< Genesis 50 >
1 And Joseph falls on his father’s face, and weeps over him, and kisses him;
Afei, Yosef too ne ho hwee nʼagya so suiɛ, fee nʼano.
2 and Joseph commands his servants, the physicians, to embalm his father, and the physicians embalm Israel;
Ɛno akyiri no, Yosef maa nʼaduruyɛfoɔ bɛhyɛɛ nʼagya Israel akyenkyennuro, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrensɛe. Enti, aduroyɛfoɔ no hyɛɛ no akyenkyennuro.
3 and they fulfill for him forty days, for so they fulfill the days of the embalmed, and the Egyptians weep for him seventy days.
Wɔde adaduanan na ɛhyɛɛ Israel akyenkyennuro no, ɛfiri sɛ, saa nna dodoɔ no na ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ no aduro no. Misraimfoɔ suu no nnafua aduɔson.
4 And the days of his weeping pass away, and Joseph speaks to the house of Pharaoh, saying, “Now if I have found grace in your eyes, please speak in the ears of Pharaoh, saying,
Wɔsuu no wieeɛ no, Yosef kasa kyerɛɛ Farao fiefoɔ sɛ, “Sɛ manya mo anim animuonyam a, monka nkyerɛ Farao mma me sɛ,
5 My father caused me to swear, saying, Behold, I am dying; in my burying-place which I have prepared for myself in the land of Canaan, there you bury me; and now, please let me go up and bury my father, then I return”;
‘Mʼagya maa mekaa ntam,’ na ɔkaa sɛ: Hwɛ, aka kakra na mawu. Enti, sɛ mewu a, ɔboda a mʼankasa metwaa wɔ Kanaan asase so no mu na monkɔsie me. ‘Enti, mommisa otumfoɔ Farao ɛkwan mma me na menkɔsie mʼagya, na mɛsane maba.’”
6 and Pharaoh says, “Go up and bury your father, as he caused you to swear.”
Farao penee akwansra no so, kaa sɛ, “Kɔ na kɔsie wʼagya, sɛdeɛ ɔmaa wo kaa no ntam no.”
7 And Joseph goes up to bury his father, and all [the] servants of Pharaoh go up with him, [the] elderly of his house, and all [the] elderly of the land of Egypt,
Ɛno enti, Yosef kɔ kɔsiee nʼagya. Farao asomfoɔ nyinaa ne ne mpanimfoɔ ne nʼatenankonnwa ne Misraim nnipa titire nyinaa kɔgyaa Yosef ayie.
8 and all the house of Joseph, and his brothers, and the house of his father; only their infants, and their flock, and their herd, have they left in the land of Goshen;
Ɛno akyiri, Yosef fiefoɔ nyinaa a ne nuammarimanom ne nʼagya fiefoɔ ka ho ne no kɔɔ ayie no. Wɔn mma ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie nko ara na wɔgyaa wɔn wɔ Gosen asase so hɔ.
9 and there go up with him both chariot and horsemen, and the camp is very great.
Nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ nso kaa wɔn ho kɔɔ ayie no bi. Nnipadɔm pa ara na wɔkɔeɛ.
10 And they come to the threshing-floor of Atad, which [is] beyond the Jordan, and they lament there, a lamentation great and very grievous; and he makes for his father a mourning seven days,
Wɔduruu Atad a nʼasekyerɛ ne baabi a wɔpo atokoɔ, a ɛwɔ Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam no, wɔde nnanson twaa agyaadwoɔ, yɛɛ Yosef agya Israel ayi kɛseɛ wɔ hɔ.
11 and the inhabitant of the land, the Canaanite, sees the mourning in the threshing-floor of Atad and says, “A grievous mourning [is] this to the Egyptians”; therefore [one] has called its name “The mourning of the Egyptians,” which [is] beyond the Jordan.
Ɛberɛ a Kanaanfoɔ a na wɔte asase no so hunuu sɛdeɛ wɔsi yɛɛ ayie no wɔ Atad no, wɔkaa sɛ, “Yei yɛ ayi kɛseɛ bi a Misraimfoɔ ayɛ.” Ɛno enti, Kanaanfoɔ a wɔte asase no so no too hɔ edin Abel-Misraim, a asekyerɛ ne Misraimfoɔ ayi kɛseɛ yɛ.
12 And his sons do to him so as he commanded them,
Enti, Yakob mmammarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔn agya kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.
13 and his sons carry him away to the land of Canaan, and bury him in the cave of the field of Machpelah, which Abraham bought with the field for a possession of a burying-place, from Ephron the Hittite, on the front of Mamre.
