< Genesis 23 >

1 And the life of Sarah is one hundred and twenty-seven years—years of the life of Sarah;
Sara dii mfe ɔha aduonu ason.
2 and Sarah dies in Kirjath-Arba, which [is] Hebron, in the land of Canaan, and Abraham goes to mourn for Sarah, and to lament her.
Owui wɔ Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kogyam ne yere Sara, suu no wɔ hɔ.
3 And Abraham rises up from the presence of his dead, and speaks to the sons of Heth, saying,
Abraham gyaw ne yere Sara amu no wɔ hɔ, kɔɔ Hetifo mpanyimfo nkyɛn, kɔsrɛɛ wɔn se,
4 “A sojourner and a settler I [am] with you; give to me a possession of a burying-place with you, and I bury my dead from before me.”
“Meyɛ ɔhɔho ne mamfrani a mete mo mu. Mesrɛ mo, montɔn mo asase yi bi mma me, na minsie me yere wɔ so.”
5 And the sons of Heth answer Abraham, saying to him,
Hetifo no buaa Abraham se,
6 “Hear us, my lord; a prince of God [are] you in our midst; in the choice of our burying-places bury your dead: none of our burying-places do we withhold from you, from burying your dead.”
“Owura, yɛsrɛ wo, tie asɛm a yɛrebɛka yi. Woyɛ Onyankopɔn somfo kɛse wɔ yɛn mu. Yɛn boda biara a ɛsɔ wʼani a wopɛ sɛ wusie wo yere wɔ hɔ no, yɛma wo ho kwan, kosie no. Yɛn mu biara remfa ne boda nkame wo.”
7 And Abraham rises and bows himself to the people of the land, to the sons of Heth,
Ɛhɔ ara na Abraham sɔre bɔɔ ne mu ase wɔ Hetifo no anim,
8 and he speaks with them, saying, “If it is your desire to bury my dead from before me, hear me, and meet for me with Ephron, son of Zoar;
ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ moapene so sɛ minsie mʼamu no wɔ ha de a, mepa mo kyɛw, monsrɛ Efron a ɔyɛ Sohar babarima no mma me,
9 and he gives to me the cave of Machpelah, which he has, which [is] in the extremity of his field; for full money does he give it to me, in your midst, for a possession of a burying-place.”
na ɔntɔn Makpela ɔboda a ɛwɔ nʼafuw ano no mma me. Monka nkyerɛ no na ɔntɔn no sɛnea ne bo di pɛpɛɛpɛ mma me, na mede hɔ ayɛ me ne mʼabusuafo amusiei.”
10 And Ephron is sitting in the midst of the sons of Heth, and Ephron the Hittite answers Abraham in the ears of the sons of Heth, of all those entering the gate of his city, saying,
Saa bere no na Hetini Efron a ɔte ne manfo mu no buaa Abraham, maa ne nkurɔfo a wɔahyia wɔ kurow no pon ano nyinaa tee sɛ,
11 “No, my lord, hear me: the field I have given to you, and the cave that [is] in it, to you I have given it; before the eyes of the sons of my people I have given it to you—bury your dead.”
“Dabi, me wura, tie me! Mede afuw no ne ɔboda a ɛwɔ mu no kyɛ wo. Migyina me manfo anim, na mede kyɛ wo. Kosie wʼamu no wɔ hɔ.”
12 And Abraham bows himself before the people of the land,
Bio Abraham de obu ne nidi bɔɔ ne mu ase wɔ ɔmanfo no anim,
13 and speaks to Ephron in the ears of the people of the land, saying, “Only—if you would hear me—I have given the money of the field—accept from me, and I bury my dead there.”
ka kyerɛɛ Efron maa wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa tee asɛm a ɔkae no se, “Mesrɛ mo, ɔmanfo, monyɛ aso mma me. Momma mintua asase no ka. Mompene so mma me, na minnya kwan nkosie mʼamu no.”
14 And Ephron answers Abraham, saying to him,
Efron buaa Abraham se,
15 “My lord, hear me: the land—four hundred shekels of silver; between me and you, what [is] it? Bury your dead.”
“Me wura, tie me! Asase no bo yɛ dwetɛ kilogram anan ne fa. Yɛnyɛ nnipa baako ana? Meregye saa sika yi ayɛ dɛn? Kosie wʼamu no!”
16 And Abraham listens to Ephron, and Abraham weighs to Ephron the silver which he has spoken of in the ears of the sons of Heth, four hundred silver shekels, passing with the merchant.
Abraham penee Efron asɛm no so. Ɔkarii dwetɛ kilogram anan ne fa a ɛyɛ asase no bo a ɔbɔ maa Hetifo no tee no de tuaa ka.
17 And established are the field of Ephron, which [is] in Machpelah, which [is] before Mamre, the field and the cave which [is] in it, and all the trees which [are] in the field, which [are] around all its border,
Enti wɔde Efron asase a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ, a ɛyɛ afuw no, ɔboda a ɛwɔ mu no, nnua a ɛwɔ afuw no mu ne nʼahye so nyinaa maa
18 to Abraham by purchase, before the eyes of the sons of Heth, among all entering the gate of his city.
Abraham sɛ nʼagyapade. Eyi nyinaa sii wɔ Hetifo no ne wɔn a wɔbaa kurow no pon no ano nyinaa anim.
19 And after this Abraham has buried his wife Sarah at the cave of the field of Machpelah before Mamre (which [is] Hebron), in the land of Canaan;
Akyiri no, Abraham siee ne yere Sara wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela afuw a ɛbɛn Mamrɛ a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so no mu.
20 and established are the field, and the cave which [is] in it, to Abraham for a possession of a burying-place, from the sons of Heth.
Enti Hetifo no yɛɛ nhyehyɛe de afuw no ne ɔboda a ɛwɔ mu no maa Abraham sɛ nʼagyapade ne nʼamusiei.

< Genesis 23 >