< Psalms 66 >

1 “To the chief musician, a song or psalm.” Shout joyfully unto God, all ye lands:
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Asase nyinaa momfa ahosɛpɛ nteam mma Onyankopɔn!
2 Sing forth the glory of his name; make glorious his praise.
Monto ne din animuonyamhyɛ ho dwom; momma nʼayɛyie nyɛ animuonyamhyɛ!
3 Say unto God, How fear-inspiring is every one of thy works! through the greatness of thy strength will thy enemies yield feigned obedience unto thee.
Monse Onyankopɔn sɛ, “Wo nneyɛɛ yɛ nwanwa wo tumi so na wʼatamfoɔ nyinaa de suro koto wʼanim.
4 All the lands shall bow themselves down unto thee, and shall sing praises unto thee; they shall sing praises to thy name. (Selah)
Asase nyinaa koto wo; wɔto ayɛyi dwom ma wo, wɔto dwom kamfo wo din.”
5 Come and see the deeds of God: fear-inspiring is his doing toward the children of men.
Mommra mmɛhwɛ deɛ Onyankopɔn ayɛ; anwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu.
6 He changed the sea into dry land: through the river they went on foot: there did we rejoice in him.
Ɔmaa ɛpo yɛɛ asase kesee; wɔnante twaa asuo no. Mommra na yɛnni ahurisie wɔ ne mu.
7 He ruleth by his might for ever; his eyes look upon the nations: the rebellious—these shall not be exalted. (Selah)
Ɔde ne tumi di ɔhene daa daa, na ɔde nʼani nso hwɛ aman so. Mma atuatefoɔ nsɔre ntia no.
8 Bless, O ye people, our God, and cause the voice of his praise to be heard:
Ao aman nyinaa, monhyira yɛn Onyankopɔn, momma wɔnte mo nkamfo no nnyegyeɛ.
9 Who hath appointed our soul to life, and hath not suffered our foot to slip.
Wahwɛ yɛn nkwa so na wamma yɛn nan anwatiri.
10 For thou hast proved us, O God: thou hast refined us, as silver is refined.
Na wo, Ao Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛeɛ; na wohoaa yɛn ho sɛ dwetɛ.
11 Thou hast brought us into the net; thou hast placed fetters upon our loins.
Wode yɛn kɔguu nneduadan mu na wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi.
12 Thou hast caused men to ride on our head: we entered into fire and into water; but thou broughtest us out to [the enjoyment] of overflowing plenty. a
Womaa yɛn atamfoɔ twi faa yɛn so; yɛfaa ogya ne nsuo mu, nanso wode yɛn baa baabi a nnepa abu so.
13 I will enter thy house with burnt-offerings: I will pay unto thee my vows,
Mede ɔhyeɛ afɔdeɛ bɛba wʼasɔredan mu na madi ɛbɔ a mahyɛ wo no so,
14 Which my lips have uttered, and my mouth hath spoken, when I was in distress.
ɛbɔ a mʼano fafa hyɛeɛ na mʼano kaaeɛ ɛberɛ a na mewɔ ɔhaw mu no.
15 Burnt-offerings of fatlings will I offer up unto thee, with the incense of rams; I will prepare steers with he-goats. (Selah)
Mede mmoa a wɔadɔ sradeɛ bɛbɔ afɔdeɛ ama wo nnwennini ayɛyɛdeɛ; mede anantwinini ne mpapo bɛbɔ afɔdeɛ.
16 Come, hear, and I will relate, all ye that fear God, what he hath done for my soul.
Mommra mmɛtie, mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa; momma menka deɛ wayɛ ama me nkyerɛ mo.
17 Unto him I cried with my mouth, and a song of extolling was on my tongue.
Mede mʼano su frɛɛ no; na me tɛkrɛma yii no ayɛ.
18 If I had looked on wickedness with my heart, the Lord would not have heard;
Sɛ mede bɔne hyɛɛ mʼakomam a, anka Awurade antie me.
19 But verily God hath heard; he hath listened to the voice of my prayer.
Nanso, nokorɛm, Onyankopɔn atie me, wate me mpaeɛbɔ.
20 Blessed be God, who hath not removed my prayer [from him], nor his kindness from me.
Nhyira nka Onyankopɔn, a wampo me mpaeɛbɔ na wanyi nʼadɔeɛ amfiri me so.

< Psalms 66 >