Wɔsoaa no, de no kɔɔ Kanaan asase so, kɔsiee no wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ afuo a na Abraham atɔ afiri Hetini Efron nkyɛn de ayɛ amusieeɛ no mu.
14 And Joseph turns back to Egypt, he and his brothers, and all who are going up with him to bury his father, after his burying his father.
Yosef siee nʼagya wieeɛ no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wɔkɔgyaa no ayie no nyinaa sane baa Misraim.
15 And the brothers of Joseph see that their father is dead, and say, “Perhaps Joseph hates us, and certainly returns to us all the evil which we did with him.”
Yosef agya wuo akyiri no, ne nuanom no de ehu ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Sɛ ɛba sɛ Yosef da so wɔ yɛn ho menasepɔ, na ɔtua yɛn bɔne ahodoɔ a yɛayɛ no nyinaa so ka a, na yɛreyɛ no ɛdeɛn.”
16 And they give a charge for Joseph, saying, “Your father commanded before his death, saying,
Enti, wɔtuu nnipa kɔɔ Yosef hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wʼagya kaa saa asɛm yi ansa na ɔrewu.
17 Thus you say to Joseph: Ah, now, please bear with the transgression of your brothers and their sin, for they have done you evil; and now, please bear with the transgression of the servants of the God of your father”; and Joseph weeps in their speaking to him.
‘Asɛm yi na ɛsɛ sɛ moka kyerɛ Yosef: Mesrɛ wo, fa bɔne ahodoɔ a wo nuanom ayɛ wo no nyinaa kyɛ wɔn.’ Enti, afei mesrɛ wo, fa Onyankopɔn a wʼagya somm no no nkoa bɔne kyɛ wɔn.” Ɛberɛ a Yosef tee asɛm a ne nuanom no kaeɛ no, ɔsuiɛ.
18 And his brothers also go and fall before him, and say, “Behold, we [are] to you for servants.”
Yosef nuammarima no bɛtotoo wɔn ho guguu nʼanim, kaa sɛ, “Yɛyɛ wo nkoa.”
19 And Joseph says to them, “Do not fear, for [am] I in the place of God?
Nanso, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro me! Meyɛ Onyankopɔn a mɛtumi abu mo atɛn, atwe mo aso anaa?
20 As for you, you devised evil against me, [but] God devised it for good, in order to do as [at] this day, to keep alive a numerous people;
Ɛwom sɛ moyɛɛ mo adwene sɛ mobɛyɛ me bɔne deɛ, nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ, ɛbɛdane ade pa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi agye nnipa dodoɔ nkwa, sɛdeɛ ɔreyɛ no ɛnnɛ yi.
21 and now, do not fear: I nourish you and your infants”; and he comforts them, and speaks to their heart.
Enti, monnsuro! Mʼankasa mede biribiara a ɛhia mo ne mo mma nyinaa bɛma mo.” Yosef nam saa kasakyerɛ yi so hyɛɛ wɔn bɔ sɛ, ɔrenyɛ wɔn bɔne biara.
22 And Joseph dwells in Egypt, he and the house of his father, and Joseph lives one hundred and ten years,
Yosef ankasa ne ne nuanom ne nʼagya abusuafoɔ nyinaa tenaa Misraim asase so. Ɔdii mfeɛ ɔha ne edu ansa na ɔrewu.
23 and Joseph looks on Ephraim’s sons of a third [generation]; sons also of Machir, son of Manasseh, have been born on the knees of Joseph.
Yosef hunuu Efraim mma nana ne Manase ba Makir mma nso. Wɔwoo wɔn guu ne srɛ so.
24 And Joseph says to his brothers, “I am dying, and God certainly inspects you, and has caused you to go up from this land, to the land which He has sworn to Abraham, to Isaac, and to Jacob.”
Afei, Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarima no sɛ, “Ɛrenkyɛre biara na mawu. Nanso, Onyankopɔn bɛboa mo, ayi mo afiri saa asase yi so, de mo akɔ bɔhyɛ asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so.”
25 And Joseph causes the sons of Israel to swear, saying, “God certainly inspects you, and you have brought up my bones from this [place].”
Yosef maa Israel mmammarima no kaa ntam, na Yosef kaa sɛ, “Nokorɛm, Onyankopɔn bɛdi aboa mo. Sɛ mewu nso a, monsoa me nnompe mfiri ha nkɔ Kanaan asase so.”
26 And Joseph dies, a son of one hundred and ten years, and they embalm him, and he is put into a coffin in Egypt.
Yosef dii mfeɛ ɔha ne edu, na ɔwuiɛ. Wɔhyɛɛ no akyenkyennuro de no too efunu adaka mu wɔ Misraim.