< Deuteronomy 9 >

1 “Hear, O Israel: You are passing over the Jordan today to go in to possess nations greater and mightier than yourself, cities great and fortified up to the heavens,
Israel, muntie: Morekotwa Yordan na moawura mu akogye aman a ɛsoso na wɔwɔ ahoɔden kyɛn mo na wɔwɔ nkuropɔn akɛse wɔ mu na wɔn afasu kɔka sorosoro no, agyapade.
2 a people great and tall, sons of Anakim, whom you have known, and [of whom] you have heard: Who stations himself before sons of Anak?
Nnipa no wɔ ahoɔden na wɔwoware; Anakfo! Moate wɔn nka na moate sɛ wɔka se, “Hena na obetumi ne Anakfo agyina?”
3 And you have known today that your God YHWH [is] He who is passing over before you [as] a consuming fire; He destroys them, and He humbles them before you, and you have dispossessed them, and destroyed them quickly, as YHWH has spoken to you.
Nanso merehyɛ mo ase nnɛ sɛ, Awurade, mo Nyankopɔn, na ɔredi mo anim te sɛ ogyaframa a ɛresɛe ade. Ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase wɔ mo anim. Na moapam wɔn na moatɔre wɔn ase ntɛm pa ara sɛnea Awurade hyɛɛ mo bɔ no.
4 You do not speak in your heart (in your God YHWH’s driving them away from before you), saying, In my righteousness YHWH has brought me in to possess this land; but in YHWH dispossessing these nations from your presence, [it is because of] their being wicked.
Sɛ Awurade, mo Nyankopɔn, tu wɔn gu a, monnka wɔ mo koma mu se, “Esiane yɛn trenee nti na Awurade de saa asase yi ama yɛn.” Dabi, ɛyɛ aman no amumɔyɛsɛm nti na Awurade redi mo anim apam wɔn.
5 [It is] not in your righteousness and in the uprightness of your heart [that] you are going in to possess their land, but in YHWH dispossessing these nations from your presence, [it is because of] their being wicked, and in order to establish the word which YHWH has sworn to your fathers, to Abraham, to Isaac, and to Jacob;
Ɛnyɛ sɛ moyɛ atreneefo ne nokwafo nti na morekɔfa wɔn asase no; mmom, efi wɔn amumɔyɛ nti, Awurade, mo Nyankopɔn, bɛpam saa aman yi adi mo anim de ahyɛ ntam a wadi kan aka akyerɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no ma.
6 and you have known that [it is] not in your righteousness [that] your God YHWH is giving this good land to you to possess it, for you [are] a people stiff of neck.
Monte ase sɛ, ɛnyɛ sɛ moyɛ atreneefo nti na Awurade, mo Nyankopɔn, de saa asase pa yi rema mo. Moyɛ ɔman a asoɔden ahyɛ mo ma.
7 Remember [and] do not forget that [with] which you have made your God YHWH angry in the wilderness; from the day that you have come out of the land of Egypt until your coming to this place, you have been rebellious against YHWH;
Monkae eyi na mommma mo werɛ mmfi sɛnea mohyɛɛ Awurade, mo Nyankopɔn abufuw wɔ sare so hɔ no. Efi bere a mutu fii Misraim besi sɛ muduu ha yi, moakɔ so atew Awurade anim atua.
8 even in Horeb you have made YHWH angry, and YHWH shows Himself angry against you—to destroy you.
Mohyɛɛ Awurade abufuw wɔ Horeb a anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe mo.
9 In my going up into the mountain to receive the tablets of stone (tablets of the covenant which YHWH has made with you), then I abide on the mountain forty days and forty nights; I have not eaten bread and I have not drunk water;
Mekɔɔ bepɔw no so sɛ merekogye abo kyerɛwpon a na wɔakyerɛw apam a na Awurade ne mo apam no agu so no, metenaa hɔ nnafua aduanan, mannidi na mannom.
10 and YHWH gives to me the two tablets of stone written with the finger of God, and on them [is] according to all the words which YHWH has spoken with you on the mountain, out of the midst of the fire, in the day of the assembly.
Awurade de apam a ɛwɔ abo kyerɛwpon a Onyankopɔn ankasa akyerɛw nsɛm a ofi ogya a ɛwɔ bepɔw no so no mu ka kyerɛɛ mo no nyinaa maa me.
11 And it comes to pass, at the end of forty days and forty nights, YHWH has given the two tablets of stone to me—tablets of the covenant.
Na awia ne anadwo adaduanan no baa awiei no, Awurade de abo pon abien a wɔakyerɛw apam no wɔ so no maa me.
12 Then YHWH says to me, Rise, go down, hurry from here, for your people whom you have brought out of Egypt have done corruptly; they have quickly turned aside from the way which I have commanded them—they have made a molten thing for themselves!
Afei, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Sian fi ha ntɛm kɔ, efisɛ nnipa a wudii wɔn anim fi Misraim no adan abɔnefo. Wɔaman afi ahyɛde a memaa wɔn no ho na wɔayɛ ohoni afa.”
13 And YHWH speaks to me, saying, I have seen this people, and behold, it [is] a people stiff of neck.
Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Mahwɛ saa nnipa yi ara ahu sɛ, wɔn aso yɛ den pa ara.
