< Job 15 >

1 And Eliphaz the Temanite answers and says:
Na Temanni Elifas buae se,
2 “Does a wise man answer [with] vain knowledge? And fill his belly [with] an east wind?
“Enti onyansafo de nsɛm a aba biara nni mu beyi nʼano anaasɛ ɔde apuei mframa a emu yɛ hyew bɛhyɛ nʼafuru ma?
3 To reason with a word not useful? And speeches—no profit in them?
Ɔde nsɛm huhuw begye akyinnye, aka nsɛm a mfaso biara nni so ana?
4 Indeed, you make reverence void, and diminish meditation before God.
Wototo onyamesuro ase mmom na wusiw Onyankopɔn som ho kwan.
5 For your mouth teaches your iniquity, And you choose the tongue of the cunning.
Wo bɔne kyerɛ wʼano nea ɔnka; na woafa anitew tɛkrɛma.
6 Your mouth declares you wicked, and not I, And your lips testify against you.
Wʼankasa wʼano bu wo kumfɔ, ɛnyɛ me de; wʼankasa wʼano di adanse tia wo.
7 Are you the first man born? And were you formed before the heights?
“Wone onipa a wɔwoo wo dii kan ana? Wɔwoo wo ansa na wɔrewo nkoko ana?
8 Do you hear of the secret counsel of God? And withdraw wisdom to you?
Wutie Onyankopɔn afotu ana? Wo nko ara na wunim nyansa ana?
9 What have you known, and we do not know? [What] do you understand, and it is not with us?
Dɛn na wunim a, yennim? Nhumu bɛn na wowɔ a yenni?
10 Both the gray-headed And the very aged [are] among us—Greater than your father [in] days.
Nea wafuw dwen ne akwakoraa wɔ yɛn afa wɔn a wɔanyinyin sen wʼagya mpo.
11 Are the comforts of God too few for you? And a gentle word [is] with you,
Onyankopɔn awerɛkyekye ne nsɛm a wɔka no brɛoo kyerɛ wo no sua ma wo ana?
12 Why does your heart take you away? And why are your eyes high?
Adɛn nti na wo koma atwe wo akɔ adɛn nti na wʼani asɔ gya,
13 Do you turn your spirit against God? And have brought out words from your mouth:
na woadan wʼabufuw agu Onyankopɔn so na woma saa nsɛm yi pue fi wʼano?
14 What [is] man that he is pure, And that he is righteous, one born of woman?
“Ɔdesani ne hena a obetumi ayɛ pɛ, anaasɛ nea ɔbea awo no bɛn na obetumi ayɛ ɔtreneeni?
15 Behold, He puts no credence in His holy ones, And the heavens have not been pure in His eyes.
Onyankopɔn nni ahotoso wɔ nʼakronkronfo mu ɔsorosoro mpo nyɛ kronkron wɔ nʼani so,
16 Also—surely abominable and filthy Is man drinking perverseness as water.
na me ne onipa debɔneyɛfo ne omumɔyɛfo a ɔnom bɔne sɛ nsu.
17 I show you—listen to me—And this I have seen and declare,
“Tie me, na mɛkyerɛ wo mu; ma menka nea mahu nkyerɛ wo,
18 Which the wise declare—And have not hid—from their fathers.
nea anyansafo apae mu aka, a wɔamfa biribiara a wonya fii wɔn agyanom hɔ no ansie
19 To them alone was the land given, And a stranger did not pass over into their midst:
(wɔn nko ara na wɔde asase no maa wɔn bere a ananafo biara nni wɔn mu):
20 All [the] days of the wicked he is paining himself, And few years have been laid up for the terrible one.
Omumɔyɛfo kɔ ahohia mu, ne nkwanna nyinaa, na basabasayɛni nso, ne mfe a wɔahyehyɛ ama no nyinaa.
21 A fearful voice [is] in his ears, In peace a destroyer comes to him.
Nnyigyei a ɛyɛ hu hyɛ nʼasom ma; na sɛ ɛyɛ sɛ nneɛma rekɔ yiye ma no a, akorɔmfo tow hyɛ ne so.
22 He does not believe to return from darkness, And he watches for the sword.
Ɔpa abaw sɛ obeguan afi sum mu; wɔabɔ no ato hɔ ama afoa.
23 He is wandering for bread: Where [is] it? He has known that ready at his hand Is a day of darkness.
Okyinkyin hwehwɛ aduan; onim sɛ sum da no abɛn.
24 Adversity and distress terrify him, They prevail over him as a king ready for a boaster.
Ɔhaw ne ahoyeraw yi no hu; ɛhyɛ ne so sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko,
25 For he stretched out his hand against God, And against the Mighty he makes himself mighty.
efisɛ ɔteɛteɛ ne nsa kyerɛ Onyankopɔn na ɔma ne ho so tia Otumfo,
26 He runs to Him with a neck, With thick bosses of his shields.
wɔde nkatabo a mu piw na ɛyɛ den kɔ ne so a, onsuro obiara.
27 For he has covered his face with his fat, And makes vigor over [his] confidence.
“Ɛwɔ mu sɛ srade ama nʼafono atotɔ na nʼasen mu nam abubu agu so de,
28 And he inhabits cities cut off, houses not dwelt in, That have been ready to become heaps.
nanso ɔbɛtena nkurow a agu so na watena afi a obi nte mu, afi a ɛrebubu mu.
29 He is not rich, nor does his wealth rise, Nor does he stretch out their continuance on earth.
Ɔrenkɔ so nyɛ ɔdefo bio, na nʼahonya rennyina, na nʼagyapade so bɛtew na ayera wɔ asase so.
30 He does not turn aside from darkness, A flame dries up his tender branch, And he turns aside at the breath of His mouth!
Ɔrenguan sum no; ogyaframa bɛhyew ne mman, na Onyankopɔn anom ahomegu bɛsoa no akɔ.
31 Do not let him put credence in vanity, He has been deceived, For vanity is his exchange.
Ɛnsɛ sɛ ɔde ne ho to nneɛma huhuw so de daadaa ne ho, efisɛ ɔrennya hwee mfi mu.
32 It is not completed in his day, And his bending branch is not green.
Ansa na ne da bedu no, wobetua no ka a bi nka, na ne mman renyɛ frɔmfrɔm.
33 He shakes off his unripe fruit as a vine, And casts off his blossom as an olive.
Ɔbɛyɛ sɛ bobedua a wɔaporow so aba a ennyin ɛ, te sɛ ngodua a ne nhwiren reporow gu fam.
34 For the company of the profane [is] barren, And fire has consumed tents of bribery.
Na abɔnefo fekuw a wonnim Onyankopɔn no rensow aba, na ogya bɛhyew wɔn a wɔdɔ kɛtɛasehyɛ no ntamadan.
35 To conceive misery, and to bear iniquity, Even their heart prepares deceit.”
Wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne; wɔn awotwaa siesie nnaadaa.”

< Job 15 >