< 2 Kings 25 >

1 And it comes to pass, in the ninth year of his reign, in the tenth month, on the tenth of the month, Nebuchadnezzar king of Babylon has come, he and all his force, against Jerusalem, and encamps against it, and builds a surrounding fortification against it.
Ɔsram Tebet (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) da a ɛto so dunum wɔ Sedekia ahenni mfe akron so no, ɔhene Nebukadnessar dii nʼakofo nyinaa anim, bɛko tiaa Yerusalem. Wotwaa kuropɔn no ho hyiae. Wɔbobɔɔ mpampim wɔ kuropɔn no afasu ho.
2 And the city enters into siege until the eleventh year of King Zedekiah.
Wɔkaa Yerusalem hyɛɛ kosii ɔhene Sedekia ahenni no mfe dubaako so.
3 On the ninth of the month, when the famine is severe in the city, then there has not been bread for the people of the land.
Eduu Tammus ɔsram (bɛyɛ Kitawonsa) da a ɛto so dunwɔtwe no, Sedekia ahenni mfe dubaako mu no, na ɔkɔm a aba kuropɔn no mu no ano ayɛ den yiye, ama wɔn aduan a aka no nyinaa asa.
4 And the city is broken up, and all the men of war [go] by night the way of the gate, between the two walls that [are] by the garden of the king, and the Chaldeans [are] against the city all around, and [the king] goes the way of the plain.
Na kuropɔn no fasu fa bi abu agu fam nti, asraafo no nyinaa yɛɛ adwene sɛ, wobeguan afi kuropɔn no mu. Nanso esiane sɛ na Babiloniafo atwa kuropɔn no ho ahyia nti, wɔtwɛn kosii anadwo, na woguan faa ɔpon a ɛda afasu abien a ɛwɔ ɔhene no nturo no mu mu. Wɔyɛɛ ntɛm faa wuramkwan de wɔn ani kyerɛɛ Yordan bon no.
5 And the force of the Chaldeans pursue after the king, and overtake him in the plains of Jericho, and all his force have been scattered from him;
Nanso Babiloniafo no tiw wɔn, kɔkyeree ɔhene no wɔ Yeriko tataw so, efisɛ na ne mmarima no nyinaa aguan agya no saa bere no.
6 and they seize the king, and bring him up to the king of Babylon, to Riblah, and they speak judgment with him.
Wɔde no brɛɛ Babiloniahene wɔ Ribla ma wobuu no atɛn.
7 And they have slaughtered the sons of Zedekiah before his eyes, and he has blinded the eyes of Zedekiah, and binds him with bronze chains, and they bring him to Babylon.
Babiloniahene maa Sedekia de nʼani kann hwɛɛ sɛ, wɔrekunkum ne mmabarima nyinaa. Afei, wotutuu Sedekia ani, de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na wɔde no kɔɔ Babilonia.
8 And in the fifth month, on the seventh of the month (it [is] the nineteenth year of King Nebuchadnezzar king of Babylon), Nebuzaradan chief of the executioners, servant of the king of Babylon, has come to Jerusalem,
Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da ɛto so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfe dunkron adedi mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin a ɔyɛ Babiloniahene mpanyimfo no mu baako no kɔɔ Yerusalem.
9 and he burns the house of YHWH, and the house of the king, and all the houses of Jerusalem, indeed, he has burned every great house with fire;
Ɔde ogya too Awurade asɔredan, ahemfi ne afi a ɛwɔ Yerusalem nyinaa mu. Ɔhyew ofi biara a edi mu.
10 and all the forces of the Chaldeans, who [are] with the chief of the executioners, have broken down the walls of Jerusalem all around.
Awɛmfo so panyin no hwɛ maa Babilonia asraafo no bubuu Yerusalem afasu no.
11 And the rest of the people, those left in the city, and those falling who have fallen to the king of Babylon, and the rest of the multitude, Nebuzaradan chief of the executioners has removed;
Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin no kyekyeree wɔn a wɔkaa wɔ kuropɔn no mu no, twaa wɔn ne nnipa a aka no ne asraafo a wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔtaa Babiloniahene akyi no asu.
