< Exodus 8 >

1 And YHWH says to Moses, “Go to Pharaoh, and you have said to him, Thus said YHWH: Send My people away, and they serve Me;
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kɔ Farao hɔ bio na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Awurade se, Ma me nkurɔfoɔ no ɛkwan na wɔnkɔsom me.
2 and if you are refusing to send [them] away, behold, I am striking all your border with frogs;
Sɛ woampene so amma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ abɛhyɛ asase no so ma.
3 and the River has teemed [with] frogs, and they have gone up and gone into your house, and into the inner-chamber of your bed, and on your couch, and into the house of your servants, and among your people, and into your ovens, and into your kneading-troughs;
Wɔbɛyɛ Asubɔnten Nil ma, na wɔabɛhyɛ mo afie ma ma, na wɔakɔ mo mpia mu, na afoforɔ akɔ mo mpa so.
4 indeed, on you, and on your people, and on all your servants the frogs go up.”
Mpɔtorɔ bɛhyɛ efie biara a ɛwɔ Misraim no mu ma. Wɔbɛhyɛ mo fononoo ne deɛ mode fɔtɔ asikyiresiam gu mu nyinaa ma ma. Na mpɔtorɔ no bɛbu afa mo so.’”
5 And YHWH says to Moses, “Say to Aaron, Stretch out your hand, with your rod, against the streams, against the rivers, and against the ponds, and cause the frogs to come up against the land of Egypt.”
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa poma no nkyerɛ nsubɔntene, nsuwa ne atadeɛ a ɛwɔ Misraim nyinaa so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mpɔtorɔ bɛbu so wɔ ɔman no afanan nyinaa.”
6 And Aaron stretches out his hand against the waters of Egypt, and the frog comes up, and covers the land of Egypt;
Aaron yɛɛ saa maa mpɔtorɔ bɛhyɛɛ ɔman no mu nyinaa ma tɔ.
7 and the enchanters do so with their secrets, and cause the frogs to come up against the land of Egypt.
Nanso, nkonyaayifoɔ no nso yɛɛ saa ara maa mpɔtorɔ baa asase no so.
8 And Pharaoh calls for Moses and for Aaron and says, “Make supplication to YHWH, that he may turn aside the frogs from me, and from my people, and I send the people away, and they sacrifice to YHWH.”
Afei, Farao ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Monkɔsrɛ Awurade na ɔnyi mpɔtorɔ no mfiri asase yi so, na mɛma mo nkurɔfoɔ no ɛkwan na wɔakɔbɔ no afɔdeɛ.”
9 And Moses says to Pharaoh, “Beautify yourself over me; when do I make supplication for you, and for your servants, and for your people, to cut off the frogs from you and from your houses—only in the River they remain?”
Mose nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛ me ɛberɛ ko a wopɛ sɛ wɔkɔ. Me nso mɛbɔ ho mpaeɛ ama mpɔtorɔ no nyinaa awuwu wɔ baabiara wɔ ɛberɛ a wobɛhyɛ me no mu, na aka asubɔnten no mu mpɔtorɔ no nko ara.”
10 And he says, “Tomorrow.” And he says, “According to your word [it is], so that you know that there is none like our God YHWH,
Farao kaa sɛ, “Monyɛ no ɔkyena nko ara.” Mose buaa sɛ, “Mate, ɛbɛba mu sɛdeɛ woaka no na ama woahunu sɛ obiara nni hɔ sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, no nko ara.
11 and the frogs have turned aside from you, and from your houses, and from your servants, and from your people; only in the River they remain.”
Mpɔtorɔ no nyinaa bɛwuwu ama aka wɔn a wɔwɔ asubɔnten no mu no.”
12 And Moses—Aaron also—goes out from Pharaoh, and Moses cries to YHWH concerning the matter of the frogs which He has set on Pharaoh;
Mose ne Aaron firii Farao anim kɔeɛ. Mose kɔsrɛɛ Awurade sɛ ɔnyi mponkyerɛne a ɔde wɔn abɛgu Farao so no.
13 and YHWH does according to the word of Moses, and the frogs die out of the houses, out of the courts, and out of the fields,
Awurade tiee Mose nkotosrɛ no. Mponkyerɛne wuwu hyɛɛ ɔman no mu ne afie mu ma tɔ.
14 and they heap them up together, and the land stinks.
Wɔboaboaa mponkyerɛne a wɔawuwuo no ano akuo akɛseakɛseɛ maa ɔman no mu bɔn yie.
15 And Pharaoh sees that there has been a respite, and he has hardened his heart, and has not listened to them, as YHWH has spoken.
Nanso, Farao hunuu sɛ mponkyerɛne no kɔ no, ɔsane pirim nʼakoma bio enti wamma nnipa no ankɔ sɛdeɛ Awurade aka ato hɔ no.
16 And YHWH says to Moses, “Say to Aaron, Stretch out your rod, and strike the dust of the land, and it has become gnats in all the land of Egypt.”
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa ne poma no mmɔ mfuturo na ɛbɛdane ntontom ahyɛ Misraim asase no so ma tɔ.”
17 And they do so, and Aaron stretches out his hand with his rod, and strikes the dust of the land, and the gnats are on man and on beast; all the dust of the land has been gnats in all the land of Egypt.
Enti, Mose ne Aaron yɛɛ deɛ Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no maa ntontom bɛhyɛɛ ɔman mu no ne mu nnipa ne wɔn nyɛmmoa so ma tɔ.
