< Judges 1 >

1 And it comes to pass after the death of Joshua, that the sons of Israel ask of YHWH, saying, “Who goes up for us to the Canaanite, at the commencement, to fight against it?”
Yosua wuo akyi no, Israelfoɔ bisaa Awurade sɛ, “Abusuakuo bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkɔto hyɛ Kanaanfoɔ no so kane?”
2 And YHWH says, “Judah goes up; behold, I have given the land into his hand.”
Awurade buaa sɛ, “Yuda na ɛsɛ sɛ ɔkɔ; mede asase no so die ahyɛ wɔn nsam.”
3 And Judah says to his brother Simeon, “Go up with me into my lot, and we fight against the Canaanite—and I have gone, even I, with you into your lot”; and Simeon goes with him.
Enti, Yuda ntuanofoɔ ka kyerɛɛ wɔn nuanom Simeon abusuakuo no sɛ, “Mommɛka yɛn ho na yɛnko ntia Kanaanfoɔ a wɔte asase a wɔde ama yɛn no so. Yɛn nso, yɛbɛboa mo ama moako afa mo asase.” Enti, Simeonfoɔ mmarima no ne Yudafoɔ no kɔeɛ.
4 And Judah goes up, and YHWH gives the Canaanite and the Perizzite into their hand, and they strike them in Bezek—ten thousand men;
Ɛberɛ a Yuda kɔɔ wɔn so no, Awurade ma wɔdii Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ no so nkonim, na wɔkunkumm atamfoɔ akofoɔ ɔpedu wɔ Besek.
5 and they find Adoni-Bezek in Bezek, and fight against him, and strike the Canaanite and the Perizzite.
Besek hɔ, wɔne ɔhene Adoni-Besek hyiaeɛ, na wɔko tiaa no, dii Kanaanfoɔ no ne Perisifoɔ no so nkonim.
6 And Adoni-Bezek flees, and they pursue after him, and seize him, and cut off his thumbs and his great toes,
Adoni-Besek dwaneeɛ, nanso ankyɛre na Israelfoɔ kɔkyeree no twitwaa ne nsa ne ne nan kokurobetie.
7 and Adoni-Bezek says, “Seventy kings—their thumbs and their great toes cut off—have been gathering under my table; as I have done so God has repaid to me”; and they bring him to Jerusalem, and he dies there.
Ɛmaa Adoni-Besek kaa sɛ, “Ɛberɛ bi na mewɔ Ahemfo aduɔson a wɔatwitwa wɔn kokurobetie bɛtasee mporoporowa wɔ me didipono ase. Afei, Awurade atua me deɛ meyɛɛ wɔn no so ka.” Wɔde no kɔɔ Yerusalem na ɔwuu wɔ hɔ.
8 And the sons of Judah fight against Jerusalem, and capture it, and strike it by the mouth of the sword, and they have sent the city into fire;
Yuda mmarima no to hyɛɛ Yerusalem so, dii so nkonim. Wɔkunkumm kuropɔn no so nnipa nyinaa, too mu ogya.
9 and afterward the sons of Judah have gone down to fight against the Canaanite inhabiting the hill-country, and the south, and the low country;
Ɛno akyi, wɔdane faa anafoɔ fam, kɔto hyɛɛ Kanaanfoɔ a wɔtete bepɔ asase, Negeb ne atɔeɛ fam nkokoɔ so no so.
10 and Judah goes to the Canaanite who is dwelling in Hebron (and the name of Hebron [was] formerly Kirjath-Arba), and they strike Sheshai, and Ahiman, and Talmai.
Yuda bɔ wuraa Kanaanfoɔ a na wɔte Hebron a kane no na wɔfrɛ hɔ Kiriat-Arba no mu, dii Sesai, Ahiman ne Talmai so.
11 And he goes there to the inhabitants of Debir (and the name of Debir [was] formerly Kirjath-Sepher),
Wɔfiri hɔ kɔtoaa nnipa a wɔte Debir a kane no na wɔfrɛ hɔ (Kiriat-Sefer no).
12 and Caleb says, “He who strikes Kirjath-Sepher and has captured it—then I have given my daughter Achsah to him for a wife.”
Na Kaleb kaa sɛ, “Obiara a ɔbɛto ahyɛ Kiriat-Sefer so na wafa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.”
