< Job 17 >
1 “My spirit has been destroyed, My days extinguished—graves [are] for me.
Me honhom atɔ beraw, me nna so atwa, na ɔda retwɛn me.
2 If not—mockeries [are] with me. And my eye lodges in their provocations.
Ampa ara fɛwdifo atwa me ho ahyia; ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn atutuwpɛ.
3 Now place my pledge with You; Who is he that strikes hand with me?
“Ao Onyankopɔn, hyɛ me bɔ a wuhia. Hena bio na ɔbɛma me bammɔ?
4 For You have hidden their heart from understanding, Therefore You do not exalt them.
Wɔato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase; enti woremma wonni nkonim.
5 For a portion he shows friendship, And the eyes of his sons are consumed.
Sɛ obi sopa ne nnamfonom de gye akatua a, ɛbɛhwere ne mma aniwa.
6 And He set me up for a proverb of the peoples, And I am a wonder before them.
“Onyankopɔn de me ayɛ asɛm a ɛda obiara ano, obi a wɔte ntasu gu nʼani so.
7 And my eye is dim from sorrow, And my members—all of them—as a shadow.
Awerɛhow ama mʼani ayɛ siamoo me nipadua nyinaa yɛ sunsuma.
8 The upright are astonished at this, and the innocent stirs himself up against the profane.
Ɛyɛ atreneefo nwonwa; wɔn a wodi bem tia wɔn a wonni nyamesu.
9 And the righteous lays hold [on] his way, And the clean of hands adds strength.
Nanso atreneefo bɛkɔ wɔn anim, na wɔn a wɔn nsa ho tew no bɛkɔ so anya ahoɔden.
10 But please return and come in, all of you, And I do not find a wise man among you.
“Mo nyinaa monsan mmra mmɛsɔ nhwɛ! Na merennya onyansafo wɔ mo mu.
11 My days have passed by, My plans have been broken off, The possessions of my heart!
Me nna atwa mu, me nhyehyɛe apansam. Nanso me koma apɛde
12 They appoint night for day, Light [is] near because of darkness.
ma anadwo dan awia; sum mu koraa no hann bɛn.
13 If I wait—Sheol [is] my house, In darkness I have spread out my bed. (Sheol )
Sɛ ofi a mʼani da so nkutoo ne ɔda, sɛ mesɛw me kɛtɛ wɔ sum mu, (Sheol )
14 To corruption I have called: You [are] my father. To the worm: My mother and my sister.
sɛ meka kyerɛ porɔwee se, ‘Wo yɛ mʼagya,’ ne osunson se, ‘Me na’ anaa ‘Me nuabea’ a,
15 And where [is] my hope now? Indeed, my hope, who beholds it?
na afei mʼanidaso wɔ he? Hena na obetumi anya anidaso bi ama me?
16 You go down [to] the parts of Sheol, If we may rest together on the dust.” (Sheol )
Ebesian akɔ owu pon ano ana? Yɛn nyinaa besian akɔ mfutuma mu ana?” (Sheol )