were sitting by Pharisees and teachers of the Law, who were come out of every village of Galilee, and Judea, and Jerusalem, and the power of the LORD was—to heal them.
Bere bi a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo bi a wofi Galilea ne Yudea nkurow ahorow so ne Yerusalem nso wɔ hɔ bi a wɔretie no. Saa bere no, na Onyankopɔn ayaresa tumi ahyɛ no ma.
18 And behold, men carrying a man on a bed, who has been struck with palsy, and they were seeking to bring him in, and to place before Him,
Mmarima bi baa hɔ a wɔso obubuafo bi.
19 and having not found by what way they may bring him in because of the multitude, having gone up on the housetop, through the tiles they let him down with the little bed, into the midst before Jesus,
Esiane sɛ na wontumi mfa nnipakuw no mu nkɔ Yesu nkyɛn nti, wɔforoo ɔdan a Yesu wɔ mu no kotuu atifi tokuru, de obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo, kɔtoo Yesu anim.
20 and He having seen their faith, said to him, “Man, your sins have been forgiven you.”
Yesu huu gyidi a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, “Onua, wɔde wo bɔne akyɛ wo.”
21 And the scribes and the Pharisees began to reason, saying, “Who is this that speaks evil words? Who is able to forgive sins, except God only?”
Farisifo no ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Hena na otumi sɛ ɔde bɔne kyɛ ka Onyankopɔn ho?”
22 And Jesus having known their reasonings, answering, said to them, “What reason you in your hearts?
Esiane sɛ Yesu huu nea wodwinnwen no nti, obuaa wɔn se, “Adɛn nti na modwene sɛ asɛm a mekae yi yɛ abususɛm?”
23 Which is easier—to say, Your sins have been forgiven you? Or to say, Arise, and walk?
Yesu bisaa wɔn se, “Nea ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ wɔbɛka akyerɛ obi se, wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ, wɔbɛka se sɔre na nantew?
24 And that you may know that the Son of Man has authority on the earth to forgive sins—(He said to the one struck with palsy)—I say to you, arise, and having taken up your little bed, be going on to your house.”
Na sɛ ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ wɔ asase so nti.” Mereka akyerɛ wo se, “Sɔre yi wo kɛtɛ na kɔ fie!”
25 And immediately having risen before them, having taken up [that] on which he was lying, he went away to his house, glorifying God,
Amono mu hɔ ara, ɔsɔre yii ne kɛtɛ kɔɔ fie. Ɔrekɔ no nyinaa na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ.
26 and astonishment took all, and they were glorifying God, and were filled with fear, saying, “We saw strange things today.”
Wɔn a wogyina hɔ no ho dwiriw wɔn. Ehu kaa wɔn. Woyii Onyankopɔn ayɛ kae se, “Nnɛ de, yɛahu anwonwade.”
27 And after these things He went forth, and beheld a tax collector, by name Levi, sitting at the tax office, and said to him, “Follow Me”;
Eyi akyi no, Yesu fii hɔ kohuu ɔtowgyeni Lewi sɛ ɔte atowgyei. Ohuu no no, ɔka kyerɛɛ no se, “Bedi mʼakyi.”
28 and he, having left all, having arisen, followed Him.
Lewi sɔre gyaw ne nneɛma nyinaa hɔ dii nʼakyi.
29 And Levi made a great entertainment to Him in his house, and there was a great multitude of tax collectors and others who were with them reclining,
Akyiri no, Lewi too pon wɔ ne fi maa Yesu. Towgyefo ne nnipa ahorow bebree kɔɔ aponto no ase.
30 and the scribes and the Pharisees among them were murmuring at His disciples, saying, “Why do You eat and drink with tax collectors and sinners?”
Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no huu sɛ Yesu ne saa nnipa no ato nsa redidi no, wonwiinwii bisaa no se, “Adɛn nti na wo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo ato nsa redidi?”
31 And Jesus answering said to them, “They who are well have no need of a physician, but they that are ill:
Yesu buaa wɔn se, “Wɔn a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn na ɛnyɛ wɔn a wɔnyare.
32 I did not come to call righteous men, but sinners, to conversion.”
Mamma sɛ merebɛfrɛ atreneefo na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.”
33 And they said to Him, “Why do the disciples of John fast often, and make supplications—in like manner also those of the Pharisees—but Yours eat and drink?”
Nnipa no kɔɔ so bisaa no bio se, “Adɛn nti na Osuboni Yohane asuafo ne Farisifo asuafo no de, wɔtaa di mmuada, na wʼasuafo de, daa wodidi na wɔnom?”
34 And He said to them, “Are you able to make the sons of the bride-chamber—in the Bridegroom being with them—to fast?
Yesu nso bisaa wɔn se, “Ɛho hia sɛ wɔn a wɔn ani agye, anaasɛ wɔn a wɔahyia wɔn ayeforo ase no di mmuada, wɔ bere a ayeforokunu no wɔ wɔn nkyɛn ana?
35 But days will come, and when the Bridegroom may be taken away from them, then they will fast in those days.”
Nanso da bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn; saa bere no na wobedi mmuada.”
36 And He spoke also an allegory to them: “No one puts a patch of new clothing on old clothing, and if otherwise, the new also makes a split, and with the old the patch does not agree, that [is] from the new.
Yesu buu wɔn bɛ yi se, “Obi mfa ntama foforo ntare ntama dedaw mu. Ɔyɛ saa a foforo no bɛma dedaw no asuane. Na ɛbɛma nsonoe ada foforo no ne dedaw no ntam.
37 And no one puts new wine into old skins, and if otherwise, the new wine will burst the skins, and itself will be poured out, and the skins will be destroyed;
Obiara nso mfa nsa foforo ngu mmoa nhoma nsa nkotoku dedaw mu. Ɔyɛ saa a nsa no bɛpaapae nkotoku no na ahwie agu na nkotoku no nso asɛe.
38 but new wine is to be put into new skins, and both are preserved together;
Eyi nti, nsa nkotoku foforo mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gu.
39 and no one having drunk old, immediately wishes new, for he says, The old is better.”
Obi nnom nsa dedaw nwie mmisa nsa foforo ase. Nea ɔnom no ka se, ‘dedaw no na eye.’”