13 And Othniel son of Kenaz, younger brother of Caleb, captures it, and he gives his daughter Achsah to him for a wife.
Ɛnna Kaleb nua kumaa Kenas babarima Otniel kɔfaeɛ. Enti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere.
14 And it comes to pass in her coming in, that she persuades him to ask from her father the field, and she comes down off the donkey, and Caleb says to her, “What do you [want]?”
Aksa waree Otniel no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmisa nʼagya Kaleb na ɔmma wɔn asase nka deɛ wɔwɔ no ho. Ɔfiri nʼafunumu so sii fam ara pɛ, Kaleb bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn? Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?”
15 And she says to him, “Give a blessing to me; when you have given me the south land—then you have given springs of water to me”; and Caleb gives the upper springs and the lower springs to her.
Ɔbuaa sɛ, “Ma me nhyira bio. Woadom me ama me asase wɔ Negeb, na mesrɛ wo ma me asase a nsuo wɔ so.” Enti, Kaleb maa no atifi ne anafoɔ fam nsuwansuwa asase.
16 And the sons of the Kenite, father-in-law of Moses, have gone up out of the city of palms with the sons of Judah [to] the wilderness of Judah, which [is] in the south of Arad, and they go and dwell with the people.
Ɛberɛ a Yuda abusuakuo firii Yeriko no, Kenifoɔ a wɔyɛ Mose ase barima asefoɔ ne wɔn kɔɔ Yuda ɛserɛ no so. Wɔtenaa nnipa a wɔwɔ hɔ no mu wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Arad a ɛwɔ Negeb.
17 And Judah goes with his brother Simeon, and they strike the Canaanite inhabiting Zephath, and devote it; and [one] calls the name of the city Hormah.
Afei, Yuda ne Simeon ka bɔɔ mu ko tiaa Kanaanfoɔ a wɔte Sefat no sɛee kuro no pasaa. Enti, wɔtoo kuro no edin Horma.
18 And Judah captures Gaza and its border, and Askelon and its border, and Ekron and its border;
Ɛno akyi, Yuda ko faa nkuropɔn Gasa, Askelon ne Ekron ne wɔn nsase a atwa wɔn ho ahyia.
19 and YHWH is with Judah, and he occupies the hill-country, but not to dispossess the inhabitants of the valley, for they have chariots of iron.
Na Awurade ka Yuda nkurɔfoɔ ho enti, ɛmaa wɔfaa bepɔ nsase no. Nanso, wɔantumi ampam nnipa a wɔte tata so no amfiri hɔ, ɛfiri sɛ, na wɔwɔ nnadeɛ nteaseɛnam.
20 And they give Hebron to Caleb, as Moses has spoken, and he dispossesses the three sons of Anak there.
Wɔde Hebron kuropɔn maa Kaleb sɛdeɛ na Mose ahyɛ ho bɔ no. Na Kaleb pamoo nnipa a na wɔyɛ Anak mmammarima baasa no asefoɔ no firii hɔ.
21 And the sons of Benjamin have not dispossessed the Jebusite inhabiting Jerusalem; and the Jebusite dwells with the sons of Benjamin, in Jerusalem, until this day.
Benyamin abusuakuo no antumi ampam Yebusifoɔ a na wɔte Yerusalem no. Enti, ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Yebusifoɔ ne Benyamin nkurɔfoɔ da so te Yerusalem.
22 And the house of Joseph goes up—even they—to Beth-El, and YHWH [is] with them;
Yosef asefoɔ kɔto hyɛɛ Bet-El kuro no so, na Awurade kaa wɔn ho.
23 and the house of Joseph causes [men] to spy out Beth-El (and the name of the city [was] formerly Luz),
Wɔsomaa akwansrafoɔ kɔɔ Bet-El (a kane no na wɔfrɛ no Lus) hɔ.
24 and the watchers see a man coming out from the city, and say to him, “Please show us the entrance of the city, and we have done kindness with you.”
Wɔde nsɛmmisa puapuaa ɔbarima bi a na ɔfiri kuropɔn no mu reba. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛ yɛn ɛkwan a wɔde kɔ kuropɔn no mu na yɛn nso, yɛbɛhunu wo mmɔbɔ.”
25 And he shows them the entrance of the city, and they strike the city by the mouth of the sword, and they have sent the man and all his family away;
Enti, ɔkyerɛɛ wɔn kuropɔn no kwan ma wɔkɔkunkumm kuropɔn no mu nnipa nyinaa, na wɔgyaa ɔbarima no ne nʼabusuafoɔ.