12 and of the poor of the land the chief of the executioners has left for vinedressers and for farmers.
Na awɛmfo so panyin no maa mmɔborɔfo no mu bi tenaa Yuda, sɛ wɔnhwɛ bobe mfuw ne mfuw foforo a ɛka ho no so.
13 And the pillars of bronze that [are] in the house of YHWH, and the bases, and the sea of bronze, that [is] in the house of YHWH, the Chaldeans have broken in pieces, and carry away their bronze to Babylon.
Babiloniafo no bubuu kɔbere mfrafrae afadum, nnyinasode a wotumi moma so ne kɔbere mfrafrae Po a na ɛwɔ Awurade asɔredan mu, na wɔde kɔbere mfrafrae no nyinaa kɔɔ Babilonia.
14 And the pots, and the shovels, and the snuffers, and the spoons, and all the vessels of bronze with which they minister, they have taken;
Wɔtasee nkuku, sofi, akanea adabaw, nsanka ne kɔbere mfrafrae nneɛma ahorow a wɔde di wɔn afɔrebɔ ho dwuma wɔ Asɔredan no mu no nyinaa.
15 and the fire-pans, and the bowls that [are] wholly of silver, the chief of the executioners has taken.
Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin no san tasee nkankyee a wɔnoa mu ne nhweaseammɔ ne nkuku ne nkaka nkae a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ no nyinaa.
16 The two pillars, the one sea, and the bases that Solomon made for the house of YHWH, there was no weighing of the bronze of all these vessels;
Kɔbere mfrafrae a wonya fii afadum abien, nsu teaseɛnam ne Po no mu no, na emu yɛ duru dodo sɛ wobetumi akari. Ɔhene Salomo bere so na ɔyɛɛ saa nneɛma yi guu Awurade Asɔredan mu.
17 eighteen cubits [is] the height of the one pillar, and the capital on it [is] of bronze, and the height of the capital [is] three cubits, and the net and the pomegranates [are] on the capital all around—the whole [is] of bronze; and the second pillar has like these, with the net.
Na afadum no mu biara sorokɔ yɛ anammɔn aduonu ason. Kɔbere mfrafrae no ntaaso a ɛdeda afadum no mu biara so no sorokɔ yɛ anammɔn ason ne fa a wɔde kɔbere mfrafrae no ara bi a ɛyɛ ɔtan sɛso ne atoa aba sɛso, atwa ho nyinaa ahyia de asiesie no. Na ɔfadum a ɛka ho no siesiebea ne no sesɛ.
18 And the chief of the executioners takes Seraiah the head priest, and Zephaniah the second priest, and the three keepers of the threshold;
Awɛmfo no sahene no faa ɔsɔfopanyin Seraia, abediakyiri Sefania ne ɔponanoahwɛfo baasa no nnommum.
19 and he has taken out of the city a certain eunuch who is appointed over the men of war, and five men of those seeing the king’s face who have been found in the city, and the head scribe of the host who musters the people of the land, and sixty men of the people of the land who are found in the city;
Ɔfaa ɔpanyin a otua asraafo no ano, ne adehye afotufo baason fii nnipa a na wɔda so wɔ kuropɔn no mu no mu. Afei ɔfaa ɔkyerɛwfo a na ɔyɛ adwumayɛfo panyin ma wɔn a wɔfa nnipa ma wɔkɔyɛ asraafo wɔ asase no so, ne nʼadwumayɛfo no mu aduosia a ohuu wɔn wɔ kuropɔn no mu no.
20 and Nebuzaradan chief of the executioners takes them, and causes them to go to the king of Babylon, to Libnah,
Ɔsahene Nebusaradan de wɔn nyinaa kɔɔ Babiloniahene anim wɔ Ribla.
21 and the king of Babylon strikes them, and puts them to death in Riblah, in the land of Hamath, and he removes Judah from off its land.
