< Jeremiah 37 >
1 And King Zedekiah son of Josiah reigns instead of Coniah son of Jehoiakim whom Nebuchadnezzar king of Babylon had caused to reign in the land of Judah,
Babiloniahene Nebukadnessar de Yosia babarima Sedekia dii Yudahene; osii Yehoiakim babarima Yehoiakin anan mu.
2 and he has not listened—he, and his servants, and the people of the land—to the words of YHWH that He spoke by the hand of Jeremiah the prophet.
Ɔno, nʼasomfo ne nnipa a wɔwɔ asase no so antie Awurade asɛm a ɔnam odiyifo Yeremia so kae no.
3 And Zedekiah the king sends Jehucal son of Shelemiah, and Zephaniah son of Maaseiah the priest, to Jeremiah the prophet, saying, “Pray, we implore you, for us to our God YHWH.”
Ɔhene Sedekia somaa Selemia babarima Yehukal ne Maaseia babarima ɔsɔfo Sefania se, wɔnkɔka nkyerɛ Yeremia se, “Yɛsrɛ wo, bɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn, mpae ma yɛn.”
4 And Jeremiah is coming in and going out in the midst of the people (and they have not put him in the prison-house),
Na Yeremia de ne ho a otumi di nnipa no mu akɔneaba, efisɛ na wɔmfaa no ntoo afiase ɛ.
5 and the force of Pharaoh has come out of Egypt, and the Chaldeans who are laying siege against Jerusalem hear their report, and go up from off Jerusalem.
Na Farao asraafo afi Misraim reba, na Babiloniafo a wɔatua Yerusalem no tee wɔn nka no, wofii Yerusalem.
6 And there is a word of YHWH to Jeremiah the prophet, saying,
Na Awurade asɛm baa odiyifo Yeremia nkyɛn se,
7 “Thus said YHWH, God of Israel: Thus you say to the king of Judah who is sending you to Me, to seek Me: Behold, the force of Pharaoh that is coming out to you for help has turned back to its land, to Egypt,
“Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Monka nkyerɛ Yudahene a, ɔsomaa mo se mummebisa me hɔ biribi no se, ‘Farao asraafo a wofii adi sɛ wɔrebɛboa mo no bɛsan akɔ wɔn ankasa asase, Misraim so.
8 and the Chaldeans have turned back and fought against this city, and captured it, and burned it with fire.
Na Babiloniafo no bɛsan abɛtow ahyɛ saa kuropɔn yi so; wobegye na wɔahyew kurow no dwerɛbee.’
9 Thus said YHWH: Do not lift up your souls, saying, The Chaldeans surely go from off us, for they do not go;
“Sɛ Awurade se ni: Monnnaadaa mo ho nsusuw sɛ, ‘Ampa ara Babiloniafo no befi yɛn so akɔ.’ Wɔrenkɔ!
10 for though you had struck all the force of the Chaldeans who are fighting with you, and there were left of them wounded men—they rise, each in his tent, and have burned this city with fire.”
Sɛ mudi Babiloniafo asraafo a wɔatow ahyɛ mo so no so ma ɛka apirafo wɔ wɔn ntamadan mu mpo a, wobefi adi abɛhyew kuropɔn yi dwerɛbee.”
11 And it has come to pass, in the going up of the force of the Chaldeans from off Jerusalem, because of the force of Pharaoh,
Babilonia asraafo no fii Yerusalem, esiane Farao asraafo no nti akyiri no,
12 that Jeremiah goes out from Jerusalem to go [to] the land of Benjamin, to receive a portion there in the midst of the people.
Yeremia yɛɛ ahoboa sɛ ɔrefi kuropɔn no mu, akɔ Benyamin mantam mu akogye nʼagyapade mu kyɛfa wɔ nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no nkyɛn.
13 And it comes to pass, he is at the Gate of Benjamin, and there [is] a master of the ward, and his name is Irijah son of Shelemiah, son of Hananiah; and he catches Jeremiah the prophet, saying, “You are defecting to the Chaldeans!”
Nanso okoduu Benyamin Pon ano no, awɛmfo no so panyin a wɔfrɛ no Yiria a ɔyɛ Selemia babarima ne Hanania nena kyeree no kae se, “Woreguan agya yɛn akɔ Babiloniafo afa!”
14 And Jeremiah says, “Falsehood! I am not defecting to the Chaldeans”; and he has not listened to him, and Irijah lays hold on Jeremiah, and brings him to the heads,
Yeremia buae se, “Ɛnyɛ nokware. Merenguan nkɔ Babiloniafo afa.” Nanso Yiria antie, na mmom ɔkyeree Yeremia de no kɔmaa ne mpanyimfo.
15 and the heads are angry against Jeremiah, and have struck him, and put him in the prison-house—the house of Jonathan the scribe, for they had made it for a prison-house.
Wɔn bo fuw Yeremia, na wɔma wɔboroo no de no too afiase wɔ ɔkyerɛwfo Yonatan fi a na wɔde ayɛ afiase no.
16 When Jeremiah has entered into the house of the dungeon, and to the cells, then Jeremiah dwells there many days,
Wɔde Yeremia too asase ase afiase, ma odii nna bebree wɔ hɔ.
17 and King Zedekiah sends, and takes him, and the king asks him in his house in secret, and says, “Is there a word from YHWH?” And Jeremiah says, “There is,” and he says, “You are given into the hand of the king of Babylon.”
Akyiri no, ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa no baa ahemfi, ɛhɔ na obisaa no wɔ kokoa mu se, “Woanya asɛm bi afi Awurade nkyɛn ana?” Yeremia buae se, “Yiw, wɔde wo bɛma Babiloniahene.”
18 And Jeremiah says to King Zedekiah, “What have I sinned against you, and against your servants, and against this people, that you have put me into a prison-house?
Afei Yeremia bisaa ɔhene no se, “Dɛn bɔne na mayɛ atia wo, anaa wʼadwumayɛfo anaa nnipa yi a enti wɔde me ato afiase yi?
19 And where [are] your prophets who prophesied to you, saying, The king of Babylon does not come in against you, and against this land?
Ɛhe na wʼadiyifo a wɔhyɛɛ nkɔm kyerɛɛ wo se, ‘Babiloniahene rentow nhyɛ wo so anaa asase yi so’ no wɔ?
20 And now, please listen, O my lord the king; please let my supplication fall before you, and do not cause me to return [to] the house of Jonathan the scribe, that I do not die there.”
Na afei, ɔdɛɛfo, mesrɛ wo tie. Ma memfa me nkotosrɛ nto wʼanim: Mfa me nkɔto ɔkyerɛwfo Yonatan fi hɔ bio, anyɛ saa a mewu wɔ hɔ.”
21 And King Zedekiah commands, and they commit Jeremiah into the court of the prison, also to give a cake of bread to him daily from the bakers’ street, until the consumption of all the bread of the city, and Jeremiah dwells in the court of the prison.
Ɔhene Sedekia hyɛɛ sɛ wɔmfa Yeremia nkɔto awɛmfo adiwo hɔ, na wɔmma no brodo a efi brodotofo borɔn so da biara nkosi sɛ kuropɔn no mu brodo nyinaa bɛsa. Enti Yeremia kaa awɛmfo adiwo hɔ.