18 And the enchanters do so with their secrets, to bring out the gnats, and they have not been able, and the gnats are on man and on beast;
Nkonyaayifoɔ no pɛɛ sɛ wɔn nso de wɔn nyankomadeɛ yɛ saa ara, nanso wɔantumi.
19 and the enchanters say to Pharaoh, “It [is] the finger of God”; and the heart of Pharaoh is strong, and he has not listened to them, as YHWH has spoken.
Nkonyaayifoɔ no kyerɛɛ Farao sɛ, “Yei deɛ, Onyankopɔn nsa wɔ mu.” Nanso, Farao pirim nʼakoma enti wantie wɔn sɛdeɛ Awurade aka ato hɔ no.
20 And YHWH says to Moses, “Rise early in the morning, and station yourself before Pharaoh, behold, he is going out to the waters, and you have said to him, Thus said YHWH: Send My people away, and they serve Me;
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɔre anɔpatutuutu kɔhyia Farao na sɛ ɔrebɛdware asubɔnten no mu a, woaka akyerɛ no sɛ, ‘Awurade se: Ma me nkurɔfoɔ nkɔsom me.
21 for if you are not sending My people away, behold, I am sending against you, and against your servants, and against your people, and against your houses, the beetle, and the houses of the Egyptians have been full of the beetle, and also the ground on which they are.
Na sɛ wantie a, mɛma nwansena agye Misraim afa. Mo afie mu ne asase no nyinaa bɛyɛ nwansena manyamanya.
22 And I have separated in that day the land of Goshen, in which My people are staying, that the beetle is not there, so that you know that I [am] YHWH in the midst of the land,
“‘Na nsonsonoeɛ kɛseɛ bɛda ɛha ne Gosen asase a Israelfoɔ no te so no ntam, ɛfiri sɛ, nwansena biara renkɔ hɔ. Na ɛbɛma woahunu sɛ, me Awurade mewɔ tumi wɔ Misraim asase yi so.
23 and I have put a division between My people and your people; this sign is tomorrow.”
Na mɛma wo nkurɔfoɔ ho ada nso afiri me nkurɔfoɔ ho. Ɔkyena nko ara nsɛm a maka yi nyinaa bɛba mu.’”
24 And YHWH does so, and the grievous beetle enters the house of Pharaoh, and the house of his servants, and in all the land of Egypt the land is corrupted from the presence of the beetle.
Awurade yɛɛ deɛ ɔkaeɛ no, enti nwansena bɛbu faa ɔman no so maa ebi kɔhyɛɛ Farao ahemfie ne Misraim afie nyinaa mu ma tɔ.
25 And Pharaoh calls to Moses and to Aaron and says, “Go, sacrifice to your God in the land”;
Farao hunuu saa no, ntɛm ara, ɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛyɛ, monkɔbɔ afɔdeɛ mma mo Onyankopɔn, nanso mommɔ saa afɔdeɛ no wɔ ɔman yi ara mu. Monnkɔ ɛserɛ so.”
26 and Moses says, “[It is] not right to do so—for us to sacrifice the abomination of the Egyptians to our God YHWH; behold, we sacrifice the abomination of the Egyptians before their eyes—and they do not stone us!
Nanso Mose kaa sɛ, “Saa deɛ, ɛrenyɛ yie. Yɛn afɔdeɛ a yɛbɔ ma Awurade yɛn Onyankopɔn no yɛ Misraimfoɔ akyiwadeɛ, enti sɛ yɛbɔ saa afɔdeɛ no wɔ ha a, wɔbɛkum yɛn.
27 We go a journey of three days into the wilderness and have sacrificed to our God YHWH as He says to us.”
Ɛsɛ sɛ yɛtu nnansa ɛkwan kɔ ɛserɛ so, na yɛkɔbɔ afɔdeɛ ma Awurade, yɛn Onyankopɔn, sɛdeɛ wakyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no.”
28 And Pharaoh says, “I send you away, and you have sacrificed to your God YHWH in the wilderness, only do not go very far off; make supplication for me”;
Farao kaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛma mo ɛkwan akɔ ɛserɛ so akɔbɔ afɔdeɛ, na mmom, monnkɔ akyiri. Monka mo ho na monkɔkoto nsrɛ Awurade, mo Onyankopɔn mma me.”
29 and Moses says, “Behold, I am going out from you, and have made supplication to YHWH, and tomorrow the beetle has turned aside from Pharaoh, from his servants, and from his people; only, do not let Pharaoh add to deceive in not sending the people away to sacrifice to YHWH.”
Mose kaa sɛ, “Sɛ me firi ha pɛ a, mɛbɔ Awurade mpaeɛ na ɔkyena nwansena bebrebe no ase bɛtɔre wɔ wo, wo mpanimfoɔ ne wo nkurɔfoɔ mu. Nanso, merebɔ wo kɔkɔ sɛ, hwɛ na woanhyɛ bɔ sɛ wobɛma nnipa no akɔ na akyire yi, woasesa wʼadwene.”
30 And Moses goes out from Pharaoh, and makes supplication to YHWH,
Enti, Mose firii Farao nkyɛn kɔsrɛɛ Awurade sɛ, ɔntɔre nwansena no nyinaa ase.
31 and YHWH does according to the word of Moses, and turns aside the beetle from Pharaoh, from his servants, and from his people—there has not been one left;
Na Awurade yɛɛ Mose abisadeɛ no, tɔree nwansena no nyinaa ase.
32 and Pharaoh also hardens his heart at this time, and has not sent the people away.
Nanso, Farao sane pirim nʼakoma, enti wamma nnipa no ankɔ.

< Exodus 8 >