< Deuteronomy 10 >
1 “At that time YHWH has said to me, Hew two tablets of stone for yourself like the first, and come up to Me into the mountain, and you have made an ark of wood for yourself,
Saa bere no, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Twa abo apon no abien te sɛ kan de no na foro bra me nkyɛn wɔ bepɔw no so. Afei, yɛ dua adaka a wobɛkora wɔ mu.
2 and I write on the tablets the words which were on the first tablets, which you have broken, and you have placed them in the Ark.
Mɛkyerɛw nsɛm a mekyerɛw guu abo apon abien a edi kan a wububuu mu no bi pɛpɛɛpɛ agu so. Na fa hyɛ adaka no mu.”
3 And I make an ark of shittim wood, and hew two tablets of stone like the first, and go up to the mountain with the two tablets in my hand.
Na mede dua ɔkanto yɛɛ adaka, sen abo apon abien sɛ kan de no, na meforoo bepɔw no a na mikura apon abien no.
4 And He writes on the tablets according to the first writing, the Ten Commandments, which YHWH has spoken to you in the mountain, out of the midst of the fire, in the day of the assembly, and YHWH gives them to me,
Awurade kyerɛw nsɛm a wakyerɛw bi dedaw, Mmaransɛm Du, a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ mo fi ogya mu wɔ bepɔw no so wɔ mo nhyiamu ase no guu apon no so. Na Awurade de maa me.
5 and I turn and come down from the mountain, and put the tablets in the Ark which I had made, and they are there, as YHWH commanded me.
Na misan fii bepɔw no so na mede abo apon no bɛhyɛɛ adaka a mayɛ no mu sɛnea Awurade hyɛɛ me sɛ menyɛ no, na ɛwɔ hɔ besi nnɛ.
6 And the sons of Israel have journeyed from Beeroth of the sons of Jaakan to Mosera; Aaron died there, and he is buried there, and his son Eleazar acts as priest in his stead.
Na Israelfo tu fii Beerot-Bene-Yaakan mmura ho kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wu ma wosiee no. Aaron babarima Eleasar sii nʼanan mu dii sɔfo.
7 From there they journeyed to Gudgodah, and from Gudgodah to Jotbathah, a land of brooks of water.
Wofi hɔ tu kɔɔ Gudgod. Wofi Gudgod no, wɔkɔɔ Yotbata, asase a nsuten pii wɔ so.
8 At that time YHWH has separated the tribe of Levi to carry the Ark of the Covenant of YHWH, to stand before YHWH, to serve Him, and to bless in His Name to this day;
Ɛhɔ na Awurade yii Lewifo abusuakuw sɛ wɔnsoa Awurade apam adaka no na wonnyina Awurade anim nsom no na wɔmfa ne din so nhyira, sɛnea wɔyɛ no nnɛ yi.
9 therefore there has not been a portion and inheritance for Levi with his brothers; YHWH Himself [is] his inheritance, as your God YHWH has spoken to him.
Ɛno nti na Lewifo no nni agyapade wɔ wɔn mfɛfo Israelfo no mu no. Awurade no ankasa ne wɔn agyapade sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn, ka kyerɛɛ wɔn no.
10 And I have stood in the mountain, as the former days, [for] forty days and forty nights, and YHWH also listens to me at that time; YHWH has not willed to destroy you.
Na metenaa bepɔw no so wɔ Awurade anim adaduanan, awia ne anadwo sɛnea meyɛɛ kan no. Na Awurade tiee me bio. Na ɛnyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛsɛe mo.
11 And YHWH says to me, Rise, go to journey before the people, and they go in and possess the land which I have sworn to their fathers to give to them.
Awurade ka kyerɛɛ me se, “Sɔre na di nnipa no anim fa wɔn kɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no so na wɔmfa no sɛ agyapade.”
12 And now, O Israel, what is your God YHWH asking from you, except to fear your God YHWH, to walk in all His ways, and to love Him, and to serve your God YHWH with all your heart and with all your soul,
Na afei, Israel, dɛn na Awurade, mo Nyankopɔn, hwehwɛ afi mo nkyɛn? Ɔhwehwɛ sɛ musuro no na moyɛ nʼapɛde, na mode mo koma ne mo kra nyinaa dɔ no na mosom no,
13 to keep the commands of YHWH, and His statutes which I am commanding you today, for good for you?
na mudi Awurade ahyɛde ne ne mmara a mede rema mo nnɛ yi so, na asi mo yiye.
14 Behold, the heavens, even the heavens of the heavens, [belong] to your God YHWH, [as does] the earth and all that [is] in it.
Ɔsorosoro mu soro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, de.
15 Only, YHWH has delighted in your fathers, to love them, and He fixes on their seed after them—on you, out of all the peoples, as [at] this day.
Nanso Awurade nyaa abadae maa mo agyanom na ɔdɔ wɔn, na ɔpaw mo a moyɛ wɔn asefo gyaa aman nyinaa sɛnea ɛte nnɛ yi.
16 And you have circumcised the foreskin of your heart, and you do not harden your neck anymore.
Ɛno nti, monhohoro mo koma mu bɔne na munnyae asoɔden no.
17 For He, your God YHWH, [is] God of the gods and Lord of the lords—the great, the mighty, and the fearful God, who does not accept by appearances, nor takes a bribe;
Na Awurade, mo Nyankopɔn, yɛ ahene mu hene ne anyame mu nyame. Ɔyɛ Onyankopɔn kɛse, otumfo ne ɔnwonwani a ɔnkyea nʼaso na onnye adanmude nso.
18 He is doing the judgment of fatherless and widow, and loving the sojourner, to give bread and raiment to him.
Ɔko ma nyisaa ne akunafo, na ɔdɔ ahɔho a wɔte mo mu. Ɔma wɔn aduan ne ntama.
19 And you have loved the sojourner, for you were sojourners in the land of Egypt.
Mo nso, ɛsɛ sɛ modɔ ahɔho, efisɛ bere bi na mo ankasa nso yɛ ahɔho wɔ Misraim asase so.
20 You fear your God YHWH, you serve Him, and you cleave to Him, and you swear by His Name.
Munsuro Awurade, mo Nyankopɔn, na mosom no. Moka mo ho mmata ne ho, na mo ntam a moka nyɛ ne din nko ara.
21 He [is] your praise, and He [is] your God, who has done these great and fearful [things] with you which your eyes have seen.
Ɔyɛ mo Nyankopɔn a ɛsɛ sɛ mokamfo no. Ɔno na wayɛ anwonwade akɛse a mo nyinaa ahu bi.
22 Your fathers went down to Egypt with seventy persons, and now your God YHWH has made you as [the] stars of the heavens for multitude.”
Na mo agyanom a wɔkɔɔ Misraim no nyinaa dodow yɛ aduɔson. Nanso afei, Awurade, mo Nyankopɔn no ama mo ase adɔ te sɛ soro nsoromma.