26 and the man goes to the land of the Hittites, and builds a city, and calls its name Luz—it [is] its name to this day.
Akyire no, ɔbarima no tutu kɔɔ Hetifoɔ asase so. Ɔkyekyeree kuropɔn wɔ hɔ. Ɔtoo kuropɔn no edin Lus. Na saa edin no da kuropɔn no so de bɛsi ɛnnɛ.
27 And Manasseh has not occupied Beth-Shean and its towns, and Taanach and its towns, and the inhabitants of Dor and its towns, and the inhabitants of Iblaim and its towns, and the inhabitants of Megiddo and its towns, and the Canaanite is desirous to dwell in that land;
Manase abusuakuo no nso antumi ampam nnipa a na wɔte Bet-Sean, Taanak, Dor, Yibleam, Megido ne wɔn nkuraaseɛ no, ɛfiri sɛ, na Kanaanfoɔ no aka sɛ, sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛhɔ ara na wɔpɛ sɛ wɔtena.
28 and it comes to pass, when Israel has been strong, that he sets the Canaanite to forced labor, and has not utterly dispossessed it.
Israelfoɔ no nyaa ahoɔden kakra no, wɔhyɛɛ Kanaanfoɔ no ma wɔyɛɛ nnwuma sɛ nkoa maa wɔn a wɔampamo wɔn amfiri asase no so.
29 And Ephraim has not dispossessed the Canaanite who is dwelling in Gezer, and the Canaanite dwells in its midst, in Gezer.
Efraim abusuakuo no nso antumi antu Kanaanfoɔ a na wɔte Geser no enti Kanaanfoɔ no kɔɔ so ne wɔn tenaeɛ.
30 Zebulun has not dispossessed the inhabitants of Kitron, and the inhabitants of Nahalol, and the Canaanite dwells in its midst, and they become forced labor.
Sebulon abusuakuo no antumi antu Kanaanfoɔ a na wɔte Kitron ne Nahalol, enti wɔkɔɔ so ne wɔn tenaeɛ. Nanso, wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa.
31 Asher has not dispossessed the inhabitants of Accho, and the inhabitants of Sidon, and Ahlab, and Achzib, and Helbah, and Aphik, and Rehob;
Aser abusuakuo no nso antumi antu wɔn a na wɔte Ako, Sidon, Ahlab, Aksib, Helba, Afik ne Rehob.
32 and the Asherite dwells in the midst of the Canaanite, the inhabitants of the land, for it has not dispossessed them.
Nokorɛm, ɛsiane sɛ wɔantumi antu wɔn no enti, Kanaanfoɔ no dɔɔso wɔ asase a Aserfoɔ no te soɔ no so.
33 Naphtali has not dispossessed the inhabitants of Beth-Shemesh, and the inhabitants of Beth-Anath, and he dwells in the midst of the Canaanite, the inhabitants of the land; and the inhabitants of Beth-Shemesh and of Beth-Anath were for forced labor for them.
Naftali abusuakuo no nso antumi antu wɔn a na wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat. Mmom, Kanaanfoɔ no dɔɔso wɔ asase a wɔte soɔ no so. Nanso wɔhyɛɛ nnipa a wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa maa Naftali nkurɔfoɔ.
34 And the Amorites press the sons of Dan to the mountain, for they have not permitted them to go down to the valley;
Dan abusuakuo no deɛ, Amorifoɔ hyɛɛ wɔn maa wɔtu kɔɔ bepɔ nsase no so na wɔamma wɔn amma tata so hɔ.
35 and the Amorite is desirous to dwell in Mount Heres, in Aijalon, and in Shaalbim, and the hand of the house of Joseph is heavy, and they are for forced labor;
Amorifoɔ no sii wɔn adwene pi sɛ, wɔbɛtena Heres bepɔ so wɔ Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef asefoɔ no yɛɛ den mmorosoɔ no, wɔhyɛɛ Amorifoɔ no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa.
36 and the border of the Amorite [is] from the ascent of Akrabbim, from the rock and upward.
Na Amorifoɔ hyeɛ firi Akrabbim aforoeɛ kɔ Sela na ɛtoa so kɔ atifi fam.

< Judges 1 >