Ɔhene no ma wokunkum wɔn wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat. Enti wotwaa Yuda asu fii nʼasase so.
22 And the people that are left in the land of Judah whom Nebuchadnezzar king of Babylon has left—he appoints Gedaliah son of Ahikam, son of Shaphan, over them.
Ɔhene Nebukadnessar yii Ahikam babarima Gedalia a na ɔyɛ Safan nena sɛ amrado a na ɔhwɛ nnipa a wɔkaa wɔ Yuda no so.
23 And all the heads of the forces hear—they and the men—that the king of Babylon has appointed Gedaliah, and they come to Gedaliah, to Mizpah, even Ishmael son of Nethaniah, and Johanan son of Kareah, and Seraiah son of Tanhumeth the Netophathite, and Jaazaniah son of the Maachathite—they and their men;
Bere a asraafodɔm so asahene ne wɔn mmarima tee sɛ Babiloniahene asi Gedalia amrado no, wɔkɔkaa ne ho wɔ Mispa. Nnipa a wɔkɔkaa ne ho no ne Netania babarima Ismael, Karea babarima Yohanan, Tanhumet a ofi Netofa babarima Seraia ne Maakatni babarima Yaasania ne wɔn mmarima nyinaa.
24 and Gedaliah swears to them and to their men, and says to them, “Do not be afraid of the servants of the Chaldeans, dwell in the land and serve the king of Babylon, and it is good for you.”
Gedalia dii nsew, kyerɛɛ wɔn sɛ, Babilonia mpanyimfo no amma hɔ ɔhaw so. Otuu wɔn fo se, “Munnsuro sɛ mobɛsom Babiloniafo. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ebesi mo yiye.”
25 And it comes to pass, in the seventh month, Ishmael son of Nathaniah has come, son of Elishama of the seed of the kingdom, and ten men with him, and they strike Gedaliah, and he dies, and the Jews and the Chaldeans who have been with him in Mizpah.
Tisri ɔsram (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) no mpaemu wɔ saa afe no mu no, Netania babarima Ismael a ɔyɛ Elisama nena a na ofi adehye abusua mu no de mmarima du kɔɔ Mispa, kokum Gedalia ne nnipa a na wɔka ne ho a wɔyɛ Yudafo ne Babiloniafo no nyinaa.
26 And all the people rise, from small even to great, and the heads of the forces, and come to Egypt, for they have been afraid of the presence of the Chaldeans.
Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa, efi akumaa so, kosi ɔkɛse so ne asraafodɔm asahene bɔɔ huboa, na woguan kɔɔ Misraim, efisɛ na wosuro sɛ Babiloniafo no bɛyɛ wɔn biribi.
27 And it comes to pass, in the thirty-seventh year of the expulsion of Jehoiachin king of Judah, in the twelfth month, on the twenty-seventh of the month, Evil-Merodach king of Babylon has lifted up, in the year of his reigning, the head of Jehoiachin king of Judah, out of the house of restraint,
Ɔhene Yehoiakyin dii mfe aduasa ason wɔ nʼasutwa mu wɔ Babilonia no, Ewil-Merodak bedii Babiloniahene. Ohuu Yehoiakyin mmɔbɔ, enti oyii no fii afiase saa afe no ara mu Adar ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so abien.
28 and speaks good things with him and puts his throne above the throne of the kings who [are] with him in Babylon,
Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no dibea a ɛwɔ anuonyam sen ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no de.
29 and has changed the garments of his restraint, and he has eaten bread continually before him all [the] days of his life,
Enti Yehoiakin yii nʼafiase ntade guu nkyɛn, na efi saa da no odidii wɔ ɔhene didipon so bere biara, kosii ne wuda.
30 and his allowance—a continual allowance—has been given to him from the king, the matter of a day in its day, all [the] days of his life.
Na Babiloniahene no san maa Yehoiakin sika bere ano bere ano, ma ɔde tuatua ne ho aka, kosii ne wuda.

< 2 Kings 25 >