14 Desist from Me, and I destroy them, and blot out their name from under the heavens, and I make you become a nation more mighty and numerous than it.
Ma me kwan na mensɛe na mempepa wɔn din mfi ɔsoro ase. Na menam so mayɛ wʼasefo ɔman kɛse; ɔman a ɛso na ɛwɔ ahoɔden sen sɛnea ɛte nnɛ yi.”
15 And I turn and come down from the mountain, and the mountain is burning with fire, and the two tablets of the covenant [are] on my two hands,
Enti misian fii ogya bepɔw no so a na mikura abo apon abien a apam no wɔ so no.
16 and I see, and behold, you have sinned against your God YHWH; you have made a molten calf for yourselves; you have quickly turned aside from the way which YHWH has commanded you.
Mehwɛe no, mihuu sɛ moayɛ bɔne atia Awurade, mo Nyankopɔn; Moagu nantwi ba sɛso honi ama mo ho. Moaman afi Awurade kwan a ɔkyerɛɛ mo sɛ momfa so no so ntɛm.
17 And I lay hold on the two tablets, and cast them out of my two hands, and break them before your eyes,
Enti memaa ɔbo apon no so kɔɔ soro na metow hwee fam. Mibubuu no wɔ mo anim.
18 and I throw myself before YHWH, as at first, [for] forty days and forty nights; I have not eaten bread and I have not drunk water, because of all your sins which you have sinned by doing evil in the eyes of YHWH, to make Him angry.
Afei, medaa Awurade anim awia ne anadwo adaduanan a manni brodo, annom nsu. Meyɛɛ eyi, efisɛ sɛ moayɛ ade a Awurade kyi nti, moayɛ bɔne na ɛnam so ama ne bo afuw yiye.
19 For I have been afraid because of the anger and the fury with which YHWH has been angry against you, to destroy you; and YHWH also listens to me at this time.
Misuroo Awurade abufuw ne so asotwe, efisɛ na ne bo afuw yiye a obetumi asɛe mo. Nanso, otiee me bio.
20 And YHWH has showed Himself very angry with Aaron, to destroy him, and I also pray for Aaron at that time.
Na Awurade bo fuw Aaron a na anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe no. Nanso mebɔɔ mpae maa Aaron nso.
21 And I have taken your sin, the calf which you have made, and I burn it with fire, and beat it, grinding well until it [is] small as dust, and I cast its dust into the brook which is going down out of the mountain.
Mefaa mo bɔne, nantwi ba a moayɛ no, na menan no wɔ gya mu yam no muhumuhu. Metow ne mfutuma no guu asuwa bi a ɛsen fi bepɔw no mu no mu.
22 And in Taberah, and in Massah, and in Kibroth-Hattaavah, you have been making YHWH angry;
Mohyɛɛ Awurade abufuw wɔ Tabera, Masa ne Kibrot-Hataawa nso.
23 also in YHWH’s sending you from Kadesh-Barnea, saying, Go up and possess the land which I have given to you; then you provoke the mouth of your God YHWH, and have not given credence to Him, nor listened to His voice.
Kades-Barnea nso, Awurade somaa mo wɔ saa ɔhyɛ yi so se, “Monkɔ soro hɔ nkɔfa asase a mede ama mo no.” Nanso mubuu Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛde so na moamfa mo ho anto no so antie nʼasɛm.
24 You have been rebellious against YHWH from the day of my knowing you.
Efi bere a mihuu mo no, daa mosɔre tia Awurade.
25 And I throw myself before YHWH—the forty days and the forty nights when I had thrown myself—because YHWH has commanded to destroy you;
Ɛno nti na bere a Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe mo no, mekɔdaa nʼanim awia ne anadwo nnafua aduanan no.
26 and I pray to YHWH, and say, Lord YHWH, do not destroy Your people and Your inheritance whom You have ransomed in Your greatness, whom You have brought out of Egypt with a strong hand;
Mebɔɔ mpae srɛɛ Awurade se, “Otumfo Awurade, nsɛe wo man ne wʼagyapade a wode wo kɛseyɛ agye asi hɔ na wode wo nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afi Misraim no.
27 be mindful of Your servants, of Abraham, of Isaac, and of Jacob; do not turn to the stiffness of this people, and to its wickedness, and to its sin,
Yi wʼani fi saa nnipa yi komapirim ne asoɔden ne wɔn bɔne so na kae wo nkoa Abraham, Isak ne Yakob.
28 lest the land from which You have brought us out says, Because of YHWH’s want of ability to bring them into the land of which He has spoken to them, and because of His hating them, He brought them out to put them to death in the wilderness.
Anyɛ saa a, Misraimfo no bɛka se, ‘Awurade sɛee wɔn, efisɛ wantumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so. Anaasɛ nso, wɔbɛka se, ɔsɛee wɔn, efisɛ ɔtan wɔn; ɔde wɔn baa sare so sɛ ɔrekokunkum wɔn.’
29 And they [are] Your people and Your inheritance, whom You have brought out by Your great power and by Your outstretched arm!”
Nanso wɔyɛ wo nkurɔfo ne wʼagyapade a wonam tumi a ɛso ne wʼabasa a woatrɛw mu so yii wɔn.”

< Deuteronomy 9 >